2 Samuel 5 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Samuel 5:1-25

Dawid Di Israel Nyinaa So Hene

1Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. 2Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’ ”

3Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.

4Dawid dii ade no, na wanya mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan. 5Ɔtenaa Hebron dii ade wɔ Yuda so mfirihyia ason ne asram asia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfirihyia aduasa abiɛsa.

Dawid Ko Fa Yerusalem

6Dawid dii nʼakofo anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifo. Yebusifo no dii wɔn ho fɛw se, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifuraefo ne mmubuafo betu mo afi ha.” Efisɛ na Yebusifo no dwene sɛ wɔwɔ bammɔ. 7Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.

8Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no.

9Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu. 10Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse adekyee biara, efisɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn ka ne ho.

11Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. 12Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse.

13Dawid tu fi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmea bebree, faa mpenanom nso. Ɛno nti, ɔwoo mmabarima ne mmabea bebree. 14Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo 15Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia 16Elisama, Eliada ne Elifelet.

Dawid Di Filistifo So Nkonim

17Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wobenya no akyere no. Na Dawid tee no, ɔno nso kɔɔ ne ban mu. 18Afei, Filistifo no beduu Refaim bon mu, na wɔtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ hɔ. 19Enti Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana? Wobɛdan wɔn ahyɛ me nsa ana?”

Awurade buaa no se, “Yiw, kɔ na mɛdan Filistifo no ahyɛ wo nsa.”

20Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfo no mu sɛ nsuyiri a ɛworo so!” Enti Dawid too beae hɔ din se Baal-Perasim. 21Filistifo no gyaw wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔe.

22Filistifo no san baa bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ Refaim bon ho, 23enti Dawid bisaa Awurade nea ɔnyɛ. Awurade buae se, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. 24Na sɛ wote nnyigyei te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, bɔ toa wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekokunkum Filistifo no.” 25Enti Dawid yɛɛ nea Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifo no fi Geba de kosii Geser.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 5:1-25

Dawid Di Israel Nyinaa So Ɔhene

1Afei, Israel mmusuakuo no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ. 2Mmerɛ bi a atwam no a mpo na Saulo yɛ yɛn ɔhene no, wo ara na wodii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ me manfoɔ Israel so odwanhwɛfoɔ. Wobɛyɛ wɔn kannifoɔ.’ ”

3Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.

4Dawid dii adeɛ no, na wanya mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan. 5Ɔtenaa Hebron dii adeɛ wɔ Yuda so mfirinhyia nson ne abosome nsia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so ɔhene mfirinhyia aduasa mmiɛnsa.

Dawid Ko Fa Yerusalem

6Dawid dii nʼakodɔm anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifoɔ. Yebusifoɔ no dii wɔn ho fɛ sɛ, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifirafoɔ ne mmubuafoɔ bɛtu mo afiri ha.” Ɛfiri sɛ, na Yebusifoɔ no dwene sɛ wɔwɔ banbɔ. 7Nanso, Dawid ko faa Sion aban no a seesei wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.

8Ɛberɛ a atɛnnidie nkra firi banbɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu duruu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kuro no mu, na monkɔsɛe Yebusifoɔ mpakye ne anifirafoɔ no, ɛfiri sɛ mekyiri wɔn! ‘Anifirafoɔ ne mpakye’ nnkɔ efie no mu” no abɔseɛ nie.

9Enti, Dawid yɛɛ aban no nʼatenaeɛ, na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn. Ɔsisii banbɔdan bebree twaa kuro no ho kaa ho. Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ Milo de baa mu. 10Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade Onyankopɔn ka ne ho.

11Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ka wɔn ho sɛ wɔnkɔsi ahemfie mma no. Huram de ntweneduro nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. 12Na Dawid hunuu sɛ, ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ enti, Awurade asi no ɔhene, na wayɛ nʼahemman kɛseɛ.

13Dawid tu firi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmaa bebree faa mpenafoɔ nso. Ɛno enti, ɔwoo mmammarima ne mmammaa bebree. 14Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo 15Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia 16Elisama, Eliada ne Elifelet.

Dawid Di Filistifoɔ So Nkonim

17Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wɔbɛnya no akye no. Na Dawid teeɛ no, ɔno nso kɔɔ ne banbɔeɛm. 18Afei, Filistifoɔ no bɛduruu Refaim bɔnhwa mu, na wɔtrɛtrɛɛ wɔn ho mu wɔ hɔ. 19Enti, Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Wobɛdane wɔn ahyɛ me nsa anaa?”

Awurade buaa no sɛ, “Aane, kɔ na mɛdane Filistifoɔ no ahyɛ wo nsa.”

20Enti, Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na ɔdii Filistifoɔ no so nkonim. Ɔkaa sɛ, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfoɔ no mu sɛ nsuyire a ɛreworo so!” Enti Dawid too beaeɛ hɔ din sɛ Baal-Perasim. 21Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔeɛ.

22Filistifoɔ no sane baa bio bɛhwetee wɔn ho mu wɔ Refaim bɔnhwa ho, 23enti, Dawid bisaa Awurade deɛ ɔnyɛ. Awurade buaa sɛ, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na to hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. 24Na sɛ wote nnyegyeeɛ te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, kɔtua wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekɔkunkum Filistifoɔ no.” 25Enti, Dawid yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifoɔ no firi Geba de kɔsii Geser.