Nnwom 108 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 108:1-13

Dwom 108

Dawid dwom.

1Onyankopɔn, me koma asi pi;

mede me kra nyinaa bɛto wʼayeyi nnwom.

2Munnyan, sanku ne bɛnta!

Menyan anɔpahema.

3Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman mu;

mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa no mu.

4Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro;

wo nokwaredi du wim.

5Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,

na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.

6Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn,

na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

7Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se,

“Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu

na masusuw Sukot Bon.

8Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara;

Efraim yɛ me dade kyɛw,

Yuda yɛ mʼahempema.

9Moab yɛ me guasɛn,

Edom so na metow me mpaboa gu;

na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”

10Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?

Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?

11Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn

na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?

12Boa yɛn tia ɔtamfo no,

na ɔdesani mmoa nka hwee.

13Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim,

na obetiatia yɛn atamfo so.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 108:1-13

第 108 篇

祈求上帝的帮助

大卫的诗歌。

1上帝啊!我的心坚定不移,

我要用心灵歌颂你。

2琴瑟啊,弹奏吧,

我要唤醒黎明。

3耶和华啊,我要在列邦称谢你,

在列国歌颂你。

4因为你的慈爱广及诸天,

你的信实高达穹苍。

5上帝啊,

愿你得到的尊崇超过诸天,

愿你的荣耀覆盖大地。

6求你应允我们的祷告,

伸出右手帮助我们,

使你所爱的人获救。

7上帝在祂的圣所说:

“我要欢然划分示剑,丈量疏割谷。

8基列是我的,玛拿西也是我的,

以法莲是我的头盔,

犹大是我的权杖。

9摩押是我的洗脚盆,

我要把鞋扔给以东

我要在非利士高唱凯歌。”

10谁能带我进入坚固的城池?

谁能领我到以东

11上帝啊,你抛弃了我们吗?

上帝啊,你不再和我们的军队一同出战了吗?

12求你帮助我们攻打仇敌,

因为人的帮助徒然无益。

13我们依靠上帝才能取胜,

祂必把我们的敌人踩在脚下。