Asomafo 8 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 8:1-40

Wɔtaa Akyidifo No Ma Wɔbɔ Ahwete

1Saulo penee kum a wokum Stefano no so. Saa da no ara, wɔtaa agyidifo a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔɔ ahwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so ma ɛkaa asomafo no nko ara. 2Onyamesurofo bi kɔfaa Stefano kosiee no. Wosuu no yiye. 3Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ogu asafo no nti ɔkɔɔ afi mu kɔkyekyeree agyidifo mmarima ne mmea de wɔn guu afiase.

Filipo Ka Asɛmpa No Wɔ Samaria

4Agyidifo a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔe. 5Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. 6Bere a nnipakuw no tee asɛm a Filipo reka na wohuu anwonwade a ɔyɛe no, wɔn nyinaa tiee no. 7Ahonhommɔne de nteɛteɛmu fii nnipa bebree mu. Saa ara na mmubuafo ne mpakye nso sɔre nantewee. 8Eyi nti anigye baa Samaria.

Simon Nkonyaayifo No

9Na ɔbarima bi te saa kurow yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifo a esiane ne nkonyaayi no nti Samariafo pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ odi mu. 10Eyi maa nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa gyee no too mu kae se, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛse no.” 11Esiane ne nkonyaa a na oyi no nti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi. 12Bere a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din no ho dii no, wɔbɔɔ mmarima ne mmea nyinaa asu. 13Simon nso gye dii ma wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔe no, Simon dii nʼakyi. Anwonwade a ohuu no maa ne ho dwiriw no.

14Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. 15Woduu hɔ no, wɔbɔɔ mpae maa agyidifo no sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron bɛba wɔn so, 16efisɛ saa bere no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so ɛ. 17Afei Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.

18Simon huu sɛ asomafo no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛma wonyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, 19“Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa begu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”

20Petro ka kyerɛɛ no se, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, efisɛ wususuw sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛde no. 21Wunni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadi yi mu, efisɛ wo koma mu ntew wɔ Onyankopɔn anim. 22Sakra wʼadwene fi wo bɔne yi ho na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. 23Mihu sɛ anibere bɔne ahyɛ wo koma mu ama bɔne afa wo nnommum.”

24Simon srɛɛ Petro ne Yohane se, “Mommɔ mpae mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”

25Ansa na Petro ne Yohane redu Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.

Filipo Ne Etiopiani No

26Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Filipo se, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafo kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so.” 27Bere a Filipo rekɔ no, ohyiaa Etiopiani piamni bi a ɔyɛ Etiopiahemmea Kandake dabeni8.27 Dabeni: Obi a ɔhwɛ ɔhene anaa ɔhemmea nnabea ne nʼahode so.. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem, 28a na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ fie. Na ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no. 29Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo se, “Twiw bɛn no.”

30Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa se, “Wote nea worekenkan yi ase ana?”

31Piamni no buaa no se, “Mɛyɛ dɛn na mate ase? Gye sɛ obi kyerɛ me ase.” Afei ɔka kyerɛɛ Filipo se ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.

32Na piamni no rekenkan saa Kyerɛwsɛm yi:

“Ɔte sɛ oguamma a wɔrekokum no.

Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no,

saa ara na wammue nʼano.

33Nʼanimguase mu, wannya odimafo.

Na hena na ɔbɛka nʼasefo ho asɛm?

Efisɛ woyii no fii asase yi so.”

34Piamni no bisaa Filipo se, “Odiyifo no reka nʼankasa ho asɛm anaa obi foforo ho asɛm?” 35Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho no kyerɛɛ no.

36Wɔrekɔ no woduu asu bi ho. Piamni no ka kyerɛɛ Filipo se, “Nsu ni. Dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɔ me asu?” 37Filipo ka kyerɛ no se, “Sɛ wufi wo koma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Piamni no buaa no se, “Migye di. Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.” 38Piamni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinae. Ɔne Filipo kɔɔ asu no ho ma ɔbɔɔ no asu. 39Wofi nsu no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo fii piamni no nkyɛn kɔe. Wanhu Filipo bio de, nanso ɔde anigye toaa nʼakwantu no so. 40Filipo kopuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkurow no mu kosii sɛ okoduu Kaesarea.

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 8:1-40

Wɔtaa Agyidifoɔ No

1Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa ɛda no ara, wɔtaa agyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara. 2Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie. 3Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ɔgu asafo no enti, ɔkɔɔ afie mu kɔkyekyeree agyidifoɔ mmarima ne mmaa de wɔn guu afiase.

Filipo Ka Asɛmpa No Wɔ Samaria

4Agyidifoɔ a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔeɛ. 5Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. 6Ɛberɛ a nnipakuo no tee asɛm a Filipo reka na wɔhunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no, wɔn nyinaa tiee no. 7Ahonhommɔne de nteateam firii nnipa bebree mu. Saa ara nso na mmubuafoɔ ne mpakye nso sɔre nanteeɛ. 8Yei enti, anigyeɛ baa Samaria.

Simon Nkonyaayifoɔ No

9Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu. 10Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.” 11Esiane ne nkonyaa a na ɔyi no enti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi. 12Ɛberɛ a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn Ahennie ne Yesu Kristo din no ho diiɛ no, wɔbɔɔ mmarima ne mmaa nyinaa asu. 13Simon nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔeɛ no, Simon dii nʼakyi. Anwanwadeɛ a ɔhunuiɛ no ma ne ho dwirii no.

14Ɛberɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. 15Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa agyidifoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Honhom Kronkron bɛba wɔn so, 16ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so. 17Afei, Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.

18Simon hunuu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛmaa wɔnyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, 19“Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa bɛgu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”

20Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, ɛfiri sɛ, wosusu sɛ wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no. 21Wonni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, wʼakoma mu nte wɔ Onyankopɔn anim. 22Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. 23Mehunu sɛ anibereɛ bɔne ahyɛ wʼakoma mu ama bɔne afa wo dommum.”

24Simon srɛɛ Petro ne Yohane sɛ, “Mommɔ mpaeɛ mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”

25Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.

Filipo Ne Etiopiani No

26Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafoɔ ɛkwan a ɛfiri Yerusalem kɔ Gasa no so.” 27Ɛberɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni8.27 Dabeni: Obi a ɔhwɛ ɔhene anaa ɔhemmaa daberɛ ne nʼahodeɛ so. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ efie. 28Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no. 29Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.”

30Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?”

31Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.

32Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi,

“Ɔte sɛ odwammaa a wɔrekɔku no.

Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no,

saa ara na wammue nʼano.

33Nʼanimguaseɛ mu, wannya odimafoɔ.

Na hwan na ɔbɛka nʼasefoɔ ho asɛm?

Ɛfiri sɛ, wɔyii no firii asase yi so.”

34Dabeni no bisaa Filipo sɛ, “Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?” 35Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.

36Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Nsuo nie. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan sɛ wobɔ me asu?” 37Filipo ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ wofiri wʼakoma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Dabeni no buaa no sɛ, “Megye di. Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.” 38Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinaeɛ. Ɔne Filipo kɔɔ nsuo no ho maa ɔbɔɔ no asu. 39Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so. 40Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no mu kɔsii sɛ ɔkɔduruu Kaesarea.