4 Mose 23 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 23:1-30

Balaam Nkɔmhyɛ A Edi Kan

1Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” 2Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre.

3Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.

4Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, “Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre wɔ biara so.”

5Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”

6Ɔsan bae no ɔbɛtoo no sɛ ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho. 7Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm:

“Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram,

Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so.

Ɔkae se, ‘Bra bɛdome Yakob ma me;

bra bɛka mmususɛm gu Israel so.’

8Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adome

wɔn a Onyankopɔn nnome ɛ?

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm agu

wɔn a Awurade mmuu wɔn fɔ so?

9Mihu wɔn fi ɔbotan atifi;

mehwɛ wɔn fi nkoko so.

Mihu nnipa a wɔatew wɔn ho

a wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ aman no bi mu nnipa.

10Hena na obetumi akan Yakob mfutuma,

anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako?

Ma minwu atreneefo wu,

na mʼawiei nyɛ sɛ wɔn de.”

11Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!”

12Obuae se, “So ɛnsɛ sɛ meka nea Awurade de ahyɛ mʼano no ana?”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abien

13Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.” 14Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason wɔ hɔ na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre wɔ afɔremuka biara so.

15Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia Awuradewɔ hɔ.”

16Awurade hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, “San kɔ Balak hɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”

17Enti ɔsan ba bɛtoo no no sɛ ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, “Awurade aka dɛn?”

18Na ɔhyɛɛ ne nkɔm:

“Balak, sɔre na tie;

Sipor babarima tie me.

19Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro;

Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.

Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana?

Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?

20Wɔahyɛ me sɛ minhyira;

wahyira, na merentumi nnan ani!

21“Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu,

wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu.

Awurade, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho;

Ɔhene ka wɔn ho!

22Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim;

ɔte sɛ nantwi hoɔdenfo ma wɔn.

23Nnome biara mmaa Yakob so ɛ,

mmusu biara nni Israel so.

Afei, wɔbɛka afa Yakob

ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’

24Nnipa no sɔre sɛ gyatabere.

Wɔwosow wɔn ho sɛ gyata

a onnye nʼahome de kosi sɛ ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaa

na ɔnom nea wakyere no no mogya.”

25Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Sɛ worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa.”

26Balaam buaa no se, “Manka ankyerɛ wo se nea Awurade bɛka biara na mɛyɛ ana?”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abiɛsa

27Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wubegyina hɔ adome wɔn.” 28Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so.

29Bio, Balaam kae se, “Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” 30Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no biara so.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 23:1-30

Balaam Hyira Israelfoɔ

1Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.” 2Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ.

3Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi.

4Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.”

5Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak.

6Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. 7Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:

“Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram.

Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so.

Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me!

Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’

8Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome

wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn?

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ,

nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ?

9Mehunu wɔn firi abotan atifi;

mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so.

Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase,

a wɔayi wɔn afiri amanaman mu.

10Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo?

Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako?

Ma menwu sɛ ɔteneneeni;

na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.”

11Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!”

12Nanso, Balaam buaa sɛ, “Metumi aka biribi a Awurade nkaa sɛ menka anaa?”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Mmienu

13Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.” 14Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ.

15Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.”

16Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no.

17Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?”

18Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:

“Balak, sɔre na tie;

Sipor babarima tie me.

19Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ;

Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.

Wakasa a wanyɛ anaa?

Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa?

20Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira;

wahyira, na merentumi nnane no!

21“Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so.

Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel!

Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho.

Ɔne wɔn ɔhene!

22Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim;

ɔte sɛ nantwie hoɔdenfoɔ ma wɔn.

23Nnome biara renka Yakob,

abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so.

Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ,

‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’

24Saa nnipa yi sɔre sɛ gyataburu.

Wɔgyina hɔ sɛ gyata hoɔdenfoɔ.

Ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛwe nʼahaboa awie

na wanom ne mogya nyinaa!”

25Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɛ worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn.”

26Nanso Balaam buaa no sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ asɛm a Awurade bɛka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka?”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

27Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wobɛgyina hɔ adome wɔn.” 28Enti, ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔ Peor a ani kyerɛ anweatam no atifi pɛɛ so.

29Bio, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔnsi afɔrebukyia nson na ɔnsiesie nantwie mma nson ne nnwennini mma nson mma afɔrebɔ. 30Ɔhene no yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia nson no biara so.