Amos 8 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Amos 8:1-14

Kɛntɛn A Aduaba A Abere Wɔ Mu

1Afei nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: kɛntɛn a aduaba a abere wɔ mu. 2Obisae se, “Dɛn na wuhu, Amos?”

Mibuae se, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abere ahyɛ no ma.”

Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Me nkurɔfo Israelfo bere no aso; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.”

3Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, hyiadan nnwonto bɛdan agyaadwotwa. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”

4Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so,

na mopam ahiafo fi wɔn asase so,

5na moka se,

“Bere bɛn na ɔsram foforo betwa mu

ama yɛatɔn aduan,

na Homeda bɛba awiei

ama yɛadi awi gua?”

Sɛ mobɛhyɛ susukoraa mu

na moatoto ɔbo so

na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo,

6na mode dwetɛ atɔ ahiafo

na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa,

na moapra awi ase afra awi mu atɔn.

7Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da.

8“Asase renwosow wɔ nea asi yi ho ana,

na wɔn a wɔte mu nyinaa rentwa adwo ana?

Asase no nyinaa bɛma ne ho so te sɛ Nil8.8 Yiri tɛnn te se Nil: Osu a ɛtɔ bere ano bere ano wɔ Etiopia no ma Asubɔnten Nil a ɛwɔ Misraim yiri bu fa so bɛyɛ anammɔn 25 ma ne subon no yɛ ma. Nsuyiri yi soa dɔte pa kogu asase no so.

ebubu afa so, na asan atwe bio

te sɛ Misraim asubɔnten.”

9Sɛnea Otumfo Awurade se ni,

“Saa da no, mɛma owia atɔ owigyinae,

na mama sum aduru asase so awia ketee.

10Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdi

na mo nnwonto nyinaa adan osu.

Mɛma mo nyinaa afura atweaatam

na mayi mo tinwi.

Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdida

na awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen.

11“Nna no reba” sɛnea Otumfo Awurade se ni,

“Mɛma ɔkɔm aba asase no so,

ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm,

na mmom, Awurade asɛm ho kɔm.

12Nnipa bɛtɔ ntintan akyinkyin afi po so akɔ po so,

na wɔakyinkyin afi atifi fam akɔ apuei fam,

sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm,

nanso wɔrenhu.

13“Na saa da no

“mmabaa ahoɔfɛfo ne mmarimaa ahoɔdenfo

bɛtotɔ beraw esiane osukɔm nti.

14Wɔn a wɔde Samaria aniwu abosom ka ntam,

anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntam no,

wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

阿摩司書 8:1-14

審判之日將臨

1主耶和華讓我看見了異象,我看到一籃夏天的果子。 2耶和華問我:「阿摩司,你看見什麼?」我說:「我看見一籃夏天的果子。」祂說:「我以色列子民的結局8·2 結局」希伯來文中與「夏天的果子」發音相近。到了,我不會再饒恕他們。 3到那日,殿裡的歌聲要變成哀號;屍橫遍地,一片死寂。這是主耶和華說的。」

4踐踏貧民、滅絕窮人的人啊,

你們要聽!

5你們盼望朔日8·5 朔日」即每月初一。和安息日快點過去,

你們好售賣穀物。

你們用小升斗賣糧,

用加重的法碼收銀子,

用假秤騙人。

6你們用銀子買貧民,

以一雙鞋買窮人為奴,

售賣摻了糠秕的麥子。

7耶和華憑以色列的榮耀起誓:

「我決不會忘記你們的所作所為。

8這片土地要因此而震動,

那裡的人都要悲哀。

大地要像尼羅河一樣漲起,如埃及的河流翻騰退落。」

9主耶和華說:

「到那日,我要使太陽中午落下,

使白晝變為黑暗。

10我要使你們的節期變為喪禮,

叫你們的歡歌變為哀歌。

我要使你們都腰束麻布,剃光頭髮;

我要使你們傷心欲絕,如喪獨生子;

我要使那日成為痛苦的日子。」

11主耶和華說:

「日子將到,我要使饑荒降在地上。

人饑餓非因無餅,乾渴非因無水,

而是因為聽不到耶和華的話。

12人們從南到北,從東到西8·12 從南到北,從東到西」希伯來文是「從這海到那海,從北到東」。海指西面的地中海和南面的死海。

在境內四處流蕩,

要尋找耶和華的話卻找不到。

13「到那日,

「美麗少女和青春少男都要因乾渴而昏倒;

14那些憑撒瑪利亞別示巴的神明起誓的,

都要跌倒,永不再起來。」