Hesekiel 42 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 42:1-20

Asɔfo Adan

1Afei ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyiri adiwo hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adiwo no di nhwɛanim no mu, na ɛne atifi fam mfikyiri fasu no nso di nhwɛanim. 2Ɔdan a ne pon kyerɛ atifi fam yi tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduɔson anum. 3Adan a ɛne mfimfini adiwo no ntam kwan yɛ anammɔn aduasa ne adan a ɛne mfikyiri adiwo no kwan di nhwɛanim no, ɛso mmrannaa no kyerɛkyerɛ anim wɔ asan abiɛsa no mu biara so. 4Adan no anim no na ɔkwan bi da a ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apon no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. 5Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ soro no mu no susua, efisɛ na nʼabrannaa no mu trɛw sen mmrannaa a ɛwowɔ asan a edidi ase no. 6Adan a ɛwɔ asan a ɛto so abiɛsa no nni afadum sɛnea asan a ɛwɔ ase no wɔ no; enti na mu susua sen adan a ɛwowɔ asan a edidi ase no. 7Na ɔfasu bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyiri adiwo no sa so; na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum a ɛfa adan no anim. 8Adan a ɛsa so na ɛtoa mfikyiri adiwo no so no tenten yɛ anammɔn aduɔson anum, nanso adan a ɛsa so a ɛbɛn kronkronbea no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 9Sɛ obi fi mfikyiri adiwo reba mu a, obehu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no abobow ano ani kyerɛ apuei fam. 10Anafo fam, wɔ mfikyiri adiwo no fasu a ɛkɔ asɔredan no adiwo, na ɛne mfikyiri fasu no di nhwɛanim no ho, na adan bi wɔ hɔ a 11ɔkwan bi da anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; nʼatenten ne ne trɛw yɛ pɛ, ho apon a wɔfa mu pue no atenten yɛ pɛ. Apon a ɛwɔ atifi fam no 12nso sesɛ adan a ɛwɔ anafo fam apon no. Na ɔpon bi wɔ ɔkwan a ɛne ɔfasu a ɛkɔ apuei fam no sa so no ano, ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu.

13Na ɔka kyerɛɛ me se, “Atifi fam ne anafo fam adan a ani hwɛ asɔredan adiwo no yɛ asɔfo no dea, ɛhɔ na asɔfo a wɔkɔ Awurade anim no bedi afɔrebɔde kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔde kronkron pa ara a ɛyɛ aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde ne afɔdi afɔrebɔde no begu, efisɛ beae no yɛ kronkron. 14Sɛ asɔfo no kɔ beae kronkron hɔ a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo hɔ kosi sɛ wobeyiyi wɔn ɔsom ntade agu hɔ, efisɛ saa ntade no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade foforo bi ansa na wɔabɛn mmeaemmeae a ɔmanfo tumi kɔ hɔ no.”

15Osusuw nea ɛwɔ asɔredan no mu wiee no, ɔde me faa apuei pon no ano puei, na osusuw asɔredan no hyiae. 16Ɔde susudua no susuw apuei fam; na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 17Osusuw atifi fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 18Osusuw anafo fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 19Afei ɔdan nʼani hwɛɛ atɔe fam, na osusuwii no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 20Enti na nʼafefare mu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ ahinanan no nyinaa, de tew kronkronbea no ho fi kwasafo atenae no ho.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 42:1-20

祭司用的厢房

1那人带我出了圣殿,向北来到外院的厢房,一排在空地对面,一排在北边的建筑物对面。 2厢房长五十米,宽二十五米,有北门。 3内院十米宽的空地和外院的铺石地对面有三层高的走廊彼此相对。 4在两排厢房之间有一条五米宽、五十米长的通道,厢房的门都向北。 5上层的厢房比下层和中层的窄,因为上层走廊占去较大的面积。 6这建筑物不像外院那样有柱子,所以上层比中层和下层窄。 7厢房旁边的外墙与厢房及外院平行,长二十五米。 8靠近外院的厢房长二十五米,靠近圣殿的厢房则长五十米。 9下层厢房的东面有一道门,可以从外院进入。

10南面42:10 南面”希伯来文是“东面”。的院墙有两排厢房,一排在空地对面,一排在南面的建筑物对面, 11厢房前面有通道。这些厢房与北面的厢房一样,长宽相同,出入口和结构也一样。 12厢房的东面通道的前端有一道门。

13他对我说:“这些在南北两面对着圣殿空地的厢房都是圣洁的,供事奉耶和华的祭司在那里吃至圣的祭物,并放置素祭、赎罪祭和赎过祭,因为这是圣洁的地方。 14祭司在圣所供职后,不可直接到外院,要先在这些厢房里脱下供职时所穿的圣衣,换上普通衣服,才可以到外面的百姓那里。”

15他量完圣殿里面,便带我出了东门,量圣殿外围。 16他用量竿量了东面,长二百五十米; 17又量了北面,长二百五十米; 18又量了南面,长二百五十米; 19然后又去量西面,长二百五十米。 20他量了圣殿四围的墙,长宽都是二百五十米,这墙是为了把圣地和俗地隔开。