Ɔsɛnkafo 1 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 1:1-18

Biribiara Yɛ Adehuhuw

1Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem se:

2“Ahuhude! Ahuhude!”

Ɔsɛnkafo no na ose.

“Ahuhude mu ahuhude

Biribiara yɛ ahuhude.”

3Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu,

nea okum ne ho yɛ no owia so no?

4Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ,

nanso asase tim hɔ daa.

5Owia pue na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm kɔ nea epue fii hɔ no.

6Mframa bɔ kɔ anafo fam

na ɛdan hwɛ atifi fam;

ekyinkyin kɔ baabiara,

na ɛsan bɔ fa ne kwan so.

7Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu,

nanso po nyɛ ma da.

Faako a nsubɔnten no fi no

hɔ na wɔsan kɔ bio.

8Biribiara yɛ ɔbrɛ

a ɛboro nea obi bɛka so.

Ani nhwɛ ade nwie da

na aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da.

9Nea aba no bɛba bio,

nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;

ade foforo biara nni owia yi ase.

10Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se:

“Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana?

Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee;

ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.

11Wɔnkae tetefo no,

na wɔn a wonnya nnwoo wɔn no nso,

wɔn a wobedi wɔn akyi no

renkae wɔn.

Nimdeɛ Yɛ Ahuhude

12Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. 13Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so! 14Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.

15Nea akyea no wontumi nteɛ;

na nea enni hɔ no wontumi nkan.

16Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.” 17Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.

18Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba;

nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

传道书 1:1-18

万事虚空

1以下是在耶路撒冷做王的大卫之子——传道者的话。

2传道者说:虚空的虚空,

虚空的虚空,一切都是虚空。

3人在日光之下的一切劳碌有什么益处呢?

4一代过去,一代又来,

大地却永远长存。

5太阳升起,太阳落下,

匆忙回到升起之地。

6风吹向南,又转向北,

循环不息,周而复始。

7江河涌流入海,海却不会满溢;

江河从何处流出,又返回何处。

8万事令人厌烦,人述说不尽。

眼看,看不饱;

耳听,听不够。

9以往发生的事,将来还会发生;

先前做过的事,将来也必再做。

日光之下,根本没有新事。

10人可以指着哪件事说:

“看啊,这是新事”?

所谓的新事在我们以前早就有了。

11过去的事无人记得,

将来的事后人也不记得。

智慧之虚空

12我传道者曾在耶路撒冷以色列的王。 13我专心用智慧去研究、探索天下各样的事,发现上帝给世人的是极重的苦工。 14我观察一切日光之下所做的事,看啊,都是虚空,好像捕风。 15弯曲的不能变直,缺少的无法补足1:15 补足”希伯来文是“数算”。16我心里想:“我获得极大的智慧,远超过以前统治耶路撒冷的人。我拥有丰富的智慧和知识。” 17我又专心察明智慧和知识、狂妄和愚昧,却发现这也是捕风。 18因为智慧越高,愁烦越多;知识越多,痛苦越深。