Nahum 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nahum 3:1-19

Ninewe Nnome

1Nnome nka mogya kuropɔn

a atoro ne korɔn ahyɛ no ma

na amanehunufo mpa mu da!

2Apɔnkɔkafo abaa regyigye,

nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi

Apɔnkɔ rehuruhuruw

ne nteaseɛnam redankyidankyi.

3Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim;

afoa twa yerɛw yerɛw,

na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw.

Atɔfo bebree,

awufo a bi deda bi so,

afunu a wontumi nkan wɔn dodow

a nnipa tiatia so.

4Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ,

ntafowayifo no nnaadaa dodow no.

Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanaman

na ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa.

5“Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni,

“Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro.

Mɛma amanaman ahu wʼadagyaw

na ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase.

6Mede fi bɛsra wo ho,

mebu wo animtiaa

na mama nnipa ahwɛ wo.

7Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se,

‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’

Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?”

8Wuye sen Tebes a

ɛda Asubɔnten Nil ho a

nsu atwa ne ho ahyia ana?

Asubɔnten bɔ ne ho ban

na nsu yɛ ne fasu.

9Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wontumi nkan wɔn.

Put ne Libia ka nʼadomfo ho.

10Nanso wɔfaa no nnommum

twaa no asu.

Wɔtow ne nkokoaa hwehwee fam

ma wɔtetee wɔ mmɔnten so.

Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto,

na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.

11Wo nso wobɛbow

Na wubehintaw wo ho

de akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn.

12Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua

a asow aba foforo:

sɛ wɔwosow a

aba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi.

13Hwɛ wʼakofo

wɔn nyinaa yɛ mmea!

Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo;

ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.

14Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no.

Yere wo bammɔ mu!

Wɔw dɔte no

na siesie ntayaa a wɔato no!

15Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo;

afoa betwa wo ahwe fam,

wobedi wo nam sɛ mmoadabikuw.

Monnɔ sɛ tɛwtɛw,

mo ase mfɛe sɛ mmoadabi!

16Woama wʼaguadifo adɔɔso,

wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma,

nanso wɔte sɛ mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwa

na afei wotu kɔ.

17Wʼawɛmfo te sɛ mmoadabi.

Wʼadwumayɛfo te sɛ mmoadabi akuw

a wɔsensam ban ho awɔw da.

Nanso sɛ owia pue a wotu kɔ,

na obi nnim faako a wɔkɔ.

18Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko.

Wʼanuonyamfo deda hɔ rehome.

Wo nkurɔfo abɔ apete wɔ mmepɔw no so

a wonni anoboaboafo.

19Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no;

wo kuru no bekum wo.

Obiara a ɔte wo nka no

bɔ ne nsam wɔ wʼasehwe ho,

Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛm

no bi nkaa no da?

Asante Twi Contemporary Bible

Nahum 3:1-19

Ninewe Nnome

1Nnome nka mogya kuropɔn

a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma

na amanehunufoɔ mmpa mu da!

2Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye,

nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi

Apɔnkɔ rehurihuri

ne nteaseɛnam redenkye denkye.

3Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim

akofena twa nyinam nyinam

na mpea nso pa yerɛ yerɛ.

Atɔfoɔ bebree,

awufoɔ a ebi deda ebi soɔ,

afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ

a nnipa tiatia soɔ.

4Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ,

ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no.

Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman

na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.

5“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,

“Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro.

Mɛma amanaman ahunu wʼadagya

na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ.

6Mede efi bɛfɔre wo ho,

mɛbu wo animtia

na mama nnipa ahwɛ wo.

7Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ,

‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’

Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?”

8Woyɛ sene Tebes a

ɛda Asubɔnten Nil ho a

nsuo atwa he ho ahyia anaa?

Asubɔnten bɔ ne ho ban

na nsuo yɛ ne fasuo.

9Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn.

Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.

10Nanso wɔfaa no dommum

twaa no asuo.

Wɔtoo ne mmadoma hwehwee fam

ma wɔtetee wɔ mmɔntene so.

Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto,

na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.

11Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔ

Na wo bɛhinta wo ho

de akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn.

12Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua

a aso aba foforɔ:

sɛ wɔwoso a

aba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi.

13Hwɛ wʼakofoɔ

wɔn nyinaa yɛ mmaa!

Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ;

ogya ahye wʼapono no akyiri adaban.

14Sesa nsuo sie ma otua no.

Yere wo banbɔ mu!

Wɔ dɔteɛ no

na siesie ntayaa a wato no!

15Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ;

akofena bɛtwa wo ahwe fam,

na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam.

Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ!

16Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso,

wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma,

nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa

na afei wɔtu kɔ.

17Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ.

Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo

a wɔsensam ban ho awɔ da.

Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ,

na obi nnim faako a wɔkɔ.

18Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko.

Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome.

Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so

a wɔnni anoboaboafoɔ.

19Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no;

wo pira no mu yɛ den.

Obiara a ɔte wo nka no

bɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho,

Na hwan koraa na wommɔɔ

no atirimuɔden da?