Hesekiel 34 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 34:1-31

Nguanhwɛfo Ne Nguan

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka Israel nguanhwɛfo a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nguanhwɛfo hwɛ nguankuw no ana? 3Monom nufusu, mode mmoa no ho nwi fura mo ho na mukum mmoa a wɔadodɔ nanso monhwɛ nguankuw no. 4Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den, nsaa ayarefo yare na monkyekyeree apirafo akuru. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmae, na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimɔden na ahwɛ wɔn so. 5Ɛno nti wɔbɔ ahwete, efisɛ wonni ɔhwɛfo bi, na wɔbɔ ahwete no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wuram mmoa nyinaa. 6Me nguan kyinkyin mmepɔw ne nkoko nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn.

7“Enti, mo nguanhwɛfo, muntie Awurade asɛm: 8Nokware, sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, esiane sɛ me nguankuw nni ɔhwɛfo nti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wuram mmoa, na esiane sɛ nguanhwɛfo no anhwehwɛ me nguan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nguan no asaworam 9nti, nguanhwɛfo, muntie Awurade asɛm: 10Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne nguanhwɛfo no anya na mɛma wɔabu me nguankuw no ho akontaa. Meremma wɔnhwɛ nguankuw no bio sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum nguan no nnwe; megye me nguankuw afi wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduan bio.

11“ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ara mɛhwehwɛ me nguan na mahwɛ wɔn so. 12Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan a wɔahwete bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nguan so. Meyi wɔn afi mmeae a wɔhwete kɔɔ wɔ omununkum ne sum kabii da no. 13Mede wɔn befi amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afi nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, subon ne asase no so atenae nyinaa. 14Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔw atenten so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na hɔ na wɔbɛwe sare frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔw so. 15Me ara mɛhwɛ me nguan na mama wɔadeda hɔ. Awurade asɛm ni. 16Mɛhwehwɛ nea wayera na mede nea wabɔ ko asan aba. Mɛkyekyere nea wapira no akuru, na mahyɛ nea ɔyɛ mmerɛw no den, nanso nea wadɔ ne nea ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede trenee bɛhwɛ nguankuw no.

17“ ‘Na mo, me nguankuw, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn ne mpapo ne adwennini ntam. 18Adidibea papa a mudidi so no, ɛyɛ ade ketewa ma mo ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan tiatia mo adidibea a aka no nso so ana? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsu a ani yɛ kurunnyenn ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan fono nkae no ana? 19Ɛsɛ sɛ me nguankuw di nea moatiatia so na wɔnom nea mode mo anan afon ana?

20“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mebu nguan a wɔadodɔ ne nguan a wɔafonfɔn ntam atɛn. 21Esiane sɛ, mode mo nkyɛn mu ne mmati puapua nguan a wonni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kosi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri nti, 22megye me nguankuw na wɔremfom wɔn bio. Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn. 23Mɛma oguanhwɛfo baako, me somfo Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo. 24Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na me somfo Dawid ayɛ wɔn mu obirɛmpɔn. Me Awurade na maka.

25“ ‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛnea wobetumi atena sare so na wɔadeda kwae mu asomdwoe mu. 26Mehyira wɔn ne mmeae a atwa me pampa ho ahyia. Mɛtɔ obosu wɔ ne bere mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosu. 27Mfuw so nnua bɛsow wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduan. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mibubu wɔn konnua na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam a wobehu sɛ mene Awurade no. 28Amanaman no remfow wɔn bio, na wuram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoe mu na obiara renhunahuna wɔn. 29Na mɛma wɔn asase a ɛsow nnɔbae ama agye din, na aduankɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no. 30Afei wobehu sɛ me Awurade, wɔn Nyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israelfi, yɛ me nkurɔfo; Otumfo Awurade asɛm ni. 31Mo, me nguan, mʼadidibea nguan yɛ me nkurɔfo, na mene mo Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 34:1-31

Nnwanhwɛfoɔ Ne Nnwan

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ hwɛ nnwankuo no anaa? 3Monom nufosuo, mode mmoa no ho nwi fira mo ho na mokum mmoa a wɔadɔre nanso monhwɛ nnwankuo no. 4Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛ no den, nsaa ayarefoɔ yadeɛ na monkyekyeree apirafoɔ akuro. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmaeɛ na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimuɔden na ahwɛ wɔn so. 5Ɛno enti wɔbɔ hweteeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔbɔ hweteeɛ no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wiram mmoa nyinaa. 6Me nnwan kyinkyini mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn.

