2 Beresosɛm 6 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 6:1-42

Salomo Hyira Nnipa No

1Na Salomo bɔɔ mpae se, “Awurade, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu. 2Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wubetumi atena afebɔɔ.”

3Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se, 4“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ ɔka kyerɛɛ mʼagya se, 5‘Efi da a miyii me nkurɔfo fii Misraim no, minyii kuropɔn biara mfii Israel mmusuakuw no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wosi Asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Ɛnna nso, minyii ɔhene biara sɛ onni me nkurɔfo Israelfo anim. 6Nanso afei mayi Yerusalem sɛ kuropɔn no, ne Dawid sɛ ɔhene no.’ ”

7Afei, Salomo kae se, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ osi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam. 8Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, ‘Eye sɛ wopɛ sɛ wusi asɔredan de hyɛ me din anuonyam, 9nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.’

10“Na afei Awurade ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam. 11Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a Awurade ne Israelfo yɛe no hyɛ.”

Salomo Bɔ Mpae Bue Asɔredan No Ano

12Na Salomo trɛw ne nsam wɔ Awurade afɔremuka ne Israel manfo no nyinaa anim. 13Na wabɔ kɔbere mfrafrae apa a ne ntwemu yɛ anammɔn ason ne fa, ne trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa, de asi asɔredan no adiwo mfimfini. Ogyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Obuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro. 14Ɔbɔɔ mpae se,

Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wotie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛde nyinaa. 15Wo bɔ a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.

16“Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ, woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo bɔ wɔn bra yiye, na wodi me mmara so sɛnea woayɛ no a, wobedi Israel so hene daa daa.’ 17Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn, di saa bɔ a woahyɛ wo somfo Dawid no so.

18“Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo. 19Tie me mpaebɔ ne mʼabisade, Awurade, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ ne mpae a wo somfo rebɔ no. 20Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ wɔ ha no. 21Tie mʼahobrɛase ne nokware adebisa a me ne wo nkurɔfo Israelfo bɔ mpae wɔ ha de to wʼanim no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro faako a wote no; na sɛ wote nso a, fa kyɛ.

22“Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ onnim ho hwee wɔ afɔremuka no anim wɔ Asɔredan no mu a, 23tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi fɔ no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no.

24“Sɛ wo nkurɔfo Israelfo yɛ bɔne tia wo, na ɛno nti wɔn atamfo di wɔn so nkonim na wɔsan ba wo nkyɛn, bɔ wo din na wɔbɔ wo mpae wɔ Asɔredan yi mu a, 25tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.

26“Sɛ wo nkurɔfo yɛ bɔne tia wo, na ɛno nti wɔto ɔsoro mu na osu antɔ na wɔbɔ mpae wɔ Asɔredan yi mu, bɔ wo din, twe wɔn ho fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a, 27tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn ade trenee yɛ, na tɔ osu gu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so.

28“Sɛ ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no, 29sɛ wo nkurɔfo bɔ mpae wɔ wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a, 30tie fi ɔsoro, nea wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfo no ma wɔn, na wo na wunim wɔn koma mu, efisɛ wo nko ara na wunim nnipa koma mu. 31Ɛno akyi no wobesuro wo na wɔanantew wʼakwan so mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.

32“Na sɛ ananafo te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnne akɛse no, na wofi akyirikyiri bɛsom wo din kɛse no, bɔ mpae de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a, 33tie fi ɔsoro nea wote hɔ, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahu, asuro wo, sɛnea wo nkurɔfo Israelfo no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso behu sɛ, wo din na ɛda saa Asɔredan a masi yi so.

34“Sɛ wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na sɛ wɔbɔ mpae, srɛ Awurade fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, 35tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na yɛ wɔn abisade ma wɔn.

36“Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn ama wɔn atamfo adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, sɛ ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn. 37Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’ 38na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpae fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi ho a, 39tie wɔn mpaebɔ no fi ɔsoro, nea wote hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfo ayɛ atia wo no kyɛ wɔn.

40“Afei me Nyankopɔn, bue wʼaniwa na wɛn wʼaso tie mpae a wɔbɔ wɔ ha no nyinaa.

41“Afei, Awurade Nyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea,

a wɔde wʼapam Adaka fɛfɛ no abesi no mu.

Awurade Nyankopɔn, ma nkwagye mmra wʼasɔfo so,

na wʼahotefo nya wʼayamye mu anigye.

42Awurade Nyankopɔn, nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.

