2 Beresosɛm 7 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 7:1-22

Salomo Bue Asɔredan No Ano

1Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya fi ɔsoro bɛhyew ɔhyew afɔre ne afɔrebɔde no, na Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. 2Asɔfo no mpo antumi anhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ na Awurade anuonyam ahyɛ hɔ ma. 3Bere a Israelfo nyinaa huu sɛ ogya no reba fam, na Awurade anuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ, sɔree Awurade kamfoo no se,

“Oye!

Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”

4Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfo no nyinaa bɔɔ afɔre maa Awurade. 5Ɔhene Salomo de anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu bae sɛ nʼafɔrebɔde. Enti ɔhene no ne manfo no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano. 6Asɔfo no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifo a wɔreto dwom se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa!” no nso yɛe. Wɔde nnwontode a Dawid yɛe sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyigyee nnwonto no ho. Asɔfo a wɔne Lewifo no di nhwɛanim no hyɛn ntorobɛnto, bere a na Israelfo no nyinaa gyinagyina hɔ no.

7Na afei, Salomo buee adiwo mfimfini a ɛwɔ Awurade Asɔredan no anim no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɔ ɔhyew afɔre na wɔahyew srade a efi asomdwoe afɔre mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, efisɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a na wasi no esua ma ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne srade afɔre nyinaa no.

8Solomo dii Guankɔbea Afahyɛ toaa so nnanson na nnipadɔm fifi Israel mmusuakuw no nyinaa mu bae. Wofifi akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi Misraim asuwa anafo fam no. 9Da a ɛto so awotwe7.9 Da a ɛto so awotwe—Ɛno ne Aponto Nnapɔnna da a edi akyiri (5.3; 3 Mose 23.36; 4 Mose 29.35) Nnanson…nnanson. Wɔyɛɛ dinto dwumadi no fi da a ɛto so awotwe kosi daa ɛto so dunan wɔ ɔsram no mu. Wɔde Aponto Nnapɔnna no toa so fi da a ɛto so dunum kosi da ɛto so aduonu abien. Mpata Afahyɛ no yɛ da a ɛto so du wɔ ɔsram ason no mu. (3 Mose 16; 1 Ah 8.65-66). no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawie, efisɛ na wɔde nnanson abue afɔremuka no ano na wɔde nnanson nso adi Guankɔbea Afahyɛ no. 10Afahyɛ no awiei no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyei, efisɛ na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfo Israelfo adi no yiye.

Onyankopɔn Mmuae

11Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfi no si. Owiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no. 12Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no se,

“Mate wo mpaebɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ baabi a wɔmmɔ afɔre.

13“Ɛtɔ da a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osu rentɔ, anaa ebia mɛma mmoadabi abɛsɛe mo nnɔbae anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so. 14Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare. 15Mpae biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, metie, 16efisɛ mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fi daa daa. Mʼaniwa ne me koma bɛtena ha daa.

17“Na wo de, sɛ wudi mʼakyi sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na wutie mʼahyɛde, di me mmara nyinaa so a, 18meremma obiara mfa wʼahengua nkɔ. Saa bɔ koro yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid bere a mekaa se, ‘Meremma onipa a obedi Israel so hene mmɔ no no.’

19“Nanso, sɛ wugyaw me, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na wokɔsom anyame foforo a, 20ɛno de, metutu Israelfo ase afi mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din anuonyam no. Mɛyɛ no ahohorade ama aman nyinaa ahu. 21Ɛwɔ mu, saa asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso ɛbɛyɛ atantanne ama wɔn a wotwa mu wɔ ho no. Wobebisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sɛɛ aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’ 22Na mmuae bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ ne nkurɔfo poo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim, kɔsom anyame foforo. Ɛno nti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 7:1-22

圣殿奉献礼

1所罗门祷告完毕,就有火从天上降下,烧尽了燔祭和其他祭物。殿里充满了耶和华的荣光, 2以致祭司不能进殿。 3全体以色列人看见有火降下,又看见耶和华的荣光停在殿上,便俯伏敬拜,称谢耶和华说:

“耶和华是美善的,

祂的慈爱永远长存。”

4所罗门王和全体民众一同向耶和华献祭。 5所罗门王献上两万二千头牛和十二万只羊,王和全体民众为上帝的殿举行奉献典礼。 6祭司在自己的岗位上侍立,利未人奏着大卫王为颂赞耶和华而为他们制造的乐器,歌颂说:“祂的慈爱永远长存。”他们对面的祭司也吹响号角,全体以色列人都肃立。

7所罗门因所造的铜坛太小,容不下燔祭、素祭和脂肪,就把耶和华殿前院子中间的地方分别出来,作圣洁之地,在那里献上燔祭和平安祭祭牲的脂肪。

8所罗门和从哈马口直至埃及小河而来的全体以色列人聚成一大群会众,一起守节期七天。 9第八天举行庄严的聚会,又举行七天献坛礼。之后,他们又欢庆七天。 10七月二十三日,所罗门王让民众各回本乡。他们看见耶和华向大卫所罗门和祂的以色列子民所施的恩惠,就满心欢喜地回家去了。

耶和华向所罗门显现

11所罗门建完了耶和华的殿和他自己的王宫,他按计划完成了耶和华殿里和他自己宫里的一切工作。 12耶和华在夜间向所罗门显现,对他说:“我已听见你的祷告,也已选择这殿作为给我献祭的地方。 13若我使天不下雨,使蝗虫吞吃地上的出产,或叫瘟疫在我民中流行, 14而这些被称为我名下的子民若谦卑下来,祈祷、寻求我的面,离开恶道,我必从天上垂听,赦免他们的罪,医治他们的土地。 15现在,我会睁眼看、留心听在这殿里献上的祷告。 16我已选择这殿,使之圣洁,永远归在我的名下,我的眼和我的心必常在那里。 17如果你像你父亲大卫一样事奉我,遵行我一切的吩咐,谨守我的律例和典章, 18我必使你的王位稳固,正如我曾与你父亲大卫立约,说,‘你的子孙必永远统治以色列。’

19“然而,如果你们背弃我指示你们的律例和诫命,去供奉、祭拜别的神明, 20我必把你们从我赐给你们的土地上铲除,并离弃我为自己的名而使之圣洁的这殿,使这殿在万民中成为笑柄、被人嘲讽。 21这殿虽然宏伟,但将来经过的人必惊讶地问,‘耶和华为什么这样对待这地方和这殿呢?’ 22人们会回答,‘因为他们背弃曾领他们祖先离开埃及的耶和华——他们的上帝,去追随、祭拜、供奉别的神明,所以耶和华把这一切灾祸降在他们身上。’”