Hesekiel 33 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 33:1-33

Ɔwɛmfo Hesekiel

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, kasa kyerɛ wo manmma na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛ metwe mʼafoa wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfo mma wɔn, 3na ohu sɛ afoa reba abɛko atia asase no a, ɔhyɛn torobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ. 4Na sɛ obi te torobɛnto no nnyigyei na wanna ne ho so, na sɛ afoa no bekum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa ti so. 5Esiane sɛ ɔtee torobɛnto no nnyigyei na wantie kɔkɔbɔ no nti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so. Sɛ otiee kɔkɔbɔ no a, anka onyaa ne ti didii mu. 6Nanso sɛ ɔwɛmfo no hu sɛ afoa no reba na wanhyɛn torobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ afoa no ba bekum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne nti, nanso mɛma ɔwɛmfo no abu owufo no mogya ho akontaa.’ 

7“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israelfi, ɛno nti tie mʼanom nsɛm na fa kɔkɔbɔ a efi me nkyɛn ma wɔn. 8Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Wo omumɔyɛfo, owu na wubewu,’ na sɛ woankasa ankyerɛ no amma wamfi nʼakwan so a, saa omumɔyɛfo no bewu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa. 9Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ sɛ omfi nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne nti, obewu, nanso worenni ne mogya ho fɔ.

10“Onipa ba, ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ ne nea moreka: “Yɛn mfomso ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe, esiane eyinom nti. Na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?” ’ 11Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mʼani nnye amumɔyɛfo wu ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdan fi wɔn akwan so na wonya nkwa. Monnan! Monnan mfi mo amumɔyɛ akwan no so! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwuwu, Israelfi?’ 

12“Ɛno nti onipa ba, ka kyerɛ wo manmma se, ‘Ɔtreneeni trenee rentumi nnye no nkwa wɔ bere a ɔnyɛ osetie; na omumɔyɛfo amumɔyɛ remma ɔnhwe ase wɔ bere a ɔdan fi ho. Sɛ ɔtreneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kan treneeyɛ nti.’ 13Sɛ meka kyerɛ ɔtreneeni sɛ obenya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne treneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kan trenee nneyɛe biara. Obewu wɔ ne bɔne a wayɛ nti. 14Na sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Owu na wubewu,’ na afei ɔdan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ, 15na sɛ ɔsan de bosea ho awowaside ma, na ɔsan de nea wawia ma, na odi ahyɛde a ɛma nkwa so, na wanyɛ bɔne a, ampa ara obenya nkwa, na ɔrenwu. 16Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ nea eye na ɛteɛ, ampa ara obenya nkwa.

17“Nanso wo manmma ka se, ‘Awurade akwan nteɛ.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteɛ. 18Sɛ ɔtreneeni fi ne trenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu. 19Na sɛ omumɔyɛfo dan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ a, obenya nkwa. 20Nanso Israelfi, moka se, ‘Awurade akwan nteɛ.’ Nanso mebu obiara atɛn sɛnea nʼakwan te.”

Wɔkyerɛ Yerusalem Asehwe Ase

21Yɛn asutwa afe a ɛto so dumien no sram a ɛto so du no nnaanum so, ɔbarima bi a waguan afi Yerusalem baa me nkyɛn bɛkae se, “Kuropɔn no ahwe ase!” 22Na anwummere a ade rebɛkye ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na obuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a mitumi kasa.

23Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 24“Onipa ba, nnipa a wɔtete saa nnwiriwii so wɔ Israel asase no so no reka se, ‘Abraham yɛ onipa baako, nanso onyaa asase no nyinaa. Nanso yɛdɔɔso, na nokware wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛn agyapade.’ 25Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mowe nam a mogya wɔ mu, mosom mo anyame na muhwie mogya gu nti, ɛsɛ sɛ mofa asase no ana? 26Mode mo ho to mo afoa so. Moyɛ akyiwade na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ munya asase no ana?’ 

27“Ka eyi kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo Awurade se ni: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kurow no nnwiriwii mu no bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ wuram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandennen ne abodan mu no, ɔyaredɔm bekunkum wɔn. 28Mɛsɛe asase no ama ayɛ amamfo, na nʼahomaso ahoɔden no bɛba awiei na Israel mmepɔw no bɛda mpan a obiara rentwa mu wɔ hɔ. 29Afei wobehu sɛ mene Awurade no, bere a mama asase no ada mpan wɔ akyiwade a wɔayɛ nyinaa nti.’

30“Wo de, onipa ba, wo manmma reka wo ho nsɛm wɔ afasu ho ne afi apon ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho se, ‘Mommra mmetie asɛm a efi Awurade nkyɛn aba.’ 31Me nkurɔfo ba wo nkyɛn, sɛnea wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim betie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn koma mu de, wɔn ani bere asisi mu adenya. 32Nokware, wɔn de, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontode to ɔdɔ nnwom, efisɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.