7“ ‘Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm: 8Nokorɛm, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, ɛsiane sɛ me nnwankuo nni ɔhwɛfoɔ enti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wiram mmoa, na ɛsiane sɛ nnwanhwɛfoɔ no anhwehwɛ me nnwan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nnwan no asaworam 9enti, nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm: 10Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne nnwanhwɛfoɔ no anya na mɛma wɔabu me nnwankuo no ho akonta. Memma wɔnhwɛ nnwankuo no bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkum nnwan no nnwe; mɛgye me nnwankuo afiri wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduane bio.

11“ ‘Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mahwɛ wɔn so. 12Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan a wɔahwete ɛberɛ a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan so. Mɛyi wɔn afiri mmea mmea a wɔhwete kɔeɛ wɔ omununkum ne esum ɛda no. 13Mede wɔn bɛfiri amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, subɔnhwa ne asase no so atenaeɛ nyinaa. 14Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔ atentene so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na ɛhɔ na wɔbɛwe ɛserɛ frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔ so. 15Me ara mɛhwɛ me nnwan na mama wɔadeda hɔ. Awurade asɛm nie. 16Mɛhwehwɛ deɛ wayera na mede deɛ wabɔ ko asane aba. Mɛkyekyere deɛ wapira no akuro, na mahyɛ deɛ ɔyɛ mmerɛ no den, nanso deɛ wadɔre ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede tenenee bɛhwɛ nnwankuo no.

17“ ‘Na mo, me nnwankuo, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn ne mpapo ne nnwennini ntam. 18Adidibea papa a modidi soɔ no, ɛyɛ ade ketewa ma mo anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan tiatia mo adidibea a aka no nso so anaa? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsuo a ani yɛ korɔgyenn anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan hono nkaeɛ no anaa? 19Ɛsɛ sɛ me nnwankuo di deɛ moatiatia so na wɔnom deɛ mode mo nan ahono anaa?

20“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre ne nnwan a wɔafonfɔn ntam atɛn. 21Esiane sɛ, mode mo nkyɛnmu ne mmatire puapua nnwan a wɔnni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kɔsi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri enti, 22mɛgye me nnwankuo na wɔrenfom wɔn bio. Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn. 23Mɛma odwanhwɛfoɔ baako, me ɔsomfoɔ Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ. 24Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na me ɔsomfoɔ Dawid ayɛ wɔn mu ɔberempɔn. Me Awurade na maka.

25“ ‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛdeɛ wɔbɛtumi atena ɛserɛ so na wɔadeda kwaeɛ mu asomdwoeɛ mu. 26Mɛhyira wɔn ne mmea mmea a atwa me kokoɔ ho ahyia. Mɛtɔ bosuo wɔ ne berɛ mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosuo. 27Mfuo so nnua bɛso wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduane. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mɛbubu wɔn kɔnnua na magye wɔn afiri wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. 28Amanaman no renyɛ wɔn fomfa adeɛ bio, na wiram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoeɛ mu na obiara renhunahuna wɔn. 29Na mɛma wɔn asase a ɛso nnɔbaeɛ ama agye din, na aduanekɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no. 30Afei wɔbɛhunu sɛ me Awurade, wɔn Onyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israel efie yɛ me nkurɔfoɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 31Mo, me nnwan, mʼadidibea nnwan yɛ me nkurɔfoɔ, na mene mo Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”