Hesekiel 41 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 41:1-26

1Ɔbarima no de me kɔɔ mfikyiri kronkronbea hɔ na osusuw afadum no; na ne trɛw yɛ anammɔn akron wɔ ne fa biara. 2Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn dunum, na afasu a epuepue wɔ afaanu no trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Afei osusuw mfikyiri kronkronbea a na ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa.

3Afei ɔkɔɔ mfimfini kronkronbea hɔ kosusuw nʼafadum a ɛwɔ nʼabobow ano no; biara trɛw yɛ anammɔn abiɛsa. Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn akron, na afasu a epuepue afaanu no nso trɛw yɛ anammɔn du ne fa. 4Na osusuw mfimfini kronkronbea no tenten; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne trɛw kosi mfikyiri kronkronbea no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me se, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.”

5Osusuw asɔredan no fasu; na mu piw yɛ anammɔn akron, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara trɛw yɛ anammɔn asia. 6Wosisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan abiɛsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ ɔsan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi so no ntrantraa te sɛ apa a atwa asɔredan no fasu no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinaso ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no fasu no. 7Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ ase. Asan abiɛsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, nea ɛwɔ soro biara trɛw sen nea ɛwɔ nʼase, ɛno nti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ nʼase. Atrapoe bi fi ɔsan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ ɔsan a ɛto so abiɛsa no so.

8Mihuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tenten yɛ anammɔn akron. 9Nkyɛnkyɛn adan afasu a ɛwɔ akyi no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa. Ɔkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia 10ne asɔfo adan no ntam yɛ anammɔn aduasa. 11Na apon deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɔkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafo fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɔkwan no so no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa.

12Ɔdan a ani hwɛ asɔredan no adiwo wɔ atɔe fam no trɛw yɛ anammɔn ɔha ne anum. Ɔdan no fasu no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduasa anum.

13Osusuw asɔredan no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adiwo ne ɔdan no a nʼafasu ka ho no nso tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 14Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam, de besi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

15Afei osusuw ɔdan a ani hwɛ adiwo a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ho abrannaa a ɛwɔ ɔfa biara; na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Mfikyiri kronkronbea, mfimfini kronkronbea ne ntwironoo a ani hwɛ adiwo, 16ne abobow ano, mfɛnsere nketenkete ne mmrannaa a atwa abiɛsa yi ho ahyia, nea ɛka ho biara ne abobow ano na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasu no ho kɔka mfɛnsere no ano ne mfɛnsere no, na wɔde nnua aduradura ho. 17Ɔkwan a ɛda ɔpon a ɛkɔ mfimfini kronkronbea no atifi ne afasu no ho nyinaa, mfimfini ne mfikyiri kronkrommea no ho nyinaa 18na wɔasen kerubim ne mmedua. Mmedua no didi kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim abien. 19Onipa anim kyerɛ mmedua wɔ ɔfa baako na gyata anim kyerɛ mmedua no wɔ ɔfa baako a aka no. Na wosinsen tetaree asɔredan no ho nyinaa. 20Efi fam de kosi ɔkwan a ɛda ɔpon no atifi ne afasu no ho nyinaa no na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse no fasu ho.

21Na mfikyiri kronkronbea no wɔ apongua ahannan, na nea ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara. 22Na afɔremuka a wɔde dua asen no ahinanan wɔ hɔ a ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn abiɛsa; wɔde dua na na ayɛ ne ntwea so, ne nnyinaso ne nʼafaafa no. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me se, “Saa ɔpon yi na esi Awurade anim.” 23Mfikyiri kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apon a ɛyɛ afaanu. 24Ɔpon biara wɔ mmuei abien a biara wɔ mpontare. 25Na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse apon no ho te sɛnea wɔayɛ wɔ afasu no ho no, na wɔabɔ dua nkataso asensɛn ntwironoo no anim. 26Na mfɛnsere hiahiaa wowɔ ntwironoo no afasu no afaafa a na wɔasen mmedua atetare ɔfa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkataso.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 41:1-26

1那人带我进入殿堂,量两边的墙柱,各三米宽。 2殿的入口宽五米,两边的墙各宽二点五米。殿堂面积长二十米,宽十米。 3他到内殿的入口,量两边的墙柱,各一米宽,门宽三米,两边的墙各宽三点五米。 4他量了内殿,长宽各十米。他对我说:“这是至圣所。”

5他又量殿墙,厚三米,殿的外围有厢房,每间宽二米。 6厢房是一层叠一层的,共有三层,每层有三十个房间。殿墙外围有支撑厢房梁木的墙坎,以免梁木插入殿墙中。 7这些厢房的设计是阶梯形的;因此,厢房越往上层越宽,有楼梯自下层经过中层到上层。 8殿的周围有突出的平台,高一竿,构成厢房的根基。 9-10厢房外墙厚二点五米,厢房与祭司房之间的空地宽十米。 11有两个门从空地通往厢房,一南一北。厢房周围与空地相连的平台宽二点五米。

12在殿前空地向西的地方有一栋建筑物,宽三十五米,长四十五米,墙厚二点五米。

13他量了殿,长五十米。殿的院子,那栋建筑物和墙共长五十米。 14殿东边的空地宽五十米。

15他量了殿后面、空地对面的那栋建筑物及其两边走廊的长度,共长五十米。

16圣所、至圣所、院子对面的门廊及它们周围的门槛、格子窗和走廊从地面到窗沿都镶有木板。 17殿的入口和里外四周的墙也按尺寸镶着木板。 18木板上刻着基路伯天使和棕树,两者彼此相间排列。基路伯天使有两个面孔: 19一个是人的脸,面向一边的棕树;一个是狮子的脸,面向另一边的棕树。 20从地板到门以上殿内墙壁上都刻着基路伯天使和棕树。

21圣所的门框是方形的,至圣所前的门框也一样。 22里面有一座木头做的祭坛,高一点五米,宽一米,坛的四角、底及四面都是木造的。他对我说:“这是耶和华面前的桌子。”

23圣所和至圣所各有一道双扇的门, 24每扇都是可以折叠的双页门, 25上面也刻有基路伯天使和棕树,与殿内墙上所刻的一样。门廊上有木造的廊檐。 26圣殿门廊的墙壁上有格子窗和棕树雕刻,厢房都有房檐。