Hosea 5 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hosea 5:1-15

Atemmu A Etia Israel

1“Muntie, mo asɔfo!5.1 Asɔfo, Israelfo ne ahemfo, saa akuw abiɛsa yi na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ bu atɛntrenee, nanso wɔn nyinaa buu ntɛnkyew.

Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo!

Monyɛ asow, adehyefi!

Saa atemmu yi tia mo:

Moayɛ afiri wɔ Mispa,

ne asau a wɔagu no Tabor so.

2Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.

Mɛtwe wɔn nyinaa aso.

3Minim Efraim ho nsɛm nyinaa;

wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ.

Efraim, mprempren de wobɔ aguaman;

na Israel aporɔw.

4“Wɔn nneyɛe mma wɔ kwan

mma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn.

Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu;

wonnye Awurade nto mu.

5Israel ahantan di tia no.

Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.

6Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi

kɔhwehwɛ Awurade a

Wɔrenhu no,

efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

7Wɔanni Awurade nokware.

Wɔwowoo aguaman mma.

Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a,

ɔbɛsɛe wɔn nsase.

8“Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea.

Hyɛn mmɛn no wɔ Rama.

Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen;

Benyamin, monsɔre nni anim.

9Efraim bɛda mpan

wɔ akontaabu da.

Israel mmusuakuw no mu no

mepae mu ka nea ɛwɔ mu.

10Yuda sodifo no te sɛ

wɔn a woyiyi ahye so abo.

Mehwie mʼabufuw agu wɔn so

te sɛ nsuyiri.

11Wɔhyɛ Efraim so,

wotiatia ne so wɔ atemmu mu,

wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi.

12Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraim

na mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw.

13“Bere a Efraim huu ne yare,

na Yuda nso huu nʼakuru no,

Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.

Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa.

Nanso wantumi ansa no yare,

na akuru no nso anwuwu.

14Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim

na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda.

Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ;

Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

15Afei mɛsan akɔ me nkyi

kosi sɛ wobenya ahonu.

Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan;

wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 5:1-15

Atemmuo A Ɛtia Israel

1“Montie mo asɔfoɔ!

Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ!

Monyɛ aso, Ao adehyefie!

Saa atemmuo yi tia mo:

Moayɛ afidie wɔ Mispa,

ne asau a wɔagu no Tabor so.

2Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.

Mɛtwe wɔn nyinaa aso.

3Menim Efraim ho nsɛm nyinaa;

wɔmfaa Israel nhintaa me.

Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman;

na Israel aprɔ.

4“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan

mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn.

Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu;

wɔnnye Awurade nto mu.

5Israel ahantan di tia no.

Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn sunti saa ara.

6Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie

kɔhwehwɛ Awurade a

Wɔrenhunu no,

ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

7Wɔanni Awurade nokorɛ.

Wɔwowoo adwamam mma.

Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛ

bɛsɛe wɔn ne wɔn nsase.

8“Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea.

Hyɛn abɛn no wɔ Rama.

Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen;

Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim.

9Wɔbɛsɛe Efraim

wɔ akontabuo da.

Israel mmusuakuo no mu no

mepae mu ka deɛ ɛwom.

10Yuda sodifoɔ no te sɛ

wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ.

Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so

te sɛ nsuyire.

11Wɔhyɛ Efraim so,

wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu,

wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi.

12Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim

na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ.

13“Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ,

na Yuda nso hunuu nʼakuro no,

Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.

Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa.

Nanso wantumi ansa no yadeɛ,

na akuro no nso anwuwu.

14Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim

na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda.

Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ;

Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

15Afei, mɛsane akɔ me nkyi

kɔsi sɛ wobɛnya ahonu.

Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan;

wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”