2 Tesalonikafo 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Tesalonikafo 1:1-12

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn,

Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfo no:

2Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

3Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ mo gyidi ne ɔdɔ a modɔ afoforo no mu den ara na ɛreyɛ. 4Saa nti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahorow mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho.

5Eyinom nyinaa di adanse sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee; ɛno nti wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼahenni a morehu ho amane no mu. 6Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛteɛ. Wɔn a wɔbɛma mo ahu amane no, ɔno nso bɛma wɔahu amane, 7na wama mo a morehu amane no ne yɛn nso ahome. Saa asɛm yi besi wɔ bere a Awurade Yesu nam ogyaframa mu fi ɔsoro reba a nʼabɔfo atumfo ka ne ho no, 8abɛtwe wɔn a wonnim Onyankopɔn na wontie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso. 9Wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu na wɔayi wɔn afi Awurade anim ne nʼanuonyam mu, 10da a ɔbɛma nʼakyidifo ne nʼasuafo ahyɛ no anuonyam no. Mo nso mobɛfra saa nkurɔfo no mu, efisɛ moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.

11Eyi nti na daa yɛbɔ mpae ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi mmɔ ɔbra a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no. Onnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛde ne biribiara a mo gyidi bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa. 12Yɛbɔ mpae sɛnea monam yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo anuonyam wɔ ne mu.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Tesalonikafoɔ 1:1-12

Nkyea

1Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn,

Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfoɔ no:

2Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

3Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, ɛfiri sɛ, mo gyidie ne ɔdɔ a modɔ afoforɔ no mu den ara na ɛreyɛ. 4Saa enti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahodoɔ mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho.

5Yeinom nyinaa di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn bu atɛntenenee ɛno enti, wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼAhennie a morehunu ho amane no mu. 6Onyankopɔn bɛyɛ deɛ ɛtene. Wɔn a wɔbɛma mo ahunu amane no, ɔno nso bɛma wɔahunu amane, 7na mo a mo ne yɛn rehunu amane no nso, wama moahome. Saa asɛm yi bɛsi wɔ ɛberɛ a Awurade Yesu nam ogyaframa mu firi ɔsoro reba a nʼabɔfoɔ atumfoɔ ka ne ho no, 8abɛtwe wɔn a wɔnnim Onyankopɔn na wɔntie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso. 9Wɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu na wɔayi wɔn afiri Awurade anim ne nʼanimuonyam mu 10da a ɔbɛma nʼakyidifoɔ ne nʼasuafoɔ ahyɛ no animuonyam no. Mo nso, mobɛfra saa nkurɔfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.

11Yei enti na daa yɛbɔ mpaeɛ ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi ntena ase mma asetena a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no. Ɔnnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛdeɛ ne biribiara a mo gyidie bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa. 12Yɛbɔ mpaeɛ sɛdeɛ monam yɛn Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo animuonyam wɔ ne mu.