2 Mose 33 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 33:1-23

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Di saa nnipa a wode wɔn fi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, efisɛ mekae se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo.’ 2Mɛsoma ɔbɔfo adi wʼanim na wapam Kanaanfo, Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. 3Ɛyɛ asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so. Na me ne mo rentu saa kwan no efisɛ moyɛ nnipa a mo aso yɛ den, na anyɛ a na makɔsɛe mo wɔ ɔkwan so.”

4Nnipa yi tee saa nsɛnhyew yi no, wotwaa agyaadwo na wɔworɔworɔw wɔn ho nkaa ne nnwinne nyinaa. 5Awurade ka kyerɛɛ Mose se ɔnka nkyerɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mo aso yɛ den. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anyɛ a na matɔre mo ase. Monworɔworɔw mo nkaa ne mo nnwinne a mohyehyɛ no nyinaa na mehu nea mɛyɛ mo.” 6Eyi akyi no, obiara worɔw ne nnwinne wɔ Bepɔw Horeb so.

7Na Mose sii ahyiae ntamadan wɔ nsraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Awurade di nkitaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no din Ahyiae. 8Bere biara a Mose bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre begyina wɔn ntamadan no ano hwɛ no kosi sɛ obedu ɔdan no ano. 9Ɔrewura mu a, omununkum fadum behyia no wɔ ɔkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa. 10Bere biara a nnipa no behu omununkum fadum no sɛ egyina ntamadan no pon ano no, wɔn nyinaa bɛsɔre akotow nea wobehu wɔ wɔn ntamadan no pon ano no. 11Ɔdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose anim ne anim, sɛnea obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose san kɔ nsraban no hɔ a, aberante a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no de, ɔtena Ahyiae Ntamadan no mu ara kosi sɛ Mose bɛsan aba.

12Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Daa woka kyerɛ me se, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wuse woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔe bebree.’ 13Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me faako a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo ase na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfi sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfo.”

14Na Awurade buaa no se, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”

15Nanso Mose kae se, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ de a, mma yemmfi ha nnkɔ. 16Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hena na obehu sɛ me ne me nkurɔfo anya wo hɔ adom a ama nsonoe abɛda yɛn ne asase sofo a wɔaka no ntam?”

17Awurade buaa Mose se, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisade ama wo, efisɛ woanya ahummɔbɔ afi me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.”

18Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn anuonyam.

19Awurade buae se, “Mɛma mo ahu mʼadɔe, na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe. 20Nanso morenhu mʼanuonyam, efisɛ obiara renhu mʼanim ntena nkwa mu.

21“Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha. 22Na sɛ mʼanuonyam resen a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so akosi sɛ metwa mu. 23Afei, meyi me nsa na woahu mʼakyi, na mʼanim de, ɛnsɛ sɛ wohu.”