2 Petro 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Petro 2:1-22

Atoro Adiyifo No

1Atoro adiyifo kɔɔ tetefo no mu, na saa ara nso na atoro adiyifo bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛma nkyerɛkyerɛ bɔne a nokware nni mu na wɔapa Owura a ogyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛe aba wɔn so prɛko pɛ. 2Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na esiane nea wɔyɛ no nti, nnipa bɛkasa atia nokware kwan no. 3Saa atoro adiyifo yi nam wɔn sikanibere so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo so mfaso. Wɔn temmufo siesiee ne ho akyɛ, na saa ara nso na wɔn sɛefo no nso asɔre agyina.

4Onyankopɔn amfa abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛ wɔn. Ɔtow wɔn guu asaman sum mu baabi, guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn atemmu no. 5Onyankopɔn amma tete wiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyiri baa wɔn a na wonsuro Onyankopɔn no so. Wɔn a ogyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa trenee ho asɛm no ne nnipa baason bi. 6Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wonsuro Onyankopɔn no kɔkɔ. 7Ogyee Lot a ɔyɛ ɔtreneeni no fii nnipa nnebɔneyɛfo nsam. 8Na saa ɔtreneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfo no mu; na afide a na saa nnipa no yɛ no adekyee ne adesae no haw no yiye. 9Sɛ ɛte saa de a, na ɛkyerɛ sɛ Awurade nim ɔkwan a ɔfa so gye nʼakyidifo fi ɔhaw mu, na onim ɔkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfo, twe wɔn aso de twɛn atemmuda no. 10Ne titiriw no, eyi fa wɔn a wodi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no ho.

Saa atoro akyerɛkyerɛfo yi wɔ akokoduru na wommu anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no, efisɛ wonsuro sɛ wɔyaw wɔn. 11Na abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sen saa atoro akyerɛkyerɛfo yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn wɔ Awurade anim. 12Nanso saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wunni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wogu nneɛma biara a wɔnte ase no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa.

13Wobetua wɔn ɔhaw a wɔma ɛbaa no so ka. Nea wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara a eye ma wɔn honam akɔnnɔ no awia ketee. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, egu wɔn anim ase. Efisɛ saa bere no na wɔka nnaadaasɛm. 14Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmea nguamanfo efisɛ wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛw kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn koma ama anibere. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. 15Wɔaman afi ɔkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɔkwan a Beor ba Bileam a ɔde ne sika a onya no yɛ bɔne no kɔfaa so no so. 16Eyi ma wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafurum de onipa nne kasa de siw odiyifo no adammɔsɛm no ho kwan.

17Saa nnipa yi te sɛ asuti a ayow anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie sum kabii mu wɔ baabi. 18Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nnebɔneyɛfo ho no. 19Wɔhyɛ wɔn ahofadi ho bɔ wɔ bere a wɔn ankasa yɛ bɔne nkoa efisɛ onipa yɛ biribiara a edi no so no akoa. 20Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so guan fi wiase yi mu akwammɔne so, na akyiri no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdan bɔne akoa a, ɛno de ɛyɛ hu sen ne kan no. 21Sɛ anka wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen sɛ wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no. 22Nea ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nokware. “Ɔkraman san kɔtaforo ne fe na prako a wɔaguare no no nso koguare wɔ dontori mu.”

Asante Twi Contemporary Bible

2 Petro 2:1-22

Atorɔ Adiyifoɔ

1Atorɔ adiyifoɔ kɔɔ tetefoɔ no mu, na saa ara nso na atorɔ adiyifoɔ bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a nokorɛ nni mu na wɔapa Owura a ɔgyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛeɛ aba wɔn so prɛko pɛ. 2Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na ɛsiane deɛ wɔyɛ no enti, nnipa bɛkasa atia nokorɛ ɛkwan no. 3Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam wɔn sikanibereɛ so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn ɔtemmufoɔ siesiee ne ho akyɛre, na saa ara nso na wɔn ɔsɛefoɔ no nso asɔre agyina.

4Onyankopɔn amfa abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛre wɔn. Ɔtoo wɔn guu asaman sum mu baabi guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn Atemmuo da no. 5Onyankopɔn amma tete ewiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyire baa wɔn a wɔannye asɛm no anni no so. Wɔn a ɔgyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa tenenee ho asɛm no ne nnipa baason bi. 6Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no kɔkɔ. 7Ɔgyee Lot a ɔyɛ ɔteneneeni no firii nnipa nnebɔneyɛfoɔ nsam. 8Na saa ɔteneneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfoɔ no mu na afideɛ a na saa nnipa no yɛ no adekyeeɛ ne adesaeɛ no ha no yie. 9Yei kyerɛ sɛ Onyankopɔn nim ɛkwan a ɔfa so gye nʼakyidifoɔ firi ɔhaw mu, ɛnna ɔnim ɛkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfoɔ, twe wɔn aso de twɛn Atemmuo da no, 10ne titire no, wɔn a wɔdi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no.

Saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi wɔ akokoɔduru na wɔmmu animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, wɔte wɔn atua. 11Na abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sene saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn wɔ Awurade anim. 12Nanso, saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wonni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkye wɔn nku wɔn. Wɔgu nneɛma biara a wɔnte aseɛ no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa.

13Ɔhaw a wɔma ɛbaeɛ no, wɔbɛtua wɔn so ka. Deɛ wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara awia ketee a ɛbɛyɛ ama wɔn honam akɔnnɔ. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, ɛgu wɔn anim ase. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔka nnaadaasɛm. 14Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmaa adwamanfoɔ ɛfiri sɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn akoma ama anibereɛ. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. 15Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a Beor ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so. 16Yei maa wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafunumu de onipa nne kasaeɛ de sii odiyifoɔ no abɔdamsɛm no ho ɛkwan.

17Saa nnipa yi te sɛ asutire a awe anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie esum kabii mu wɔ baabi. 18Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri nnebɔneyɛfoɔ ho. 19Wɔhyɛ wɔn ahofadie ho bɔ wɔ ɛberɛ a wɔn ankasa wɔyɛ bɔne nkoa ɛfiri sɛ, onipa yɛ akoa ma biribiara a ɛdi no so. 20Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so dwane firi ewiase yi mu akwammɔne so, na akyire no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdane bɔne akoa a, ɛnneɛ ɛyɛ hu sene ne kane no. 21Sɛ wɔnnim Kristo koraa a, anka ɛyɛ ma wɔn sene sɛ wɔbɛsua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdane wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no. 22Deɛ ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa ɛbɛ yi yɛ nokorɛ. “Ɔkraman sane kɔtafere ne fe ɛnna ɔprako a wɔadware no no nso kɔyantam wɔ atɛkyɛ mu.”