2 Tesalonikafo 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Tesalonikafo 2:1-17

Nneɛma A Edi Kristo Ba Anim

1Nea ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ba a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no ho no, mesrɛ mo anuanom, 2mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ da a Awurade reba no adu. Ebia na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforo nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka se yɛn nhoma a yɛkyerɛwee no bi mu na saa asɛm no wɔ. 3Mommma obiara nnaadaa mo saa wɔ ɔkwan yi so. Saa da no remma da, gye sɛ atuatew a etwa to no aba ama wɔada ɔbɔnefo no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu no adi. 4Ɔbɛsɔre atia biribiara a nnipa som na wobu no kronkron no; na ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka se ɔno ne Onyankopɔn.

5Monkae sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka eyinom nyinaa kyerɛ mo. 6Na mprempren munim nea abɔ ne ba no asɛn no sɛnea wɔbɛda no adi akyerɛ mo wɔ bere pa mu. 7Ɔbɔnefo no di ne dwuma dedaw na nea ɛbɛba no remma da, gye sɛ wɔayi nea okura ne mu no afi hɔ ansa. 8Ɛno ansa na ɔbɔnefo no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so betu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu anuonyam asɛe no. 9Ɔbɔnefo no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne, 10na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, efisɛ wɔannye nokware no anto mu, annɔ nokware no amma wɔannya nkwa. 11Eyi nti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokware no adi. 12Awiei no ara ne sɛ wobebu wɔn a wonnye nokware no nni na wɔn ani gye bɔne ho no atɛn.

13Anuanom, ɛsɛ sɛ bere biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Efisɛ ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a mudi kan a wobegye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfo kronkron wɔ mo gyidi a mowɔ wɔ nokware mu no mu. 14Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛnea mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanuonyam no mu.

15Enti anuanom, munnyina pintinn na monka mo ho mmata nokware a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nhoma no mu no ho.

16Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidaso pa no, 17nkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den wɔ asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Tesalonikafoɔ 2:1-17

Nneɛma A Ɛdi Kristo Mmaeɛ Anim

1Ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no, mesrɛ mo, anuanom, 2mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ ɛda a Awurade reba no aduru. Ebia, na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforɔ nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka sɛ yɛn nwoma a yɛtwerɛeɛ no bi mu na saa asɛm no wɔ. 3Mommma obiara nnaadaa mo saa ɛkwan yi so. Saa Ɛda no remma da gye sɛ atuateɛ a ɛtwa toɔ no aba ama wɔada ɔbɔnefoɔ no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu no adi. 4Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka sɛ ɔno ne Onyankopɔn.

5Monkae sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka yeinom nyinaa kyerɛ mo. 6Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ ɛberɛ no duru a, ɔbɛba. 7Ɔbɔnefoɔ no di ne dwuma dada na deɛ ɛbɛba no remma da gye sɛ wɔayi deɛ ɔkura ne mu no afiri hɔ. 8Ɛno ansa na ɔbɔnefoɔ no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so bɛtu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu animuonyam asɛe no. 9Ɔbɔnefoɔ no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ, 10na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, ɛfiri sɛ, wɔannye nokorɛ no anto mu, annɔ nokorɛ no amma wɔannya nkwa. 11Yei enti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ adi. 12Awieeɛ no ara ne sɛ, wɔn a wɔnnye nokorɛ no nni na wɔn ani gye bɔne ho no, wɔbɛbu wɔn atɛn.

13Anuanom, ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Ɛfiri sɛ, ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a modi ɛkan a wɔbɛgye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron wɔ mo gyidie a mowɔ wɔ nokorɛ mu no mu. 14Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛdeɛ mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanimuonyam no mu.

15Enti, anuanom, monnyina pintinn na monka mo ho mmata nokorɛ a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nwoma no mu no.

16Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidasoɔ pa no, 17nkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.