Adiyisɛm 7 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 7:1-17

Onyankopɔn Asomfo Kann

1Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara. 2Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no. 3Ɔbɔfo no kae se, “Monnsɛe asase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae.” 4Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ɔha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu.

5Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

6Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Naftali abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Manase abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

7Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Lewi abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Isakar abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

8Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Yosef abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Nnipakuw

9Eyi akyi no, mihuu nnipakuw a obiara ntumi nkan wɔn dodow. Wofifi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu a wogyinagyina ahengua no ne Oguamma no anim a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa, kurakura berɛw. 10Wɔteɛɛ mu se,

“Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn

a ɔte ahengua no so

ne Oguamma no.”

11Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn 12kae se,

“Amen!

Nhyira ne anuonyam

ne nyansa ne aseda ne nidi

ne tumi ne ahoɔden

yɛ Onyankopɔn de daa daa!

Amen!”

13Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?”

14Mibuae se, “Minnim, owura. Na wo na wunim.”

Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne wɔn a wɔafi ɔtaa mu. Wɔde Oguamma no mogya ahoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa. 15Na ɛno nti na,

“wogyinagyina Onyankopɔn ahengua anim

a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi.

Nea ɔbɛtena ahengua no so no

bɛbɔ wɔn ho ban.

16Osukɔm renne wɔn bio;

ɔkɔm renne wɔn bio.

Owia anaa ɔhyew biara renka wɔn bio.

17Efisɛ Oguamma no a ɔwɔ ahengua no mfimfini no

bɛyɛ wɔn guanhwɛfo

de wɔn akɔ nkwa asuti ho.

Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisu nyinaa.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

啟示錄 7:1-17

為上帝的僕人蓋印

1這些事情之後,我看見四位天使分別站在地的四個角落控制著四面的風,使風不再吹向地面、海洋和樹木。 2我又看見一位天使從東方日出之地上來,手裡拿著永活上帝的印。他對那領受權柄能傷害地和海的四位天使大聲說: 3「我們還沒在上帝的奴僕額上蓋印之前,你們不可傷害地、海和樹木。」 4我聽見以色列各支派中蓋了印的共有十四萬四千人: 5猶大支派有一萬二千,呂便支派有一萬二千,迦得支派有一萬二千, 6亞設支派有一萬二千,拿弗他利支派有一萬二千,瑪拿西支派有一萬二千, 7西緬支派有一萬二千,利未支派有一萬二千,以薩迦支派有一萬二千, 8西布倫支派有一萬二千,約瑟支派有一萬二千,便雅憫支派有一萬二千。

劫後餘生的上帝子民

9後來我又看見一大群人,多得不可勝數。他們來自各國家、各部落、各民族、各語言族群,身穿白袍,手拿棕樹枝,站在寶座和羔羊面前, 10大聲呼喊說:「救恩來自我們坐在寶座上的上帝,也來自羔羊!」 11眾天使都站在寶座、眾長老和四個活物的周圍,在寶座前俯伏敬拜上帝,說: 12「阿們!願頌讚、榮耀、智慧、感謝、尊貴、權柄、能力都歸給我們的上帝,直到永永遠遠。阿們!」

13長老中有一位問我:「這些身穿白袍的人是誰?他們從哪裡來?」

14我回答說:「先生,你知道答案。」

他便說:「這些都是經過大災難的人,他們用羔羊的血將衣裳洗得純淨潔白。 15因此,他們在寶座前,在聖殿中不分晝夜地事奉上帝。坐在寶座上的那位要庇護他們。 16他們不會再受饑餓和乾渴的折磨,也不會再受太陽和酷熱的煎熬, 17因為在寶座中央的羔羊要作他們的牧人,引導他們到生命之泉那裡,上帝要擦乾他們所有的眼淚。」