Asomafo 7 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 7:1-60

Stefano Yi Ne Ho Ano

1Ɔsɔfopanyin no bisaa Stefano se, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokware ana?”

2Stefano buae se, “Anuanom ne agyanom, muntie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebefi Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ no, 3ka kyerɛɛ no se, ‘Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’

4“Enti ofii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wu akyi no Onyankopɔn ma ɔbɛtenaa asase a mote so mprempren yi so. 5Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa de. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefo nyinaa dea. Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi na onni mma. 6Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo bɛtena ananafo asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan. 7Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wobefi saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’ 8Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Eyi nti wɔwoo Isak nnaawɔtwe akyi na wotwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara na Yakob twitwaa agyanom mpanyin dumien no nso twetia.

9“Agyanom mpanyin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso esiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa nti 10oyii no fii ne haw nyinaa mu. Ɔmaa Yosef nyansa na Misraimhene Farao pɛɛ nʼasɛm. Eyi maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfi hɔ nyinaa sohwɛfo.

11“Saa bere no mu na ɔkɔm kɛse ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduan mpo nni. 12Enti bere a Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom ma wɔkɔɔ hɔ nea edi kan. 13Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so ma Farao huu Yosef abusuafo. 14Yosef kraa nʼagya Yakob se ɔne nʼabusuafo nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodow yɛ aduɔson anum. 15Afei, Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwui. 16Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kosiee wɔn wɔ Abraham asiei bi a ɔtɔ fii Hamor abusua mu no hɔ.

17“Bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no bere redu no, na yɛn nkurɔfo a wɔwɔ Misraim no ase atrɛw. 18Akyiri no, ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm. 19Saa ɔhene yi de atirimɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn ma wɔtotow wɔn mma gui sɛnea ɛbɛyɛ a wobewuwu.

20“Saa bere yi mu na wɔwoo Mose a na okura Onyankopɔn anuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya fi asram abiɛsa, 21na woyii no fii hɔ no, Farao babea kɔfaa no de no baa ne fi hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. 22Wɔtetew no wɔ Misraimfo nimdeɛ mu ma ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu.

23“Mose dii mfe aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfo. 24Oduu hɔ no ohuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kum Misraimni no. 25Mose susuw sɛ nʼankasa nkurɔfo behu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho nanso wɔante ase. 26Ade kyee no, ohuu sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom ana?’

27“Nea ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo? 28Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no ana?’ 29Mose tee saa no, otu fii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu.

30“Mfe aduanan akyi no, ɔbɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ sare bi a ɛbɛn bepɔw Sinai no so. 31Nea Mose huu no maa ne ho dwiriw no enti otwiw bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yiye. Ɔtee Awurade nne se, 32‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ.

33“Awurade ka kyerɛɛ Mose se, ‘Worɔw wo mpaboa, efisɛ faako a wugyina no yɛ asase kronkron. 34Mahwɛ na mahu atirimɔden a wɔde yɛ me manfo a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebegye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’

35“Saa Mose yi ne obi a Israelfo poo no bere a wobisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura a ɛrehyew no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanyin ne ogyefo. 36Ɔno na ɔnam anwonwade ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfo fii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no, dii wɔn anim wɔ sare so mfe aduanan no.

37“Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfo se, sɛnea Onyankopɔn somaa me no, saa ara na obeyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo mu aba mo nkyɛn. 38Ɔno ne obi a ɔne Israelfo yɛɛ nhyiamu wɔ sare no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔw no so no. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.

39“Nanso yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsan kɔ Misraim asase so bio. 40Enti wɔka kyerɛɛ Aaron se, ‘Yɛ ahoni bi a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yennim asɛm a ato saa Mose a oyii yɛn fii Misraim asase so no!’ 41Wɔyɛɛ nantwi ba sɛso honi bi bɔɔ afɔre maa no, gyee wɔn ani sɛnea ɛsɛ. 42Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu se,

“ ‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me

mfe aduanan wɔ sare so ana?

43Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,

ne mo honi Rɛfan so;

wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

Saa nti mɛpam mo akogu Babilonia akyi.’

