Galatifo 4 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Galatifo 4:1-31

1Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodow a ɔdedifo no yɛ abofra no, ɛwɔ mu sɛ agyapade no nyinaa hyɛ ne nsa de, nanso nsonoe biara nna ɔno ne akoa ntam. 2Esiane sɛ onnyinii no nti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kosi bere a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnan agyapade no mma no no.

Onyankopɔn Tɔɔ Ahofadi Maa Yɛn

3Saa ara na na yɛn nso yɛte. Na yɛte sɛ mmofra a wiase ahonhom dii yɛn so. 4Nanso bere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbea woo no wɔ Mmara ase 5sɛ ommegye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase, sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. 6Esiane sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn koma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.” 7Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.

Galatifo Ho Hia Paulo

8Mmere bi a atwam no, na munnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame. 9Nanso afei a moahu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na mopɛ sɛ modan mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio? 10Mudi nna, asram, nnapɔnna ne mfe bi. 11Misuro sɛ ɔkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.

12Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, efisɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. 13Sɛnea munim no, bere a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede ɔyare na ɛbae. 14Ɛwɔ mu sɛ na me yare no haw mo de, nanso moampo me. Mmom, mugyee me sɛnea mubegye Onyankopɔn bɔfo; mugyee me sɛnea mubegye Kristo Yesu. 15Anigye a mowɔ no nyinaa afa he? Metumi aka se, sɛ mubetumi a anka mubetutu mo ani de ama me. 16Nokware a meka kyerɛ mo nti na afei mabɛyɛ mo tamfo yi?

17Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wonni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtetew me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho. 18Eye sɛ mobɛyɛ nsi bere biara, bere a mewɔ mo nkyɛn ne bere a minni mo nkyɛn mpo. 19Me mma pa, mo a mo nti merehu awoyaw bio kosi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no, 20mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masakra ɔkwan a mefa so kasa, efisɛ me tirim ntew me wɔ mo ho.

Hagar Ne Sara

21Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara no ase no, munnim nea mmara no ka no ana? 22Wɔakyerɛw se, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo ɔbaako na ɔne ɔbea bi a ɔde ne ho nso woo ɔbaako. 23Wɔwoo afena ba no wɔ ɔhonam kwan so, na Onyankopɔn bɔhyɛ nti na ɔbea a ɔde ne ho no nso woo ne ba no.

24Saa asɛm yi yɛ mfatoho efisɛ saa mmea baanu yi gyina hɔ ma apam abien. Apam baako fi bepɔw Sinai so, na egyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar. 25Hagar gyina hɔ ma bepɔw Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, efisɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu. 26Nanso Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no de, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn na. 27Efisɛ wɔakyerɛw se,

“Ao ɔbea a woyɛ obonin, di ahurusi,

wo a wonwoo da;

ma wo nne so na teɛ mu,

wo a awo nkaa wo da,

efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso

sen nea ɔwɔ kunu.”

28Me nuanom mmea ne mmarima, bɔhyɛ no nti na wɔwoo mo sɛnea wɔwoo Isak no. 29Saa bere no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa nea wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na nnɛ yi nso ɛte saa. 30Na Kyerɛwsɛm no ka dɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi fi ha; efisɛ afenaa babarima no ne ɔdehye no renkyɛ agyapade no.” 31Enti anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom yɛyɛ ɔbea a ɔde ne ho no mma.

King James Version

Galatians 4:1-31

1Now I say, That the heir, as long as he is a child, differeth nothing from a servant, though he be lord of all; 2But is under tutors and governors until the time appointed of the father. 3Even so we, when we were children, were in bondage under the elements of the world: 4But when the fulness of the time was come, God sent forth his Son, made of a woman, made under the law, 5To redeem them that were under the law, that we might receive the adoption of sons. 6And because ye are sons, God hath sent forth the Spirit of his Son into your hearts, crying, Abba, Father. 7Wherefore thou art no more a servant, but a son; and if a son, then an heir of God through Christ.

8Howbeit then, when ye knew not God, ye did service unto them which by nature are no gods. 9But now, after that ye have known God, or rather are known of God, how turn ye again to the weak and beggarly elements, whereunto ye desire again to be in bondage? 10Ye observe days, and months, and times, and years. 11I am afraid of you, lest I have bestowed upon you labour in vain.

12Brethren, I beseech you, be as I am; for I am as ye are: ye have not injured me at all. 13Ye know how through infirmity of the flesh I preached the gospel unto you at the first. 14And my temptation which was in my flesh ye despised not, nor rejected; but received me as an angel of God, even as Christ Jesus. 15Where is then the blessedness ye spake of? for I bear you record, that, if it had been possible, ye would have plucked out your own eyes, and have given them to me. 16Am I therefore become your enemy, because I tell you the truth? 17They zealously affect you, but not well; yea, they would exclude you, that ye might affect them. 18But it is good to be zealously affected always in a good thing, and not only when I am present with you. 19My little children, of whom I travail in birth again until Christ be formed in you, 20I desire to be present with you now, and to change my voice; for I stand in doubt of you.

21Tell me, ye that desire to be under the law, do ye not hear the law? 22For it is written, that Abraham had two sons, the one by a bondmaid, the other by a freewoman. 23But he who was of the bondwoman was born after the flesh; but he of the freewoman was by promise. 24Which things are an allegory: for these are the two covenants; the one from the mount Sinai, which gendereth to bondage, which is Agar. 25For this Agar is mount Sinai in Arabia, and answereth to Jerusalem which now is, and is in bondage with her children. 26But Jerusalem which is above is free, which is the mother of us all. 27For it is written, Rejoice, thou barren that bearest not; break forth and cry, thou that travailest not: for the desolate hath many more children than she which hath an husband. 28Now we, brethren, as Isaac was, are the children of promise. 29But as then he that was born after the flesh persecuted him that was born after the Spirit, even so it is now. 30Nevertheless what saith the scripture? Cast out the bondwoman and her son: for the son of the bondwoman shall not be heir with the son of the freewoman. 31So then, brethren, we are not children of the bondwoman, but of the free.