2 Mose 34 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 34:1-35

Onyankopɔn Kyerɛw Apam No Bio

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ abo kyerɛw apon abien te sɛ nea woyɛɛ kan no na mɛkyerɛw mmara koro no ara sɛnea na ɛwɔ nea wububuu mu no so ara pɛ ama wo. 2Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔw so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me. 3Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔw no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔw no.”

4Enti Mose twaa kyerɛw apon abien te sɛ kan de no de kɔɔ Sinai Bepɔw so anɔpahema sɛnea Awurade hyɛe no no. 5Awurade sian baa sɛ omununkum fadum begyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no. 6Awurade faa Mose anim frɛɛ no kae se, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo a me bo kyɛ fuw na mewɔ ɔdɔ na midi nokware nso; 7me Awurade, medɔ nnipa mpempem na mede atirimɔden, atuatew ne bɔne kyɛ. Nanso metwe afɔdi aso na metwe Agyanom, mma ne nananom aso kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan aso.”

8Mose kotow Awurade som no. 9Ɔkae se, “Sɛ ɛyɛ nokware pa ara sɛ woagye me ato mu de a, Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi aso yɛ den de, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”

10Awurade buae se, “Eye, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Merebɛyɛ anwonwade bi a bi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfo nyinaa ahu tumi a Awurade wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumide no. 11Wo fam de a wobɛyɛ ara ne sɛ, wubetie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifo, Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no nyinaa afi wʼanim. 12Hwɛ wo ho so yiye pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufo ampam, anyɛ saa a, wɔbɛyɛ mfiri wɔ mo mu a ebeyiyi mo. 13Bubu wɔn abosonsom afɔremuka no. Sɛe wɔn abo adum no na muntutu wɔn abosom no ngu. 14Na monnsom onyame foforo biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.

15“Wo ne onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoe apam biara, efisɛ wonni me nokware, na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn yɛ adwene a, wɔbɛto nsa afrɛ wo ama woakodi wɔn abosom so nnuan. 16Afei nso, ɛyɛ saa a, mubegye wɔn mmabea aware ama mo mmabarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.

17“Monnyɛ ahoni biara.

18“Munni Apiti Afahyɛ no. Munni brodo a mmɔkaw nni mu nnanson sɛnea meka kyerɛɛ mo no. Monyɛ eyi afe biara mu ɔsram Abib (Yudafo ɔsram a edi kan) mu, efisɛ saa ɔsram no mu na mutu fii Misraim.

19“Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwi, oguan anaa abirekyi. 20Afurum ba a ɔyɛ abakan de, wɔmfa no nsesa oguamma. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa de a, bu ne kɔn mu. Mo mmabarima de, munnye wɔn nyinaa.

“Obiara mma mʼanim a onkura akyɛde bi.

21“Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no de, munnni dwuma biara. Ofuntumbere anaa otwabere mpo, momfa nnansia nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no, monhome.

22“Monkae na munni saa afahyɛ abiɛsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Eyinom ne: Otwabere Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atoko a edi kan Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. 23Saa afahyɛ abiɛsa yi mu biara du so a, ɛsɛ sɛ Israelfo mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade anim. 24Sɛ mokɔ Awurade mo Nyankopɔn anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abedi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛw mo ahye mu.

25“Mommfa brodo a mmɔkaw wɔ mu mmɔ me afɔre. Na Twam Afahyɛ nam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma ade nkye so.

26“Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra Awurade mo Nyankopɔn fi.

“Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.”

27Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, efisɛ ɛyɛ me ne wo, Israel ntam apam.” 28Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkitaho wɔ bepɔw no so, na saa bere no, Mose annidi, annom. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛw Mmaransɛm Du no guu ɔbo kyerɛwpon no so.

29Bere a Mose de kyerɛw apon no fi Onyankopɔn nkyɛn resian bepɔw no, na onnim sɛ nʼanim rehyerɛn. 30Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no nti, Aaron ne Israelfo no huu Mose no, wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no. 31Nanso Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofo ne no bɛkasae. 32Akyiri no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔw no so hɔ no maa wɔn.

33Mose ne wɔn kasa wiee no, ɔde nkataanim kataa nʼanim, 34na bere biara a ɔbɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, oyi nkataanim no kosi sɛ ɔbɛsan aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso ka kyerɛ nnipa no 35a wohu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛnn no. Akyiri no, ɔde nkataanim no kata nʼanim bio kosi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.