Mmebusɛm 1 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 1:1-33

Botae Ne Nsɛmpɔw

1Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:

2Ne botae ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso;

ne sɛ ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu dɔ ase;

3sɛ wobenya akwankyerɛ wɔ abrabɔ pa mu,

a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;

4sɛ ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa

na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,

5anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho,

na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a

6ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu,

anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.

7Awurade suro yɛ nimdeɛ mfiase,

na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.

Nyansapɛ Ho Afotusɛm

Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ

8Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ

na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.

9Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri

ne wo kɔn mu atweaban.

10Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo twetwe wo a,

mma wɔn ho kwan.

11Sɛ wɔka se, “Bra ma yɛnkɔ;

ma yɛnkɔtetɛw na yenkum obi,

ma yɛnkɔtɛw ntwɛn mmɔborɔni bi;

12ma yɛmmemene wɔn anikann sɛ ɔda,

koraa, te sɛ wɔn a wɔkɔ ɔda mu;

13yebenya nneɛma a ɛsom bo ahorow

na yɛde asade ahyɛ yɛn afi ma;

14fa wo ho bɛhyɛ mu,

na wubenya wo kyɛfa wɔ ahonyade no mu.”

15Me ba, wo ne wɔn nnantew,

mfa wo nan nsi wɔn akwan so;

16Wɔn anan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu,

na wɔde ahoɔhare ka mogya gu.

17So nni mfaso sɛ obi besum nnomaafiri

wɔ beae a anomaa biara hu!

18Saa nnipa yi tetɛw pɛ wɔn ankasa mogya;

wɔtetɛw wɔn ankasa wɔn ho!

19Saa na wɔn a wodi akorɔnne akyi no awiei te;

ɛma wɔhwere wɔn nkwa!

Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ

20Nyansa teɛ mu wɔ mmɔnten so,

ɔma ne nne so wɔ aguabɔbea,

21ɔteɛ mu wɔ afasu no atifi,

ɔkasa wɔ kuropɔn no apon ano se,

22“Mo adwenharefo, mobɛyɛ adwenhare akosi da bɛn?

Fɛwdifo bedi fɛw akosi da bɛn?

Nkwaseafo bekyi nimdeɛ akosi da bɛn?

23Sɛ mutiee mʼanimka a,

anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo

ma muhuu me nsusuwii.

24Nanso sɛ muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mo

na amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu,

25sɛ mopoo mʼafotu,

na moampɛ mʼanimka nti,

26me nso mɛserew mo wɔ mo amanehunu mu;

sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, midi mo ho fɛw,

27sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,

na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ mfɛtɛ,

na awerɛhow ne ɔhaw mene mo a,

28“Afei wɔbɛfrɛ me, nanso meremmua;

wɔbɛhwehwɛ me, nanso wɔrenhu me.

29Esiane sɛ wokyii nimdeɛ

na wɔampɛ sɛ wobesuro Awurade,

30sɛ wɔpoo mʼafotu,

na wobuu me nteɛso animtiaa nti,

31wobedi wɔn akwan so aba;

na wɔn nhyehyɛe mu aduan bɛmee wɔn.

32Na ntetekwaafo asoɔden bekum wɔn,

na nkwaseafo tirimudɛ bɛsɛe wɔn;

33Nanso obiara a obetie me no, ɔbɛtena ase asomdwoe mu

na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 1:1-33

箴言的价值

1这是大卫的儿子以色列所罗门的箴言。

2为使人认识智慧和教诲,

领悟真知灼见;

3为使人接受劝诫,

为人处事仁义、公平、正直;

4使愚昧人明智,

使青年有知识和明辨力;

5使智者听了长学问,

明哲听了得指引;

6使人领悟箴言和比喻,

明白智者的话和谜语。

7知识始于敬畏耶和华,

愚人轻视智慧和教诲。

8孩子啊,

你要听从父亲的教诲,

不可背弃母亲的训言。

9因为这要作你头上的华冠,

颈上的项链。

10孩子啊,恶人若引诱你,

千万不要听从。

11他们若说:“跟我们来吧,

我们去埋伏杀人,

暗害无辜者取乐;

12我们要像阴间一样生吞他们,

整个吞没他们,

使他们如坠入坟墓的人;

13我们必得到各样宝物,

把战利品装满我们的房屋。

14跟我们一起干吧,

大家有福同享!”

15孩子啊,

不要走他们的道,

切莫行他们的路。

16因为他们奔向罪恶,

急速地去杀人流血。

17在飞鸟眼前设网罗,徒劳无功。

18他们埋伏,却自流己血;

他们伏击,却自害己命。

19这就是贪爱不义之财者的结局,

不义之财终要夺去他们的性命。

智慧的劝诫

20智慧在大街上高喊,

在广场上扬声,

21在热闹的市集宣告,

在城门口演说:

22“你们愚昧人喜爱愚昧,

嘲讽者以嘲弄为乐,

无知者厌恶知识,

要到什么时候呢?

23你们若因我的责备而回转,

我就向你们显明我的旨意1:23 我就向你们显明我的旨意”希伯来文是“我就将我的灵浇灌你们”。

叫你们明白我的话语。

24我呼唤你们,

你们却充耳不闻;

我向你们招手,

你们却视若无睹。

25你们漠视我的劝诫,

不接受我的责备。

26因此,

你们遭遇灾难时,

我必发笑;

惊恐临到你们时,

我必嗤笑——

27那时,恐惧如风暴袭击你们,

灾难如旋风临到你们,

忧愁和苦难吞没你们。

28你们呼求我,

我也不回答;

你们恳切地寻找我,

却找不到。

29因为你们厌恶知识,

不愿意敬畏耶和华,

30不接受我的劝诫,

又藐视我的责备。

31所以,你们必自食其果,

因自己的恶谋而吃尽苦头。

32愚昧人背离正道,

自招灭亡;

愚顽人逍遥自在,

毁掉自己。

33然而,那听从我的必安然居住,

得享安宁,

不怕灾祸。”