Nahum 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nahum 2:1-13

Ninewe Asehwe

1Ɔtamfo reba wo so, Ninewe

bɔ aban no ho ban,

wɛn ɔkwan no,

bɔ wo ho so

na boa wʼahoɔden nyinaa ano!

2Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama no

te sɛ Israel de no,

ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpan

na wɔasɛe ne bobe mfuw.

3Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ;

akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade.

Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no

twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no;

mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.

4Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so,

na wodi akɔneaba.

Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw;

wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.

5Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu,

nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu.

Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho;

na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.

6Wobuebue asubɔnten apon no,

na ahemfi no dwiriw gu fam.

7Wɔhyɛ mmaraden sɛ

wɔmfa kuropɔn no nnommum

na wɔmfa wɔn nkɔ.

Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so

su te sɛ mmorɔnoma.

8Ninewe te sɛ ɔtare a

mu nsu resen kɔ.

Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!”

Nanso, obiara ansan nʼakyi.

9Momfom dwetɛ no!

Momfom sikakɔkɔɔ no!

Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa!

Na ahonyade no dɔɔso.

10Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa!

Koma botow, na nkotodwe wosowosow,

nnipa ho popo na wɔn anim hoa.

11Mprempren he na gyata buw no wɔ,

faako a wɔma wɔn mma aduan no,

faako a gyatanini ne gyatabere kɔe

na wɔn mma nso kɔ a wonsuro?

12Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma.

Wabobɔ hanam ama gyatabere no.

Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon ma

na ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.

13“Me ne wo nka,”

sɛnea Asafo Awurade se ni,

“Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiw

na afoa bekunkum wo gyatamma.

Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so.

Wɔrente wʼasomafo no nne bio.”

Asante Twi Contemporary Bible

Nahum 2:1-13

Ninewe Asehweɛ

1Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe

bɔ aban no ho ban,

wɛn ɛkwan no,

bɔ wo ho so

na boa wʼahoɔden nyinaa ano!

2Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama no

te sɛ Israel deɛ no,

ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpan

na wɔasɛe ne bobe mfuo.

3Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ;

akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ.

Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no

twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no;

mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.

4Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so,

na wɔdi akɔneaba.

Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ;

wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.

5Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu

nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu.

Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho;

na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.

6Wɔbuebue asubɔnten apono no,

na ahemfie no dwiri gu fam.

7Wɔhyɛ mmaraden sɛ

wɔmfa kuropɔn no nnommum

na wɔmfa wɔn nkɔ.

Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so

su te sɛ mmorɔnoma.

8Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a

emu nsuo resene korɔ.

Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!”

Nanso, obiara ansane nʼakyi.

9Momfom dwetɛ no!

Momfom sikakɔkɔɔ no!

Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa!

Na ahonyadeɛ no dɔɔso.

10Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa!

Akoma boto, na nkotodwe woso woso,

nnipa ho popo na wɔn anim to hoa.

11Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ,

baabi a wɔma wɔn mma aduane no,

baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ

na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?

12Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma.

Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no.

Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma

na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama.

13“Me ne wo nnka,”

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,

“Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisie

na akofena bɛkunkum wʼagyata mma.

Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so.

Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.”