Hiob 26 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 26:1-14

Hiob Kyerɛ Nyankopɔn Kɛseyɛ

1Na Hiob kasaa bio se,

2“Woaboa nea onni tumi!

Woagye basa a enni ahoɔden!

3Woatu nea onnim nyansa fo!

Na woada nhumu pa ara adi!

4Hena na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?

Hena honhom na ɛkasa faa wo mu?

5“Awufo wɔ ahoyeraw kɛse mu,

wɔn a wɔwɔ nsu ase ne nea ɛte mu nyinaa.

6Asaman da adagyaw Onyankopɔn anim;

Ɔsɛe nso nni nkataso.

7Ɔtrɛw wim atifi fam kata nea ɛda mpan so;

na ɔde asase sensɛn ohunu so.

8Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu,

nanso nsu no mu duru ntumi mpae no.

9Ɔtrɛw ne omununkum mu

de kata ɔsram ani.

10Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu so

de to ɔhye wɔ hann ne sum ntam.

11Ɔsoro nnyinaso wosow,

na nʼanimka ma wɔn ho dwiriw wɔn.

12Ɔde ne tumi wosow po

ne nyansa mu, otwitwaa Rahab mu asinasin.

13Ɔde ne home maa wim tewee;

na ne nsa wɔɔ ɔwɔ a ɔrewea.

14Eyinom yɛ ne nnwuma kakraa bi;

ne tumi kakraa bi kɛkɛ!

Na hena na obetumi ate ne tumi mmubomu no ase?”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 26:1-14

Hiob Kyerɛ Onyankopɔn Kɛseyɛ

1Na Hiob kasaa bio sɛ,

2“Woaboa deɛ ɔnni tumi!

Woagye basa a ɛnni ahoɔden!

3Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo!

Na woada nhunumu pa ara adi!

4Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?

Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu?

5“Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu,

wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa.

6Asamando da adagya Onyankopɔn anim;

Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ.

7Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so;

na ɔde asase sensɛn ohunu so.

8Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,

nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.

9Ɔtrɛ ne omununkum mu

de kata ɔsrane ani.

10Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so

de to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam.

11Ɔsoro nnyinasoɔ woso,

na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn.

12Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpo

ne nyansa mu, ɔtwitwaa ɛpobɔpɔn mu asinasini.

13Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ;

na ne nsa wɔɔ ɔtweaseɛ a ɔrewea.

14Yeinom yɛ ne nnwuma mfeafeaho;

ɔka asomusɛm brɛoo kyerɛ yɛn!

Na hwan na ɔbɛtumi ate ne tumi mmobɔmu no ase.”