44“Saa bere no na ntamadan a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka ne manfo ho no ka yɛn agyanom ho wɔ sare so hɔ. Mose sii ntamadan yi sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ onsi no no ara pɛ. 45Akyiri no, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntamadan no baa asase a Onyankopɔn pam so nnipa de maa wɔn no so. Esii hɔ ara kosii Dawid bere so. 46Onyankopɔn hyiraa Dawid enti obisaa Onyankopɔn se ɔmma onsi asɔredan mma Yakob Nyankopɔn. 47Nanso Salomo na osii dan no maa Onyankopɔn.

48“Nanso ɔsorosoro Nyankopɔn nte ɔdan a nnipa asi mu, sɛnea odiyifo no ka se,

49“ ‘Ɔsoro yɛ mʼahengua,

Awurade na ose.

Na asase yɛ mʼanan ntiaso.

Ɔdan bɛn na wubesi ama me?

Na mʼahomegyebea wɔ he?

50Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ eyinom nyinaa?’

51“Mo asoɔdenfo, mo a mo koma apirim na muntie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso daa musiw Honhom Kronkron no ho kwan. 52Odiyifo bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no ana? Wokum Onyankopɔn asomafo a wodii kan bɔɔ ɔtreneeni a ɔbɛba no ho dawuru. Saa ara nso na moapa no, akum no. 53Mo ara ne nnipa a monam abɔfo so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.”

Wosiw Stefano Abo

54Agyinatufo no tee asɛm a Stefano kae no, wɔn bo fuw yiye. 55Nanso Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu Kristo sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa so. 56Stefano kae se, “Mihu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”

57Wɔteɛteɛɛ mu de wɔn nsa sisiw wɔn aso. Afei wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔtow hyɛɛ no so, 58twee no kɔɔ kurotia kosiw no abo. Wɔn a wosiw no abo no yiyii wɔn ntama de maa aberante bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.

59Wɔresiw Stefano abo no nyinaa na ɔrebɔ mpae se, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” 60Afei obuu nkotodwe teɛɛ mu dennen se, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa no, owui.

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 7:1-60

Stefano Yi Ne Ho Ano

1Ɔsɔfopanin no bisaa Stefano sɛ, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokorɛ anaa?”

2Stefano buaa sɛ, “Anuanom ne agyanom, montie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebɛfiri Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanimuonyam adi kyerɛɛ no, 3ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi wʼabusuafoɔ nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’

4“Enti, ɔfirii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wuo akyi no, Onyankopɔn maa ɔbɛtenaa asase a mote so seesei yi so. 5Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa dea. Nanso, Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefoɔ nyinaa dea. Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na ɔnni mma. 6Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ bɛtena ananafoɔ asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan. 7Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wɔbɛfiri saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’ 8Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Yei enti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wɔtwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanin dumienu no twetia.

9“Agyanom mpanin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no maa ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso, ɛsiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa enti, 10ɔyii no firii ne haw nyinaa mu. Ɛberɛ a Yosef bɛpuee Misraimhene Farao anim no, Onyankopɔn dom no ahobrɛaseɛ ne nyansa. Yei maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfie hɔ sohwɛfoɔ.

11“Saa ɛberɛ no mu, ɛkɔm kɛseɛ ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduane mpo nni. 12Enti, ɛberɛ a Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom maa wɔkɔɔ hɔ deɛ ɛdi ɛkan. 13Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao hunuu Yosef abusuafoɔ. 14Yosef kraa nʼagya Yakob sɛ ɔne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduɔson enum. 15Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwuiɛ. 16Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn wɔ Abraham asieeɛ bi a ɔtɔ firii Hamor abusua mu no mu.

17“Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no berɛ reduru no, na yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Misraim no ase atrɛ. 18Akyire no, ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. 19Saa ɔhene yi de atirimuɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn maa wɔtotoo wɔn mma guiɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛwuwu.

20“Saa ɛberɛ yi mu na wɔwoo Mose a na ɔkura Onyankopɔn animuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya efie abosome mmiɛnsa, 21na wɔyii no firii hɔ no, Farao babaa kɔfaa no de no baa ne fie hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. 22Wɔtetee no Misraimfoɔ nimdeɛ mu maa ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛeɛ mu.

