Yuda 1 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yuda 1:1-25

1Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo nua na ɔkyerɛw krataa yi,

Ɔde kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo bammɔ mu:

2Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.

Atoro Adiyifo

3Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da no mu. 4Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho ka se adom no nti ɔbra bɔne nsɛe hwee. Wonnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afɔbu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.

5Ɛwɔ mu sɛ munim eyinom dedaw, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ gye a Awurade gyee Israelfo fii Misraim asase so na akyiri no, ɔsɛee wɔn a na wonnye asɛm no nni no ho. 6Monkae abɔfo a wodii tumi traa so ma wogyaw wɔn atenae no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn da kɛse no na wabu wɔn atɛn. 7Monkae Sodom ne Gomora ne nkurow a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na mu nnipa no yɛ nguamanfo. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛso maa wɔn a wobenya asotwe a ɛde wɔn bɛkɔ ogya a ennum da no mu.

8Saa ɔkwan koro no ara so na adaesofo yi nam. Wugu wɔn ankasa nipadua ho fi. Wɔpo tumidi, na wɔka nsɛmmɔne fa anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no ho. 9Ɔbɔfopanyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.” 10Nanso saa nnipa yi tew nneɛma a wɔnte ase ho atua. Na nneɛma a wɔn abɔsu mu wɔnte ase no, sɛnea nkekaboa yɛ no, saa nneɛma koro no ara na ɛbɛsɛe wɔn.

11Wonnue! Ɔkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibere nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔatew Onyankopɔn so atua sɛnea Kora yɛe pɛpɛɛpɛ, eyi nti wɔbɛsɛe wɔn.

12Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ onua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no, nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusowbere mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntin ama awu koraa. 13Wɔte sɛ po asorɔkye a ano yɛ den a ehuru sɛ ahuru da wɔn aniwude adi. Wɔte sɛ nsoromma a ekyinkyin a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛe sum kabii mu afebɔɔ.

14Henok, Adam aseni a ɔto no so asia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfo Kronkron mpempem reba, 15na wɔabebu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfo nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.” 16Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.

Kɔkɔbɔ

17Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no kae. 18Wɔkae se, “Sɛ awiei no du a nnipa a wodi mo ho fɛw na wodi wɔn akɔnnɔ akyi bɛba.” 19Eyinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wonni Honhom no wɔ wɔn mu.

20Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, 21na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no.

22Munhu wɔn a wɔn gyidi sua no mmɔbɔ. 23Montwe wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na munkyi ntade a wɔn bɔne nkekae akeka mu no.

24Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi nʼanuonyam anim sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no, 25Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmere a atwam, ne nnɛ ne daa nyinaa. Amen.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

猶大書 1:1-25

1我是耶穌基督的奴僕、雅各的兄弟猶大,現在寫信給蒙父上帝呼召、眷愛、被耶穌基督看顧的人。

2願上帝豐豐富富地賜給你們憐憫、平安和慈愛!

捍衛真道

3親愛的弟兄姊妹,我一直迫切地想寫信跟你們談談我們所共享的救恩,但現在我覺得有必要寫信勸勉你們竭力護衛一次就完整地交給聖徒的真道。 4因為有些不敬虔的人偷偷地混進你們中間,以上帝的恩典作藉口,放縱情慾,否認獨一的主宰——我們的主耶穌基督。聖經上早已記載,這樣的人必受到審判。

前車之鑑

5以下的事情,你們雖然都知道,但我還要再提醒你們:從前上帝1·5 上帝」有些抄本作「主」。把祂的子民從埃及救出來,後來把其中不信的人滅絕了。 6至於不守本分、擅離崗位的天使,上帝也用鎖鏈將他們永遠囚禁在幽暗裡,等候最後審判的大日子到來。 7此外,所多瑪蛾摩拉及其附近城鎮的人同樣因為荒淫無度、沉溺於變態的情慾而遭到永火的刑罰。這些事都成為我們的警戒。

假教師的惡行

8同樣,這些作夢的人玷污自己的身體,不服權柄,褻瀆有尊榮的。 9當天使長米迦勒摩西的屍體跟魔鬼爭辯的時候,尚且不敢用毀謗的話譴責牠,只說:「願主責罰你!」 10這些人卻毀謗自己不明白的事,像沒有理性的野獸一樣憑本能行事,結果自取滅亡。 11他們大禍臨頭了!他們步了該隱的後塵,為謀利而重蹈巴蘭的謬誤,又像可拉一樣因叛逆而滅亡。 12這些人在你們的愛宴中是敗類1·12 敗類」希臘文是「暗礁」或「污點」的意思。。他們肆無忌憚地吃喝,是只顧餵養自己的牧人;是沒有雨的雲,隨風飄蕩;是深秋不結果子的樹,被連根拔起,徹底枯死。 13他們是海中的狂濤,翻動著自己可恥的泡沫,是流蕩的星星,有幽幽黑暗永遠留給他們。

14亞當的第七代子孫以諾曾經針對這些人說預言:「看啊!主率領祂千萬的聖者一同降臨, 15要審判所有的人,按不虔不敬的罪人所行的惡事和他們褻瀆上帝的話定他們的罪。」 16這些人滿腹牢騷,怨天尤人,放縱自己的邪情私慾。他們口出狂言,為了謀利而阿諛奉承他人。

牢記警告

17親愛的弟兄姊妹,要謹記主耶穌基督的使徒從前給你們的警告。 18他們曾對你們說:「末世的時候,必定有不敬虔、好譏笑的人放縱自己的邪情私慾。」 19這些人製造分裂,血氣用事,心中沒有聖靈。

20親愛的弟兄姊妹,你們要在至聖的真道上造就自己,在聖靈的引導下禱告, 21常在上帝的愛中,等候我們主耶穌基督施憐憫賜給你們永生。

22那些心存疑惑的人,你們要憐憫他們; 23有些人,你們要將他們從火中搶救出來;還有些人,你們要懷著畏懼的心憐憫他們,甚至要厭惡被他們的邪情私慾玷污的衣服。

祝頌

24願榮耀歸給我們的救主——獨一的上帝!祂能保守你們不失足犯罪,使你們無瑕無疵、歡歡喜喜地站在祂的榮耀面前。 25願榮耀、威嚴、能力和權柄藉著我們的主耶穌基督都歸給祂,從萬世以前直到現今,一直到永永遠遠。阿們!