4 Mose 24 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 24:1-25

1Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so. 2Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so, 3na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,

nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,

4nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ;

nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ;

na ɔda fam, a nʼani hu ade:

5“Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ,

Israel, mo atenae yɛ ahomeka!

6“Ɛtrɛtrɛw sɛ abon,

sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho.

Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua,

te sɛ sida a esisi nsu ho.

7Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu.

Wɔn aba benya nsu ama aboro so.

“Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag;

wɔn ahenni bɛkorɔn.

8“Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae;

wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi.

Wɔsɛe atirimɔdenfo aman

na wobubu wɔn nnompe mu asinasin,

wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.

9Wobutuw da sɛ gyata;

te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn?

“Wobehyira wɔn a wohyira wo,

na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”

10Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa. 11Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”

12Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se, 13‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka. 14Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anan

15Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,

nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,

16nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ,

nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ,

nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ,

na ɔda fam, a nʼani hu ade no:

17“Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren;

mehwɛ no, nanso ɔmmɛn.

Nsoromma bepue afi Yakob mu;

ahempema bepue afi Israel mu.

Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti,

Moabfo nyinaa tikora.

18Wɔbɛfa Edom,24.18 Edomfo yɛ Esau asefo.

na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim,

na Israel bɛkɔ so ayɛ den.

19Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu

ɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anum

20Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm:

“Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan,

nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Asia

21Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm:

“Mo atenae wɔ bammɔ,

wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu;

22Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifo

bere a Asur fa mo nnommum no.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Ason

23Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm:

“Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?

24Ahyɛn befi Kipro mpoano aba;

wobedi Eber24.24 Eber asefo yɛ Hebrifo (1 Be 25–27). ne Asur so.

Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”

25Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 24:1-25

1Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so, 2hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so, 3na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;

nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

4deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;

na ɔda fam, a nʼani gu so:

5“Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ,

Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka.

6“Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo,

te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho.

Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua,

te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho.

7Wɔbɛnya nsuo bebree.

Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa.

“Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag;

wɔn ahennie bɛkorɔn.

8“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;

ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie.

Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa,

ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini,

ɔto bɛmma wowɔ wɔn.

9Israel butu hɔ sɛ gyata;

ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no?

“Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo,

na nnome nka obiara a ɔdome wo.”

10Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa. 11Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”

12Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ, 13‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka. 14Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛdi Akyire No

15Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;

nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

16deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no

deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;

na ɔda fam, a nʼani gu so:

17“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei;

mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri.

Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu!

Ahempoma bɛfiri Israel mu.

Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri,

na wapaapae Moab mma tikwankora.

18Wɔbɛfa Edom,24.18 Edomfoɔ yɛ Esau asefoɔ.

na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim,

na Israel bɛkɔ so adi nkonim.

19Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu

ɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Enum

20Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ,

“Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan,

nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Nsia

21Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ,

“Mo atenaeɛ yɛ pa ara,

wanwono mo pirebuo wɔ abotan mu.

22Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔ

ɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Nson

23Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ:

“Aa, sɛ Onyankopɔn yɛ sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu?

24Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano aba

Na abɛka Eber24.24 Eber asefoɔ yɛ Hebrifoɔ (1 Be 25–27). ne Asur ahyɛ.

Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”

25Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.