2 Korintofo 11 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 11:1-33

Paulo Ne Atoro Asomafo

1Mewɔ anidaso sɛ, sɛ meyɛ nkwaseade koraa a mubegye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. 2Metwe mo ho ninkunu sɛnea Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbabun a mahyɛ ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo no bɔ sɛ mede mo bɛma no aware. 3Misuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mubegyae sɛnea ɔwɔ no nam anifere so daadaa Hawa no. 4Mode anigye gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforo a ɔnyɛ nea yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mugye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonoe da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.

5Minnye nni sɛ meyɛ “Asomafo” no mu abomfiaa. 6Ebia mʼano ntew de, nanso mʼadwene mu abue. Yɛnam akwannuasa so akyerɛ mo eyi ase fann. 7Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛma mo akrɔn. So bɔne a meyɛɛ ne sɛ meyɛɛ saa ana? 8Bere a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforo bi na na wotua me ka. 9Bere a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menhaw mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛnea na ɛte mmere a atwa mu no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. 10Kristo nokwaredi a ahyɛ me ma nti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da. 11Adɛn nti na meka saa? Efisɛ mennɔ mo ana? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.

12Mɛkɔ so adi dwuma a meredi no mprempren yi sɛnea ɛbɛyɛ a saa “asomafo” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wodi no te sɛ yɛn dwuma a yedi no ara pɛ. 13Saa nnipa no nyɛ nokware asomafo. Wɔyɛ atoro asomafo a wɔnam twa atoro wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafo. 14Ɛnyɛ me nwonwa, efisɛ ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdan yɛ sɛ hann. 15Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nʼasomfo tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awiei no, wobenya wɔn nneyɛe so akatua pɛpɛɛpɛ.

Paulo Hoahoa Ne Ho

16Miti mu ka bio se: Ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mususuw saa a, ɛno de munnye me sɛnea mubegye ɔkwasea na menam so atumi ahoahoa me ho. 17Asɛm a mereka yi nyɛ nea Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea. 18Nanso esiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho wɔ nipasu mu nti, me nso mɛyɛ saa. 19Mo ankasa mo ani atew nti mode anigye gye nkwaseafo. 20Mugye obi a ɔhyɛ mo so anaa nea onya mo ho biribi anaa nea osum mo afiri anaa nea ommu mo anaa nea ɔbɔ mo ani so. 21Mede fɛre gye eyi to mu sɛ yɛyɛ mmerɛw dodo wɔ eyi mu.

Sɛ obi gye kyim de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, me nso megye kyim ahoahoa me ho wɔ dekode no ho bi. 22Wɔyɛ Hebrifo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo ana? Me nso meyɛ bi. 23Wɔyɛ Kristo asomfo ana? Merekasa sɛ ɔbɔdamfo. Nanso meyɛ ɔsomfo pa sen wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sen wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owu nso. 24Yudafo bɔɔ me mmaa aduasa akron ahorow anum. 25Romafo bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wosiw me abo pɛnkoro. Metenaa ahyɛn mu ma ɛbɔɔ mprɛnsa. Madi asu ase nnɔnhwerew aduonu anan pɛn. 26Mʼakwantu ahorow mu no, mihyiaa nsuyiri ne akwamukafo. Mihuu amane wɔ Yudafo ne amanamanmufo nsam. Mihuu nkurow so amane. Mihuu wuram amane. Mihuu po so amane ne nnamfo a wɔnka nokware nsam amane. 27Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne osukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ. 28Bere biara na mema asafo ahorow no ho nsɛm yɛ me nsɛnhia. 29Sɛ obi yɛ mmerɛw a ɛma me nso meyɛ mmerɛw. Sɛ obi ka ɔfoforo kɔ bɔne mu a ɛma me werɛ how.

30Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛwyɛ no mu. 31Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. 32Bere a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfo wɛn kurow no pon pɛɛ sɛ wɔkyere me. 33Nanso wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasu bi a apae tokuru mu de me sii fam ma miguan fii ne nsam.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 11:1-33

Paulo Ne Atorɔ Asomafoɔ

1Mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ meyɛ nkwaseadeɛ koraa a, mobɛgye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. 2Metwe mo ho ninkunu, sɛdeɛ Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabunu a mahyɛ no awadeɛ ho bɔ ama ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo. 3Mesuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mobɛgyae sɛdeɛ ɔwɔ no nam anifire so daadaa Hawa no. 4Mode anigyeɛ gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforɔ a ɔnnyɛ deɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mogye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonsonoeɛ da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.

5Mennye nni sɛ meyɛ “Asomafoɔ” no mu abomfiaa. 6Ebia mʼano ntee deɛ, nanso mʼadwene mu abue. Ɛkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase. 7Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛma mo akrɔn. Bɔne a meyɛeɛ ne sɛ meyɛɛ saa? 8Ɛberɛ a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforɔ bi na na wɔtua me ka. 9Ɛberɛ a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menha mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛdeɛ na ɛte mmerɛ a atwam no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. 10Kristo nokorɛdie a ahyɛ me ma enti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da. 11Adɛn enti na meka saa? Ɛfiri sɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.

12Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no seesei yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, saa “asomafoɔ” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wɔdi no te sɛ yɛn dwuma a yɛdi no pɛ. 13Saa nnipa no nyɛ nokorɛ asomafoɔ. Wɔyɛ atorɔ asomafoɔ a wɔnam twa atorɔ wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hunu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafoɔ. 14Ɛnyɛ me nwanwa, ɛfiri sɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdane yɛ sɛ hann. 15Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nʼasomfoɔ tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awieeɛ no, wɔbɛnya wɔn nneyɛeɛ so akatua pɛpɛɛpɛ.

Paulo Hoahoa Ne Ho

16Meti mu ka bio sɛ: Ɛnsɛ sɛ obiara susu sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mosusu saa a, ɛnneɛ monnye me sɛdeɛ mobɛgye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho. 17Asɛm a mereka yi nyɛ deɛ Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea. 18Nanso, ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu enti, me nso mɛyɛ saa. 19Mo ankasa mo ani ate enti mode anigyeɛ gye nkwaseafoɔ. 20Mogye obi a ɔhyɛ mo so anaa deɛ ɔnya mo ho biribi anaa deɛ ɔsum mo afidie anaa deɛ ɔmmu mo anaa deɛ ɔbɔ mo ani so. 21Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa.

Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi. 22Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. 23Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Merekasa sɛ ɔbɔdamfoɔ. Nanso, meyɛ ɔsomfoɔ pa sene wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sene wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owuo nso. 24Yudafoɔ bɔɔ me mmaa aduasa nkron ahodoɔ enum. 25Romafoɔ bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wɔsii me aboɔ pɛnkorɔ. Metenaa ahyɛn mu maa ɛbɔeɛ mprɛnsa. Medii nsuo ase nnɔnhwere aduonu ɛnan pɛn. 26Mʼakwantuo ahodoɔ mu, mehyiaa nsuyire ne akwanmukafoɔ. Mehunuu amane wɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nsam. Mehunuu nkuro so amane. Mehunuu wiram amane. Mehunuu ɛpo so amane ne nnamfoɔ a wɔnka nokorɛ nsam amane. 27Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii, menna. Ɛkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii, mennya aduane a ɛbɛso me nni. Mennya baabi nna anaa atadeɛ nhyɛ. 28Ɛberɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia. 29Sɛ obi yɛ mmerɛ a ɛma me nso meyɛ mmerɛ. Sɛ obi ka ɔfoforɔ kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ ho.

30Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛyɛ no mu. 31Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. 32Ɛberɛ a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfoɔ wɛnee kuro no ɛpono pɛɛ sɛ wɔkyere me. 33Nanso, wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasuo bi a apae tokuro mu de me sii fam maa medwane firii ne nsam.