Hosea 4 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hosea 4:1-19

Wɔbɔ Israel Kwaadu

1Muntie Awurade asɛm, mo Israelfo

efisɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ

mo a mote asase no so:

“Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.

2Nnome nko ara, atorotwa ne awudi,

akrɔmmɔ, ne aguamammɔ

na moyɛ ma ɛtra so,

na mogyahwiegu ba ntoatoaso.

3Eyi nti asase no di awerɛhow

na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu;

wuram mmoa, wim nnomaa

ne po mu nam rewuwu.

4“Mma obiara mmɔ kwaadu,

mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo.

Na mmom, mo asɔfo

mo na me ne mo anya.

5Muhintiw awia ne anadwo,

na adiyifo no ne mo hintiw.

Ɛno nti mɛsɛe mo man.

6Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe.

“Sɛ moapo nimdeɛ nti,

me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo;

sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti,

me nso mabu mʼani agu mo mma so.

7Asɔfo no redɔɔso no

na bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me.

Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase.

8Wodidi me nkurɔfo bɔne ho

ɛno nti wɔn ani gye atirimɔdensɛm ho.

9Sɛnea nnipa no te no, saa ara na asɔfo no nso te.

Mɛtwe wɔn nyinaa aso wɔ wɔn akwan ho

na matua wɔn wɔn nneyɛe so ka.

10“Wobedidi, nanso wɔremmee.

Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe,

efisɛ, wɔagyaw Awurade hɔ,

de wɔn ho ama 11aguamammɔ,

nsa dedaw ne foforo,

a ɛma me nkurɔfo

12ntease tu yera.

Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn

na duasin bi ama wɔn mmuae.

Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan;

wonni wɔn Nyankopɔn nokware.

13Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi

na wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so:

odum, duafufu ne odupɔn ase,

nea onwini yɛ fɔmm hɔ.

Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo

na mo nsemmea nso yɛ nguamanfo.

14“Merentwe mo mmabea aso

sɛ wɔadan aguamammɔfo,

anaa mo nsemmea aso

sɛ wɔasɛe aware.

Efisɛ mo mmarima, mo nso mote saa ara.

Mo ne mmabea ne nsɔreso nguamanfo

fa ayɔnko.

Nnipa a wonni ntease no bɛkɔ ɔsɛe mu!

15“Ɛwɔ mu sɛ woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel,

nanso, mma Yuda nni ho fɔ.

“Nkɔ Gilgal;

na mforo nkɔ Bet-Awen.

Na nka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’

16Israelfo yɛ asoɔdenfo

te sɛ nantwi ba a ɔyɛ asowui

ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so

sɛ nguantenmma a wɔwɔ adidibea?

17Efraim de ne ho abɔ ahoni ho;

Gyaa no!

18Sɛ wɔn nsa sa koraa a,

wɔtoa wɔn aguamammɔ so;

wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye.

19Mfɛtɛ bɛpra wɔn akɔ,

na wɔn afɔrebɔ de animguase bɛbrɛ wɔn.

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 4:1-19

Wɔbɔ Israel Kwaadu

1Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔ

ɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ

mo a mote asase no so:

“Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.

2Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie,

korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ

na moyɛ ma ɛtra so,

na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.

3Yei enti asase no di awerɛhoɔ

na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu;

ewiram mmoa, ewiem nnomaa

ne ɛpo mu nam rewuwu.

4“Mma obiara mmɔ kwaadu,

mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ.

Na mmom, mo asɔfoɔ

mo na me ne mo anya.

5Mosunti awia ne anadwo,

na adiyifoɔ no ne mo sunti.

Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman.

6Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe.

“Sɛ moapo nimdeɛ enti,

me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ;

sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti,

me nso mabu mʼani agu mo mma so.

7Asɔfoɔ no redɔɔso no

na bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me.

Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ.

8Wɔdidi me nkurɔfoɔ bɔne ho

ɛno enti wɔn ani gye atirimuɔdensɛm ho.

9Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ.

Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan ho

na matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka.

10“Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee.

Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre,

ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ,

de wɔn ho ama 11adwamammɔ,

nsã dada ne foforɔ,

a ɛma me nkurɔfoɔ

12nteaseɛ tu yera.

Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn

na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ.

Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan;

wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ.

13Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi

na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so:

odum, duafufuo ne odupɔn ase,

deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ.

Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ

na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.

14“Merentwe mo mmammaa aso

sɛ wɔadane adwamanfoɔ,

anaa mo nsenom mmaa aso

sɛ wɔasɛe awadeɛ.

Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara.

Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔ

di hwebom.

Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu!

15“Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel,

nanso, mma Yuda nni ho fɔ.

“Nkɔ Gilgal;

na ɛmforo nkɔ Bet Awen.

Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’

16Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔ

te sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛ

ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so

sɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea?

17Efraim de ne ho abɔ ahoni;

Gyaa no!

18Sɛ wɔn nsã sa koraa a,

wɔtoa wɔn adwamammɔ so;

wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie.

19Ntwaho mframa bɛpra wɔn akɔ,

na wɔn afɔrebɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wɔn.