Atemmufo 10 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 10:1-18

Tola Bɛyɛ Israel So Temmufo

1Abimelek wu akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba begyee Israel. Na ofi Isakar abusuakuw mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. 2Ɔyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abiɛsa. Owui no, wosiee no wɔ Samir.

Yair Bɛyɛ Israel So Temmufo

3Tola wu akyi no, Yair a ofi Gilead bɛyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abien. 4Na ne mmabarima aduasa tena wɔn mfurum so kyinkyin, na wodi nkurow aduasa so wɔ Gilead asase so, a ebesi nnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkurow. 5Yair wui na wosiee no Kamon.

Amonfo Hyɛ Israelfo So

6Bio, Israelfo yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filisti anyame. Wɔtwee wɔn ho fii Awurade ho a wɔansom no koraa. 7Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amorifo nsa, 8na wofii ase hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Amorifo (wɔ Gilead) asase no so mfe dunwɔtwe. 9Amorifo no nso twaa Yordan kɔɔ atɔe fam kɔtow hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfo kɔɔ ahokyere kɛse mu. 10Afei Israelfo su frɛɛ Awurade se, “Yɛayɛ bɔne atia wo, efisɛ yɛatwe yɛn ho afi yɛn Nyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.”

11Awurade buae se, “Mannye mo amfi Misraimfo, Amorifo, Amonfo, Filistifo, 12Sidonfo, Amalekfo ne Maonfo nsam? Bere a wɔhyɛɛ mo so no, musu frɛɛ me na migyee mo. 13Nanso moagyaw me akɔsom anyame foforo. Ɛno nti, merennye mo bio. 14Munkosu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wonnye mo bere a morehu amane yi.”

15Nanso Israelfo no kɔɔ so srɛɛ Awurade se, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛnea ɛfata. Nanso gye yɛn fi yɛn atamfo nsam nnɛ.” 16Na Israelfo no tow ananafo anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraw no wɔ wɔn ahokyere no ho.

17Saa bere no na Amonfo asraafo aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Israel asraafo so wɔ Mispa. 18Na Gilead ntuanofo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Obiara a obedi kan atow ahyɛ Amonfo so no bɛyɛ nea obedi Gileadfo nyinaa so.”