Nnwom 102 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 102:1-28

Dwom 102

Aberante mmɔborɔni mpaebɔ. Osu kyerɛ Awurade bere a ɔwɔ ahohia mu.

1Awurade, tie me mpaebɔ;

na ma me mmoa ho sufrɛ nnu wʼanim.

2Mmfa wʼanim nhintaw me

bere a mewɔ ahohia mu.

Brɛ wʼaso ase ma me;

na sɛ misu frɛ wo a, gye me so ntɛm.

3Me nkwanna reyera te sɛ wusiw;

me nnompe adɔ sɛ nyansramma.

4Me koma abotow na akisa sɛ sare;

na me kɔn nnɔ aduan.

5Mʼapinisi dennen nti

maka ɔhonam ne nnompe.

6Mete sɛ sare so patu,

te sɛ patu a ɔte nnwiriwii mu.

7Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ

anomaa bi a ɔno nko ara si ɔdan atifi.

8Da mu nyinaa mʼatamfo bɔ me akutia.

Wɔn a wodi me ho fɛw no bɔ me din de dome.

9Mede nsõ ayɛ mʼaduan

na mede nusu fra me nsu mu

10esiane wʼabufuwhyew dennen no nti,

woama me so, ayi me asi nkyɛn.

11Me nkwa nna te sɛ anwummere sunsuma;

na mehyew sɛ sare.

12Nanso wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa;

na wo din a ahyeta no te hɔ daa awo ntoatoaso nyinaa mu.

13Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ;

bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ;

bere a wohyɛe no aso.

14Nʼabo som bo ma wʼasomfo;

ne mfutuma hyɛ wɔn awerɛhow.

15Amanaman no besuro Awurade din;

asase so ahemfo nyinaa bedi wʼanuonyam ni.

16Awurade bɛkyekyere Sion bio,

na wapue wɔ nʼanuonyam mu.

17Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ;

na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.

18Monkyerɛw eyi mma nkyirimma,

sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo Awurade;

19Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ ɔsoro hɔ;

ofi ɔsoro hwɛɛ asase,

20sɛnea ɔbɛte nneduafo apinisi,

na wɔagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”

21Enti wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion

na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,

22bere a amanaman ne ahenni ahorow

behyia mu na wɔasom Awurade.

23Ɔmaa me yɛɛ mmerɛw wɔ bere a merenyin.

Otwaa me nkwa nna so.

24Enti mekae se,

“Me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini;

wo mfe wɔ hɔ daa kodu awo ntoatoaso nyinaa mu.

25Mfiase no wotoo asase fapem,

na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

26Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena hɔ daa;

wɔbɛtetew te sɛ atade.

Wobɛsesa wɔn te sɛ ntama,

na wɔbɛtow wɔn agu.

27Nanso wote sɛnea wote,

na wo mfe to rentwa da.

28Wʼasomfo mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim;

na wɔn asefo ase betim wɔ wʼanim.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 102:1-28

第 102 篇

患难中的祈祷

受苦之人的祷告,在疲惫不堪时向耶和华的倾诉。

1耶和华啊,求你听我的祷告,

垂听我的呼求!

2我在危难的时候,

求你不要掩面不理我。

求你垂听我的呼求,

赶快应允我。

3我的年日如烟消散,

我全身如火焚烧。

4我的心被摧残,如草枯萎,

以致我不思饮食。

5我因哀叹而瘦骨嶙峋。

6我就像旷野中的鸮鸟,

又像废墟中的猫头鹰。

7我无法入睡,

我就像屋顶上一只孤伶伶的麻雀。

8我的仇敌终日辱骂我,

嘲笑我的用我的名字咒诅人。

9我以炉灰为食物,

眼泪拌着水喝,

10因为你向我大发烈怒,

把我抓起来丢在一边。

11我的生命就像黄昏的影子,

又如枯干的草芥。

12耶和华啊!唯有你永远做王,

你的大名万代长存。

13你必怜悯锡安

因为现在是你恩待她的时候了,时候到了。

14你的仆人们喜爱城中的石头,

怜惜城中的尘土。

15列国敬畏耶和华的名,

世上的君王都因祂的荣耀而战抖。

16因为耶和华必重建锡安

带着荣耀显现。

17祂必垂听穷人的祷告,

不藐视他们的祈求。

18要为后代记下这一切,

好让将来的人赞美耶和华。

19耶和华从至高的圣所俯视人间,

从天上察看大地,

20要垂听被囚之人的哀叹,

释放被判死刑的人。

21-22这样,万族万国聚集、敬拜

耶和华时,

人们必在锡安传扬祂的名,

耶路撒冷赞美祂。

23祂使我未老先衰,

缩短了我的岁月。

24我说:“我的上帝啊,

你世代长存,

求你不要叫我中年早逝。

25太初你奠立大地的根基,

亲手创造诸天。

26天地都要消亡,

但你永远长存。

天地都会像外衣渐渐破旧,

你必更换天地,如同更换衣服,

天地都要消逝。

27但你永远不变,

你的年日永无穷尽。

28你仆人的后代必生生不息,

在你面前安然居住。”