Amos 7 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Amos 7:1-17

Mmoadabi, Ogya Ne Kirebennyɛ Susudua

1Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: na ɔreboaboa mmoadabi bebree ano. Eyi yɛ bere a wɔatwa ɔhene kyɛfa afi mfuw no so na akyiri nnɔbae no renyin no. 2Bere a mmoadabi no awe asase no so nnɔbae nyinaa no, meteɛɛ mu se “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn! Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

3Ɛno nti, Awurade bo dwoe.

Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”

4Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: Otumfo Awurade de ogya rebebu atɛn; ɛyow bun kɛse no, na ɛsɛee asase no. 5Na meteɛɛ mu se, “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, gyae! Yakob rentumi nnyina! Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

6Ɛno nti, Awurade bo dwoe na ɔkae se, “Megyae mʼatirimpɔw yi nso.”

7Eyi ne nea oyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasu a wɔato no kirebenn no ho, a okita kirebennyɛ susudua no. 8Na Awurade bisaa me se, “Amos, dɛn na wuhu?”

Mibuae se, “Kirebennyɛ susudua.”

Na Awurade kae se, “Mede kirebennyɛ susudua yi reto me nkurɔfo Israelfo ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.

9“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea

na Israel kronkron tenabea nso wobebubu no;

mede mʼafoa bɛsɔre atia Yeroboamfi.”

Amos Ne Amasia

10Amasia a ɔyɛ Bet-El sɔfo de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam se, “Amos rebɔ pɔw atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nyɛ abodwosɛm. 11Nea Amos reka ni:

“ ‘Yeroboam bewu wɔ afoa ano,

na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu,

wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

12Na Amasia ka kyerɛɛ Amos se, “Fi ha kɔ, wo ɔdehufo! San kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. 13Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, efisɛ ha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”

14Amos buaa Amasia se, “Mennyɛ odiyifo anaa odiyifo bi ba, na na meyɛ oguanhwɛfo a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. 15Nanso Awurade frɛɛ me fii nguan sohwɛ so, ka kyerɛɛ me se, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfo Israelfo.’ 16Na afei, tie Awurade asɛm. Woka se,

“ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfo,

na gyae asɛnka a wode tia Isakfifo no.’

17“Enti asɛm a Awurade ka ni:

“ ‘Wo yere bɛbɔ aguaman wɔ kuropɔn yi mu,

wo mmabarima ne wo mmabea bewuwu wɔ afoa ano.

Wobesusuw wʼasase na wakyekyɛ mu,

na wʼankasa nso, wubewu wɔ abosonsomman mu,

na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu,

wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

阿摩司書 7:1-17

各種災禍的異象

1以下是主耶和華讓我看見的異象:看啊,祂造了一大群蝗蟲。那時,王室的作物已經收割,第二季作物剛開始發苗。 2蝗蟲吃盡地上的青苗時,我說:「主耶和華啊,求你赦免!雅各那麼弱小,他怎麼受得了呢?」 3於是,耶和華心生憐憫,說:「我不降這災了。」

4以下是主耶和華讓我看見的異象:看啊,主耶和華降下審判的大火。大火燒乾了深海,正在吞噬土地。 5那時,我說:「主耶和華啊,求你停止吧!雅各那麼弱小,他怎麼受得了呢?」 6於是,耶和華心生憐憫,說:「我也不降這災了。」

7以下是祂讓我看見的異象:看啊,主站在一道按照準繩建造的牆邊,手裡拿著準繩。 8耶和華對我說:「阿摩司,你看見什麼?」我答道:「一條準繩。」主說:「我要在我的以色列子民中吊起準繩,量度他們,我不會再饒恕他們。 9以撒子孫的邱壇必遭毀壞,以色列的廟宇必成廢墟,我要用刀攻擊耶羅波安王朝。」

阿摩司被逐

10伯特利的祭司亞瑪謝派人告訴以色列耶羅波安:「阿摩司以色列家圖謀背叛你,我們國家無法容忍他的言論。 11因為阿摩司這樣說,『耶羅波安將喪身刀下,以色列人必被擄去,遠離家鄉。』」

12亞瑪謝對我說:「先見啊,走吧!逃回猶大去吧!你要在那裡掙吃的,在那裡說預言。 13不可再在伯特利說預言,這裡是王的聖所,是國廟。」

14我答道:「我本不是先知,也不是先知的門徒。我只是一個牧人,也替人看護桑樹。 15但耶和華不再讓我看守羊群,祂對我說,『去!向我的以色列子民說預言。』 16亞瑪謝啊,你說,『不要說攻擊以色列的預言,不要傳講攻擊以撒子孫的信息。』現在你要聽耶和華對你說的話。 17耶和華說,『你的妻子必在這城裡淪為妓女,你的兒女必喪身刀下,你的田地必被人丈量、瓜分,你自己必死在異鄉7·17 異鄉」希伯來文是「不潔之地」,指不信上帝的國家。以色列人必被擄去,遠離家鄉。』」