Kae ɔdɔ a ɛto ntwa da a wode hyɛɛ wo somfo Dawid bɔ no.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 6:1-42

1那时,所罗门说:

“耶和华啊,

你曾说你要住在密云中,

2现在我为你建造了殿宇,

作你永远的居所。”

所罗门为民众祝福

3王转身为站立在那里的以色列全体会众祝福。 4他说:“以色列的上帝耶和华当受称颂!祂亲口给我父大卫的应许,祂也亲手成就了! 5祂曾说,‘自从我把我的子民带出埃及以来,我并没有在以色列众支派中选出一座城建造殿宇作为我名所在之地,也没有选立一人做我以色列子民的君王。 6但如今,我拣选了耶路撒冷作为我名所在之地,又拣选了大卫来治理我的以色列子民。’”

7所罗门又说:“我父大卫曾想建一座殿来尊崇以色列的上帝耶和华之名, 8但耶和华对我父大卫说,‘你想为我建殿,这番心意是好的, 9但你不要建,要由你的亲生儿子为我建殿。’ 10现在耶和华已经成就祂的应许,让我继承我父大卫的王位统治以色列,又为以色列的上帝耶和华的名建了殿。 11我把约柜安放在里面,约柜里有耶和华与以色列人所立的约。”

所罗门的祷告

12所罗门当着以色列会众的面,站在耶和华的坛前,向天伸出双手祷告。 13他曾造一个长二点二五米,宽二点二五米,高一点三五米的铜台,放在院子中间。他站在台上,当着以色列会众的面跪下,向天伸出双手, 14祷告说:“以色列的上帝耶和华啊,天上地下没有神明可以与你相比!你向尽心遵行你旨意的仆人守约、施慈爱。 15你持守给你仆人——我父大卫的应许,你曾亲口应许,你今天亲手成就了。 16以色列的上帝耶和华啊,你曾对你仆人——我父大卫说,‘若你的子孙像你一样谨慎行事,遵行我的律法,你的王朝就不会中断。’求你信守这应许。 17以色列的上帝耶和华啊,求你实现你给你仆人大卫的应许。

18“然而,上帝啊,你真的会住在人间吗?看啊,诸天尚且不够你居住,更何况我建造的这殿呢? 19可是,我的上帝耶和华啊,求你垂顾你仆人的祷告和祈求,垂听你仆人在你面前的呼求和祷告。 20愿你昼夜看顾这殿——你应许立你名的地方!你仆人向着这地方祷告的时候,求你垂听。 21你仆人和你的以色列子民向这地方祈祷的时候,求你从你天上的居所垂听,赦免我们的罪。

22“如果有人得罪邻舍,被叫到这殿中,在你的坛前起誓, 23求你从天上垂听,在你众仆人当中施行审判,按他们的行为罚恶赏善。

24“当你的以色列子民因得罪你而败在敌人手中时,如果他们回心转意归向你,承认你的名,在这殿里祈祷, 25求你从天上垂听,赦免他们的罪,带领他们回到你赐给他们和他们祖先的土地上。

26“当你的子民得罪你,你惩罚他们,使天不降雨时,如果他们向着这地方祷告,承认你的名,并离开罪恶, 27求你在天上垂听,赦免你仆人——你以色列子民的罪,教导他们走正道,降下甘霖滋润你赐给你子民作产业的土地。

28“如果国中有饥荒、瘟疫、旱灾、霉病、蝗灾、虫灾,或是城邑被敌人围困,无论遭遇什么灾祸疾病, 29只要你的以色列子民,或个人或全体,自知心中痛苦并向着这殿伸手祷告,无论祈求什么, 30求你从天上的居所垂听,赦免他们。唯独你能洞察人心,你必按各人的行为施行赏罚, 31使你的子民在你赐给我们祖先的土地上终生敬畏你,遵行你的道。

32“如果有远方的外族人听说你的大能大力,慕名而来,向着这殿祷告, 33求你从天上的居所垂听,应允他们的祈求,好叫天下万民都像你的以色列子民一样认识你的名、敬畏你,并知道我建造的这殿属于你的名下。

34“你的子民奉你的命令上阵与敌人作战,无论他们在哪里,如果他们向着你选择的这城和我为你建造的这殿祷告, 35求你从天上垂听,使他们得胜。

36“世上没有不犯罪的人,如果你的子民得罪你,以致你向他们发怒,让敌人把他们掳走,不论远近, 37若他们在那里回心转意,向你恳求,承认自己犯罪作恶了; 38若他们全心全意地归向你,朝着你赐给他们祖先的这片土地、你选择的这城和我为你建的这殿向你祷告, 39求你从你天上的居所垂听他们的祈求,为他们伸张正义,赦免得罪你的子民。

40“我的上帝啊,

求你睁眼看、侧耳听在这殿里献上的祷告。

41耶和华上帝啊,

愿你起来与你大能的约柜一同进入你的安息之所!

耶和华上帝啊,

愿你的祭司披上救恩,

愿你的圣民蒙福欢乐!

42耶和华上帝啊,

求你不要厌弃你所膏立的人,

顾念你曾应许以慈爱待你的仆人大卫。”