Atemmufo 11 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 11:1-40

Yefta Bɛyɛ Israel So Temmufo

1Gileadni Yefta yɛ ɔkofo kɛse. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne na yɛ ɔbea guamanfo. 2Gilead yere woo mmabarima bebree, na saa mmabarima no nyinyinii no, wɔpam Yefta fii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no se, “Worennya yɛn agya agyapade biara, efisɛ woyɛ ɔbea guamanfo bi ba.” 3Enti Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛ, onyaa atuatewfo bebree bedii nʼakyi.

4Bere koro yi ara, Amonfo de ɔko bɛkaa Israel. 5Bere a Amonfo tow hyɛɛ Israelfo so no, Gilead mpanyimfo soma kɔfaa Yefta fii Tob asase so bae. Wɔka kyerɛɛ no se, 6“Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfo nko.”

7Yefta bisaa wɔn se, “Ɛnyɛ mo na motan me, pam me fii mʼagya fi no? Adɛn nti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?”

8Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta se, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wudi yɛn anim ma yɛko tia Amonfo a, yɛbɛyɛ wo Gileadfo nyinaa sodifo.”

9Yefta buae se, “Sɛ me ne mo kɔ na Awurade ma midi Amonfo so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifo ana?”

10Gilead ntuanofo no buaa no se, “Awurade ne yɛn dansefo. Yɛbɛyɛ sɛnea woka biara.” 11Enti Yefta ne ntuanofo no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifo ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ Awurade anim.

12Afei, Yefta somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene nkyɛn se wonkobisa no nea enti a ɔrebɛtow ahyɛ Israel so. 13Amonfo hene buaa Yefta abɔfo no se, “Bere a Israel fii Misraim bae no, wɔfaa mʼasase a efi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, toa so kosi Yordan. Enti san fa mʼade ma me asomdwoe mu.”

14Na Yefta san somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene hɔ se,

15“Sɛnea Yefta se ni: Israel amfa Moab asase anaa Amonfo asase biara. 16Bere a Israelfo tuu kwan fii Misraim, twaa Po Kɔkɔɔ na woduu Kades no, 17wɔsomaa abɔfo kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfo tenaa Kades.

18“Ne korakora ne sɛ, wɔnam sare so twa faa Edom ne Moab ho hyiae. Wɔfaa Edom apuei fam hye so kyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so.

19“Afei, Israelfo somaa abɔfo kɔɔ Amorihene Sihon a odii ade fi Hesbon na wɔsrɛɛ kwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ no. 20Nanso esiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfo mu gyidi nti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas ma wɔtow hyɛɛ wɔn so.

21“Na Awurade, Israel Nyankopɔn, maa ne nkurɔfo dii ɔhene Sihon so. Enti Israelfo faa Amorifo asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu, 22fi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, fi sare no so de kosi Yordan nyinaa dii so.

23“Enti moahu, ɛyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn na ogyee asase no fii Amorifo nsam na ɔde maa Israel. Adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo? 24Nea mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, nea Awurade, yɛn Nyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa. 25So wosen Mosen, Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel hamee anaa koe ana? 26Na afei, mfe ahaasa akyi na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa bere tenten yi, wɔatrɛw afi Hesbon asase so, akosi Aroer ne nkurow no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn nti na mmere sann yi moanyɛ mo adwene sɛ mubegye asase yi? 27Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ motow hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ otemmufo no mmua nnɛ, sɛ yɛn mu hena na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.”

28Nanso Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛnhia.

Yefta Ntam

29Saa bere no, Awurade Honhom baa Yefta so maa ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na odii asraafo anim tow hyɛɛ Amonfo so. 30Na Yefta hyɛɛ Awurade bɔ. Ɔkae se, “Sɛ woma midi Amonfo so a, 31mede ade a ebedi kan afi me fi abehyia me bere a mede nkonimdi reba no, bɛma Awurade. Mede bɛma no sɛ ɔhyew afɔre.”

32Ɛnna Yefta dii nʼakofo anim tiaa Amonfo, na Awurade ma odii nkonim. 33Odii Amonfo so pasaa, sɛee nkurow bɛyɛ aduonu, fii Aroer de kosii baabi a ɛbɛn Minit, kɔe ara kosii Abel-Keramim. Saa kwan yi so na Israelfo fa kaa Amonfo hyɛe.

34Bere a Yefta fi akono kɔɔ ne fi wɔ Mispa no, ne babea, a ɔyɛ ne ba koro no, tuu mmirika behyiaa no a ɔrebɔ akasae, na anigye nti, ɔresaw. 35Yefta huu no no, ɔde awerɛhow sunsuan ne ntade mu, teɛɛ mu se, “Ao, me ba! Woabrɛ me ase na matetew apansam. Na maka Awurade ntam na merentumi mmu so.”

36Ne babea no buae se, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛnea woahyɛ bɔ no, efisɛ Awurade ama woadi wʼatamfo a wɔyɛ Amonfo no so nkonim. 37Nanso nea edi kan no, ma memforo mmepɔw nkokyinkyin so na me ne me nnamfonom nsu asram abien, efisɛ mewu sɛ ababaa a minhuu ɔbarima da.”

38Yefta ka kyerɛɛ no se, “Wutumi kɔ.” Enti ɔmaa no kɔ kodii asram abien. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔw no so kosui, efisɛ ɔrennya mma. 39Bere a ɔsan baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti owui sɛ ababaa a onhuu ɔbarima da.

Eyi abɛyɛ amanne wɔ Israel 40ama Israel mmabun sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akodi nnaanan na wɔakosu Yefta babea no nkrabea.