23“Mose dii mfeɛ aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfoɔ. 24Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kumm Misraimni no. 25Mose susuu sɛ nʼankasa nkurɔfoɔ bɛhunuu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔante aseɛ. 26Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moatwa mo ho reko? Monnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’

27“Deɛ ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ? 28Wopɛ sɛ wokum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa?’ 29Ɛberɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmammarima baanu.

30“Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wira bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ ɛserɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so. 31Deɛ Mose hunuiɛ no maa ne ho dwirii no enti ɔtwe bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yie. Ɔtee Awurade nne sɛ, 32‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn.’ Ehu kaa Mose enti wantumi anhwɛ.

33“Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Worɔ wɔ mpaboa, ɛfiri sɛ, faako a wogyina no yɛ asase kronkron. 34Mahwɛ na mahunu atirimuɔden a wɔde yɛ me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no. Mate apinie a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebɛgye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’

35“Saa Mose yi ne obi a Israelfoɔ poo no ɛberɛ a wɔbisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wira a ɛrehyeɛ no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanin ne ɔgyefoɔ. 36Ɔno na ɔnam anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ so yii Israelfoɔ firii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan no.

37“Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo mu aba mo nkyɛn. 38Ɔno ne obi a ɔne Israelfoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ ɛserɛ no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔ no so no, na na saa ɛberɛ no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.

39“Nanso, yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsane kɔ Misraim asase so bio. 40Enti, wɔka kyerɛɛ Aaron, sɛ, ‘Yɛ ahoni bi a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnnim asɛm a ato saa Mose a ɔyii yɛn firii Misraim asase so no!’ 41Wɔyɛɛ nantwie ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔdeɛ maa no, gyee wɔn ani sɛdeɛ ɛsɛ. 42Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho ma wɔsomm ɔsoro nsoromma sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ nwoma mu sɛ,

“ ‘Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me

mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?

43Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame

ne mo honi Rɛfan so;

wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

Saa enti, mɛpam mo makɔgu Babilonia akyi.’

44“Saa ɛberɛ no na ntomadan a ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ka ne manfoɔ ho no ka yɛn agyanom ho wɔ ɛserɛ so hɔ. Mose sii ntomadan yi sɛdeɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnsi no no ara pɛ. 45Akyire yi, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntomadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Ɛsii hɔ ara kɔsii Dawid ɛberɛ so. 46Onyankopɔn hyiraa Dawid enti ɔbisaa Onyankopɔn sɛ ɔmma ɔnsi asɔredan mma Yakob Onyankopɔn. 47Nanso, Salomo na ɔsii dan no maa Onyankopɔn.

48“Nanso, ɔsorosoro Onyankopɔn nte ɛdan a nnipa asi mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ,

49“ ‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa,

na asase yɛ me nan ntiasoɔ.

Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?

Awurade na ɔseɛ.

Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?

50Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ yeinom nyinaa?’

51“Mo asoɔdenfoɔ, mo a mo akoma apirim na montie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso, daa mosi Honhom Kronkron no ho kwan. 52Odiyifoɔ bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wɔkumm Onyankopɔn asomafoɔ a wɔdii ɛkan bɔɔ ɔteneneeni a ɔbɛba no ho dawuro. Saa ara nso na moapa no, akum no. 53Mo ara ne nnipa a monam abɔfoɔ so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.”

Wɔsi Stefano Aboɔ

54Agyinatufoɔ no tee asɛm a Stefano kaeɛ no, wɔn bo fuu yie. 55Nanso, Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro hunuu Onyankopɔn animuonyam ne Yesu Kristo sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa so. 56Stefano kaa sɛ, “Mehunu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”

57Wɔteateaam de wɔn nsa sisii wɔn aso. Afei, wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔto hyɛɛ ne so, 58twee no kɔɔ kurotia kɔsii no aboɔ. Wɔn a wɔsii no aboɔ no yiyii wɔn ntoma de maa aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.

59Wɔresi Stefano aboɔ no nyinaa na ɔrebɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” 60Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ.