2 Korintofo 12 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 12:1-21

Paulo Anisoadehu

1Ɛwɔ mu sɛ ahohoahoa so nni mfaso biara de, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso afei mɛka anisoadehu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no. 2Minim Okristoni bi a mfe dunan ni biribi hwim no de no kɔɔ ɔsoro. Minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim. 3Miti mu. Minim sɛ wohwim saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio, minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim. 4Na hɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yiye, nsɛm a wɔmma kwan mma wɔnka. 5Enti mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho, gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛw no ho. 6Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, efisɛ nokware ara na meka. Nanso merenhoahoa me ho, efisɛ mempɛ sɛ obiara bu me otitiriw sen sɛnea wahu na wate afi me nkyɛn no. 7Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwonwaso yi nti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam bɔfo ma ɔde honam mu yaw a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase. 8Mebɔɔ eyi ho mpae mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma emfi me so nkɔ. 9Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka. 10Esiane Kristo nti, mepene mmerɛwyɛ, ɔyaw, amanehunu, ɔtaa ne akwanside so. Efisɛ me mmerɛwyɛ mu no na meyɛ den.

11Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mugye me to mu. Na sɛ menyɛ hwee a, ɔkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsen “Asomafo” a mubu wɔn no. 12Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafo. 13Dwumadi no bi yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. Dɛn na ɛma moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, efisɛ mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo, momfa saa mfomso no nkyɛ me.

14Afei masiesie me ho sɛ merebɛsra mo nea ɛto so mpɛn abiɛsa, na merenyɛ adesoa mma mo. Mo na mo ho hia me na ɛnyɛ mo ahode. Na mpo mmofra nkora ade mma awofo, awofo mmom na wɔkora ade ma mmofra. 15Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo nti, mɛhwere nea mewɔ ne mʼadagyew de aboa mo. Sɛ medɔ mo yiye a, mo dɔ a mowɔ ma me no so bɛtew ana? 16Mobɛte ase sɛ na menyɛ adesoa mma mo. Nanso obi bɛka se, meyɛ ɔdaadaafo a mede nnaadaa na eyii mo. 17Ɔkwan bɛn so? Menam abɔfo a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo ana? 18Mesomaa Tito se ɔnkɔ, na mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo ana? So na ɔno ne me nyinaa mfi Honhom koro mu ntu anammɔn koro ana?

19So mususuw daa sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tetew yɛn ho wɔ mo anim ana? Yɛkasa sɛnea Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de hyɛ mo den. 20Misuro sɛ midu hɔ a sɛnea anka mepɛ sɛ mihu mo no, merenhu mo saa. Saa ara nso na sɛnea anka mopɛ sɛ muhu me no, morenhu me saa. Minim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibere, abufuw ne pɛsɛmenkominya, ɔyaw ne nseku, ahantan ne basabasayɛ no. 21Misuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn begu mʼanim ase wɔ mo anim na mesu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dedaw na wonnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne aguamammɔ ho no.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 12:1-21

Paulo Anisoadehunu

1Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no. 2Menim Okristoni bi a mfeɛ dunan nie, biribi hwimm no de no kɔɔ ɔsoro. Mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. 3Meti mu bio. Menim sɛ wɔhwimm saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. 4Na ɛhɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yie, nneɛma a onipa anofafa ntumi nka. 5Enti, mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛ no ho. 6Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ, nokorɛ ara na meka. Nanso, merenhoahoa me ho, ɛfiri sɛ, mempɛ sɛ obiara bu me otitire sene sɛdeɛ wahunu na wate afiri me nkyɛn no. 7Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwanwaso yi enti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam ɔbɔfoɔ ma ɔde honam mu yea a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase. 8Mebɔɔ yei ho mpaeɛ mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma ɛmfiri me so nkɔ. 9Ne mmuaeɛ a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na ɛberɛ a woayɛ mmerɛ no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti, ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛyɛ hoahoa me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka. 10Esiane Kristo enti, mepene mmerɛyɛ, ɔyea, amanehunu, ɔtaa ne akwansideɛ so. Ɛfiri sɛ, me mmerɛyɛ mu no na meyɛ den.

11Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mogye me tom. Na sɛ menyɛ hwee a, ɛkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsene “Asomafoɔ” a mobu wɔn no. 12Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ. 13Dwumadie no bi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ. Adɛn enti na moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, ɛfiri sɛ, mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo momfa saa mfomsoɔ no nkyɛ me.

14Yei ne ne mprɛnsa so a masiesie me ho pɛ sɛ mebɛsra mo. Na meba nso a, meremmisa mo biribiara. Mo na merehwehwɛ mo. 15Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo enti, mɛhwere deɛ mewɔ ne mʼadagyeɛ de aboa mo. Esiane sɛ medɔ mo yie no enti, mo dɔ a modɔ me no so bɛte anaa? 16Mobɛte aseɛ sɛ na mennyɛ adesoa mma mo. Nanso, obi bɛka sɛ, meyɛ ɔdaadaafoɔ a mede nnaadaa yii mo. 17Ɛkwan bɛn so? Menam abɔfoɔ a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo anaa? 18Mesomaa Tito sɛ ɔnkɔ, ɛnna mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo anaa? Ɔno ne me nyinaa kura adwene korɔ nni dwuma korɔ?

19Ebia, modwene sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tete yɛn ho wɔ mo anim. Dabi! Yɛkasa sɛdeɛ Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de boa mo. 20Mesuro sɛ, sɛ meduru hɔ a, sɛdeɛ anka mepɛ sɛ mehunu mo no, merenhunu mo saa. Saa ara nso na sɛdeɛ anka mopɛ sɛ mohunu me no, morenhunu me saa. Menim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibereɛ, abufuo ne pɛsɛmenkomenya, ɔyea ne nsekuro, ahantan ne basabasayɛ no. 21Mesuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn bɛgu mʼanim ase wɔ mo anim na mɛsu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dada na wɔnnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne adwamammɔ ho no.