Hiob 27 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 27:1-23

1Hiob toaa nʼasɛm so se,

2“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no,

Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow,

3mmere dodow a nkwa wɔ me mu,

na Onyankopɔn home wɔ me mu yi,

4mʼano renka amumɔyɛsɛm,

na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.

5Merennye nto mu da sɛ nea woka no yɛ nokware;

merenka me mudi nhyɛ, kosi sɛ mewu.

6Mekura me trenee mu, merennyaa mu;

sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.

7“Ma mʼatamfo nyɛ sɛ amumɔyɛfo,

na wɔn a wokyi me nyɛ sɛ atorofo.

8Anidaso bɛn na wɔn a wonni nyamesu no wɔ wɔ wɔn wu akyi,

bere a Onyankopɔn agye wɔn nkwa afi wɔn nsam no?

9So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ

bere a amanehunu aba wɔn so no ana?

10So wɔn ani begye wɔ Otumfo no mu?

Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana?

11“Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;

meremfa Otumfo no akwan nhintaw.

12Mo ankasa moahu eyinom nyinaa.

Afei nsɛnhunu yi ase ne dɛn?

13“Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumɔyɛfo,

agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn:

14Sɛ ɔwɔ mma dodow dɛn ara, wɔn nkrabea ne afoa;

na nʼasefo rennidi mmee da.

15Ɔyaredɔm besie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi,

na wɔn akunafo rensu wɔn.

16Ɛwɔ mu sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfutuma

na ɔboa ntama ano sɛ dɔte,

17nea ɔpɛ gu hɔ no, atreneefo na wobefura

na pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no.

18Ofi a osi no te sɛ ananse abubummaba,

ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfo abɔ.

19Ɔda hɔ te sɛ ɔdefo, nanso ɔrenna saa bio;

ɔbɛtew nʼani no na ne nyinaa atu ayera.

20Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyiri;

ahum hwim no kɔ anadwo.

21Apuei mframa soa no kɔ, na onni hɔ bio;

ɛtwe no fi ne tenabea.

22Ɛbɔ no a ahummɔbɔ nni mu

bere a ɔreguan afi ne tumi ase.

23Ɔde fɛw bɔ ne nsam

na ɔpam no fi ne tenabea.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 27:1-23

1Hiob toaa nʼasɛm so sɛ,

2“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wammu me atɛntenenee,

Otumfoɔ a wama madi me kra mu awerɛhoɔ;

3mmerɛ dodoɔ a nkwa wɔ me mu,

na Onyankopɔn homeɛ wɔ me mu yi,

4mʼano renka amumuyɛsɛm,

na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.

5Merennye nto mu da sɛ deɛ woka no yɛ nokorɛ;

merenka me mudie nhyɛ, kɔsi sɛ mɛwuo.

6Mɛkura me tenenee mu. Merennyaa mu;

sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.

7“Ma mʼatamfoɔ nyɛ sɛ amumuyɛfoɔ,

na wɔn a wɔkyiri me nyɛ sɛ atorofoɔ.

8Anidasoɔ bɛn na deɛ ɔnni nyamesu no wɔ wɔ ne wuo akyi,

ɛberɛ a Onyankopɔn agye ne nkwa afiri ne nsam?

9Onyankopɔn tie ne sufrɛ

ɛberɛ a amanehunu aba ne so anaa?

10Nʼani bɛgye wɔ Otumfoɔ mu?

Ɔbɛsu afrɛ Onyankopɔn ɛberɛ biara anaa?

11“Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;

meremfa Otumfoɔ no akwan nhinta.

12Mo ankasa moahunu yeinom nyinaa.

Afei nsɛnhunu yi ase ne sɛn?

13“Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ,

agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn:

14Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena;

na nʼasefoɔ rennidi mmee da.

15Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi,

na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.

16Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo

na ɔboa ntoma ano sɛ dɔteɛ deɛ,

17nanso deɛ ɔpɛ gu hɔ no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira

na pɛpɛfoɔ no nso akyekyɛ dwetɛ no.

18Efie a ɔsi no te sɛ ananse afafa,

ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfoɔ abɔ.

19Ɔda hɔ te sɛ ɔdefoɔ, nanso ɔrenna saa bio;

ɔbɛte nʼani no na ne nyinaa atu ayera.

20Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyire;

ahum hwim no kɔ anadwo.

21Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɔnni hɔ bio;

ɛtwe no firi ne teberɛ.

22Ɛbɔ no a ahummɔborɔ nni mu

ɛberɛ a ɔredwane afiri ne tumi ase.

23Ɔde fɛ bɔ ne nsam

na ɔpamoo no firi ne teberɛ.”