Mateo 20 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 20:1-34

Afum Adwumayɛfo Ho Bɛ

1Yesu san buu wɔn bɛ foforo bi se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ okuafo bi a ofii adi anɔpa bi sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa. 2Ne nsa kaa apaafo no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ obetua wɔn da koro adwuma so akatua.

3“Ankyɛ ofii adi bio kohuu nnipa bi nso, sɛ wogyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee. 4Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuw no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso se, obetua wɔn nea eye. 5Enti wɔkɔe.

“Ɔsan kɔɔ owigyinae ne nnɔn abiɛsa bere mu kɔbɔɔ nnipa foforo paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛe koro no ara bi. 6Ɔsan fii adi bɛyɛ nnɔnnum bere mu, kohuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na da mu yi nyinaa mugyinagyina ha a monyɛ hwee?’

7“Wobuae se, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa ɛ.’

“Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ɛno de, mo nso monkɔyɛ adwuma wɔ mʼafum.’

8“Eduu anwummere no, ɔfrɛɛ nea otua nʼapaafo no ka no ka kyerɛɛ no se, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, fi wɔn a wɔbaa akyiri yi no so kosi wɔn a wɔbaa kan no so.’

9“Apaafo a ɔfaa wɔn akyiri no nyinaa, otuaa wɔn da koro apaade. 10Wɔn a wɔfaa wɔn kan no nso bae. Wosusuw sɛ wobenya sika a ɛboro wɔn a wɔfaa wɔn akyiri no de no. Nanso wɔn nso wotuaa wɔn sɛnea wotuaa wɔn a wɔbaa akyiri no ara pɛ. 11Wɔn nsa kaa wɔn apaade no, anyɛ wɔn dɛ. 12Wɔka kyerɛɛ afuw wura no se, ‘Nnipa a wɔbaa akyiri no yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nanso yɛn a yɛyɛɛ adwuma fi anɔpa maa owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’

13“Obuaa wɔn mu baako se, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, metua wo da koro adwuma so akatua ana? 14Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Efi me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kan ne wɔn a wɔbaa akyiri no nyinaa ka pɛ. 15Mmara bi siw me ho kwan sɛ mede me sika yɛ nea mepɛ? Anaasɛ mʼayamye nti na wʼani abere yi?’

16“Asɛm a Yesu ka de wiee ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wodi akyi no bedi kan, na wɔn a wodi kan no nso bedi akyi.’ ”

Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm A Ɛto So Abiɛsa

17Yesu sii mu sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafo no kaa ne ho. 18Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafo no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wobeyi me ama asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ. 19Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asennua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afi awufo mu.”

Ɛna Bi Adesrɛ

20Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn na baa Yesu nkyɛn. Ɔbea yi de adesrɛde bi bɛtoo Yesu anim.

21Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma wo?”

Obuaa no se, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahenni mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”

22Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wunnim nea worebisa no.” Afei ɔdan ne ho bisaa Yakobo ne Yohane se, “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi ana?”

Wobuaa no se, “Yebetumi!”

23Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me kuruwa ano de, mubetumi anom, nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼAgya ayi wɔn no.”

24Asuafo du a aka no tee nea Yakobo ne Yohane akobisa no, wɔn bo fuwii. 25Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wodi wɔn so no nso di afoforo so. 26Nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo. 27Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ odikanfo wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa. 28Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”

Anifuraefo Baanu Hu Ade

29Yesu ne nʼasuafo fi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tete. Anifuraefo yi tee sɛ Yesu retwa mu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”

31Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”

32Yesu duu nea wɔtete hɔ no, ogyina bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”

33Wɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, yɛpɛ sɛ yehu ade!”

34Anifuraefo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ wohuu ade, na wodii nʼakyi.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 20:1-34

Afuom Adwumayɛfoɔ Ho Abɛbuo

1Yesu sane buu wɔn ɛbɛ foforɔ bi sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ okuafoɔ bi a ɔfirii adi anɔpa bi, sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa. 2Ne nsa kaa apaafoɔ no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.

3“Ankyɛre ɔfirii adi bio kɔhunuu nnipa bi nso, sɛ wɔgyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee na wɔrehwehwɛ obi ama wabɔ wɔn paa. 4Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ, ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.

5“Ɔsane kɔɔ owigyinaeɛ ne nnɔnmiɛnsa ɛberɛ mu kɔbɔɔ nnipa foforɔ paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ korɔ no ara bi. 6Ɔsane firii adi bɛyɛ nnomum berɛ mu, kɔhunuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na ɛda mu yi nyinaa mogyinagyina ha a monyɛ hwee?’

7“Wɔyii ano sɛ, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa.’

“Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnneɛ monkɔka apaafoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuom no ho.’

8“Ɛduruu anwummerɛ no, ɔfrɛɛ deɛ ɔtua nʼapaafoɔ no ka no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, firi wɔn a wɔbaa akyire no so kɔsi wɔn a wɔbaa kane no so.’

9“Apaafoɔ a ɔfaa wɔn akyire no nyinaa, ɔtuaa wɔn ɛda koro apaabɔdeɛ. 10Wɔn a wɔfaa wɔn kane no nso baeɛ. Wɔsusuu sɛ wɔbɛnya sika a ɛboro wɔn a ɔfaa wɔn akyire no deɛ no so. Nanso, wɔn nso, ɔtuaa wɔn sɛdeɛ ɔtuaa wɔn a wɔbaa akyire no ara pɛ. 11Wɔn nsa kaa wɔn apaabɔdeɛ no, anyɛ wɔn dɛ. 12Wɔka kyerɛɛ afuowura no sɛ, ‘Nnipa a wɔbaa akyire no yɛɛ adwuma dɔnhwereɛ baako pɛ, nso yɛn a yɛyɛɛ adwuma firi anɔpa ma owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’

13“Ɔbuaa wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, mɛma wo ɛda koro adwuma so akatua anaa? 14Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Ɛfiri me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kane ne wɔn a wɔbaa akyire no nyinaa ka pɛ. 15Mmara bi si me ho ɛkwan sɛ mede me sika yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ mʼayamyɛ enti na wʼani abere yi?’

16“Asɛm a Yesu ka de wieeɛ ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wɔdi akyire no bɛdi ɛkan, na wɔn a wɔdi ɛkan no nso bɛdi akyire.’ ”

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ho Nkɔm Bio

17Yesu siim sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafoɔ no kaa ne ho. 18Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafoɔ no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wɔbɛyi me ama asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ. 19Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asɛnnua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afiri awufoɔ mu.”

Maame Bi Abisadeɛ

20Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim.

21Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma woɔ?”

Ɔbuaa no sɛ, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahennie mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”

22Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim deɛ worebisa no.” Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane sɛ, “Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?”

Wɔbuaa no sɛ, “Yɛbɛtumi!”

23Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me kuruwa ano deɛ, mobɛtumi anom, nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼagya ayi wɔn no.”

24Asuafoɔ edu a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane akɔbisa no, wɔn bo fuiɛ. 25Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wɔdi wɔn so no nso di afoforɔ so. 26Nanso, mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ. 27Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa. 28Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomoeɛ, na ɔde ne ɔkra too hɔ sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa.”

Anifirafoɔ Baanu Hunu Adeɛ

29Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”

31Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”

32Yesu duruu deɛ wɔteteɛ hɔ no, ɔgyina, bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”

33Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛpɛ sɛ yɛhunu adeɛ!”

34Anifirafoɔ no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ, wɔhunuu adeɛ, na wɔdii nʼakyi.