2 Petro 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Petro 3:1-18

Awurade Ba A Ɔbɛba Bio No

1Adɔfonom, eyi ne krataa a ɛto so abien a makyerɛw abrɛ mo. Mekyerɛw sɛ mede rebɛkae mo, de akanyan mo adwene. 2Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifo akronkron no kaa no mmere bi a atwam no ne mmara a efi Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafo so maa mo no.

3Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nna a edi akyiri no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ebedi wɔn so. Wobedi mo ho fɛw 4aka se, “Ɔhyɛɛ mo bɔ se ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dedaw, nanso biribiara te sɛ nea ɛte fi adebɔ mfiase!” 5Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi nokware no sɛ, efi tete na Onyankopɔn kasa maa ɔsoro bae, na wofi nsu mu de nsu yɛɛ asase. 6Akyiri no wɔde nsuyiri bɛsɛee saa bere wiase no. 7Nanso Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkosi atemmuda. Afei wɔbɛsɔ ogya wɔ mu de asɛe nnebɔneyɛfo.

8Nanso anuanom, mommma mo werɛ mfi ade baako sɛ Awurade ani so de, nsonoe nni da koro ne mfe apem ntam. Ne fam de, abien no nyinaa yɛ pɛ. 9Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea ebinom susuw no. Mmom ɔwɔ mo ho ntoboase, efisɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom ɔpɛ sɛ obiara sakra fi ne bɔne ho.

10Na Awurade da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo. Da no, ɔsoro bɛbobɔ mu na ayera na wim nneɛma bɛhyew na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.

11Na sɛ saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa asɛe ade nyinaa a, na ɔbra bɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. 12Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu gya na wim nneɛma anan na ayera wɔ ogyaframa mu no. 13Nanso yɛtwɛn nea Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛhɔ na trenee bɛtena.

14Enti anuanom, mugu so retwɛn da no, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronkron a mfomso biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoe mu. 15Monkae nhu sɛ Awurade wɔ ntoboase efisɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagye. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so kyerɛw mo no. 16Saa ɔkwan koro no ara so na ɔfa kyerɛw ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ogyina kyerɛwee. Wɔn a wonnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no ase yiye. Saa ara na wɔyɛ Kyerɛwsɛm nkae no de ɔsɛe ba wɔn so no.

17Nanso anuanom, esiane sɛ wɔadi kan abɔ mo kɔkɔ no nti, monwɛn na wɔn a wonni mmara so no mfomso no antwe mo amfi mo tebea pa hɔ. 18Munyin wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu.

Ɔno na anuonyam nka no mprempren ne daa. Amen.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Petro 3:1-18

Awurade Mmaeɛ A Ɔbɛba Bio

1Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ sɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene. 2Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no kaa mmerɛ bi a atwam no ne mmara a ɛfiri Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafoɔ so maa mo no.

3Deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ɛbɛdi wɔn so. Wɔbɛdi mo ho fɛ 4aka sɛ, “Ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dada, nanso biribiara te sɛ deɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ!” 5Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ firi nokorɛ no sɛ, ɛfiri tete no, Onyankopɔn kasaeɛ na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase firi nsuo mu na wɔde nsuo na ɛyɛeɛ. 6Akyire no wɔde nsuyire bɛsɛee no. 7Nanso, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ.

8Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako sɛ Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa yɛ pɛ. 9Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri sɛ, ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ sɛ obiara sakra firi ne bɔne ho.

10Na Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.

11Sɛ saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. 12Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera wɔ ogyaframa mu no. 13Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena.

14Enti, anuanom, mogu so retwɛn da no yi, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronn a mfomsoɔ biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoeɛ mu. 15Monkae nhunu sɛ Awurade wɔ boasetɔ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no. 16Saa ɛkwan korɔ no ara so na ɔfa twerɛɛ ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ɔgyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no, wɔn a wɔnnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ aseɛ yie. Saa ara na wɔyɛ Atwerɛsɛm a aka no de ɔsɛeɛ ba wɔn so.

17Nanso anuanom, mo deɛ monim yei dada. Monwɛn na wɔn a wɔnni mmara so annaadaa mo amfiri beaeɛ pa. 18Monyini wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu.

Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.