33“Sɛ eyinom nyinaa ba mu a, na nokware ɛbɛba mu nso, na afei wobehu sɛ odiyifo bi baa wɔn mu.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 33:1-33

Ɔwɛmfoɔ Hesekiel

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, kasa kyerɛ wo ɔman mma na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ metwe mʼakofena wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfoɔ mma wɔn, 3na ɔhunu sɛ akofena reba abɛtia asase no a, ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ. 4Na sɛ obi te totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wanna ne ho so, na sɛ akofena no bɛkum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa tiri so. 5Esiane sɛ ɔtee totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wantie kɔkɔbɔ no enti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. Sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔnyaa ne tiri didii mu. 6Nanso sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu sɛ akofena no reba na wanhyɛne totorobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ akofena no ba bɛkum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne enti, nanso mɛma ɔwɛmfoɔ no abu owufoɔ no mogya ho akonta.’

7“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel efie, ɛno enti tie mʼanum nsɛm na fa kɔkɔbɔ a ɛfiri me nkyɛn ma wɔn. 8Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ao omumuyɛfoɔ owuo na wobɛwuo,’ na sɛ wʼankasa ankyerɛ no amma wamfiri nʼakwan so a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. 9Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ sɛ ɔmfiri nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne enti, ɔbɛwu, nanso worenni ne mogya ho fɔ.

10“Onipa ba, ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ moreka: “Yɛn mfomsoɔ ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe ɛsiane yeinom enti. Na ɛdeɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?” ’ 11Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mʼani nnye amumuyɛfoɔ wuo ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdane firi wɔn akwan so na wɔnya nkwa. Monnane! Monnane mfiri mo amumuyɛ akwan no so! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuwuo, Ao Israel efie?’

12“Ɛno enti onipa ba, ka kyerɛ wo ɔman mma sɛ, ‘Ɔteneneeni tenenee rentumi nye no nkwa wɔ ɛberɛ a ɔnnyɛ ɔsetie; na omumuyɛfoɔ amumuyɛ remma ɔnhwe ase wɔ ɛberɛ a ɔdane firi ho. Sɛ ɔteneneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kane teneneeyɛ enti.’ 13Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ ɔbɛnya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne teneneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kane tenenee adeyɛ biara. Ɔbɛwu wɔ ne bɔne a wayɛ enti. 14Na sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’ na afei ɔdane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, 15na sɛ ɔsane de bosea ho awowasideɛ ma, na ɔsane de deɛ wawia ma, na ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa soɔ, na wanyɛ bɔne a, ampa ara ɔbɛnya nkwa, na ɔrenwu. 16Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, ampa ara ɔbɛnya nkwa.

17“Nanso wo ɔman mma ka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ. 18Sɛ ɔteneneeni firi ne tenenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu. 19Na sɛ omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa. 20Nanso, Ao Israel efie, moka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso mɛbu obiara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ.”

Wɔkyerɛ Yerusalem Ahweaseɛ Ase

21Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so dumienu no bosome a ɛtɔ so edu no nnannum so, ɔbarima bi a wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Kuropɔn no ahwease!” 22Na anwummerɛ a adeɛ rebɛkyeɛ ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na ɔbuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a metumi kasa.

23Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 24“Onipa ba, nnipa a wɔtete saa mmubuiɛ so wɔ Israel asase no so no reka sɛ, ‘Abraham mpo a ɔyɛ onipa baako no, ɔnyaa asase no nyinaa. Enti yɛn a yɛdɔɔso yi nso, nokorɛm, wɔde asase no nyinaa ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’ 25Ɛno enti, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mowe ɛnam a mogya wɔ mu, na mosom mo anyame na mohwie mogya guo enti, ɛsɛ sɛ mofa asase no anaa? 26Mode mo ho to mo akofena so. Moyɛ akyiwadeɛ na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ monya asase no anaa?’

27“Ka yei kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kuro no mmubuiɛ soɔ no bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ wiram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandenden ne abodan mu no, ɔyaredɔm bɛkunkum wɔn. 28Mɛsɛe asase no ama ayɛ afo, na nʼahomasoɔ ahoɔden no bɛba awieeɛ na Israel mmepɔ no bɛda mpan a obiara rentwam hɔ. 29Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mama asase no ada mpan wɔ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa enti.’

30“Wo deɛ, onipa ba, wo ɔman mma reka wo ho nsɛm wɔ afasuo ho ne afie apono ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn aba.’ 31Me nkurɔfoɔ ba wo nkyɛn, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim bɛtie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn akoma mu deɛ wɔn ani bere asisie mu adenya. 32Nokorɛm, wɔn deɛ, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontodeɛ to ɔdɔ nnwom, ɛfiri sɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.

33“Sɛ yeinom nyinaa ba mu a, na nokorɛm ɛbɛba mu nso, na afei wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi baa wɔn mu.”