2 Beresosɛm 28 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 28:1-27

Ahas Di Yudahene

1Ahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea ne tete agya Dawid yɛe no. 2Mmom, ɔyɛɛ nea Israel ahemfo yɛe no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal. 3Ɔbɔɔ afɔre wɔ Hinom28.3 Ben-Hinom bon. Hwɛ 33.6. Yosia braa abosonsom a na ɛrekɔ so wɔ hɔ no (2 Ah 23.10). Ɔde ne babarima bɔɔ afɔre (3 Mose 20.1-5; Yer 7.31-32; 2 Ah 16.3). babarima bon mu, na mpo ɔde ne mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuaa akyiwade a abosonsom aman no yɛe a nti Awurade pam wɔn fii asase no so ansa na Israelfo rekodu hɔ no. 4Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase.

5Ɛno nti na Awurade, ne Nyankopɔn, maa Aramhene kwan na odii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfo bebree asu kɔɔ Damasko. Israel asraafo bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkum nʼakofo no bebree nso. 6Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkum Yuda asraafo no nnipa mpem ɔha aduonu, efisɛ na wɔapo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn. 7Afei, Sikri, ɔkofo kɛse a ofi Efraim, kunkum Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfi so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abediakyiri no. 8Israelfo asraafo kyekyeree mmea ne Yuda mmofra mpem ahannu, faa asade bebree, de kɔɔ Samaria.

9Na Awurade odiyifo a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ bere a Israel asraafo san baa fie no. Okohyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, bo fuw Yuda, na ɔmaa mudii wɔn so nkonim. Nanso moayɛ ama aboro so dodo sɛ mode atirimɔden akunkum wɔn, ma ahaw ɔsoro nyinaa. 10Na mprempren, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wofi Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa Awurade, mo Nyankopɔn no, ho asɛm te dɛn? 11Muntie me, na munnyaa saa nneduafo a wɔwɔ mo nsam no, efisɛ wɔyɛ mo ankasa mo abusuafo. Monhwɛ no yiye, efisɛ mprempren, wɔadan Awurade abufuwhyew no aba mo so!”

12Na Israel ntuanofo bi a wɔyɛ Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee eyi so, na wɔne mmarima a wofi akono reba no kae se, 13“Mommfa nneduafo no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdi ho. Yɛn afɔdi so dedaw, na wɔadan Awurade abufuwhyew no aba Israel so dedaw.”

14Enti akofo no gyaee nneduafo no de asade no mae wɔ ɔmanfo no ne ntuanofo no anim. 15Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntade a ɛwɔ asade no mu no maa nneduafo a wɔda adagyaw no. Wɔmaa wɔn ntade ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuan pii ne nsu, de ngo guguu wɔn apirakuru mu. Wɔde wɔn a wɔayɛ mmerɛw no tenatenaa mfurum so, de nneduafo no nyinaa san baa wɔn asase Yeriko, mmɛkurow, no so. Afei, wɔsan kɔɔ Samaria.

16Saa bere no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfo. 17Bio, na Edom asraafo adi Yuda so nkonim, akyekyere ebinom nnommum. 18Na Filistifo atow ahyɛ nkurow a ɛwɔ Yuda mmepɔw no ase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurow ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurow no. Na Filistifo no tenatenaa saa nkurow yi so.28.18 Edomfo…tua Yuda. …Filistifo ɔfow. Ananafo nkabom (nky. 16) ma wotumi dii Ahas so nkonim. 19Na Awurade rebrɛ Yuda ase, esiane Yudahene Ahas nti, efisɛ na ɔboa ne nkurɔfo ma wɔyɛ bɔne, na na onni Awurade nokware korakora nso. 20Enti bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser bedui no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhaw no mmom. 21Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo fii Awurade asɔredan no mu, ahemfi hɔ ne ne mpanyimfo afi mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne tow. Nanso eyi mpo, ammoa no.

22Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden wɔ Awurade so. 23Ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wodii ne so nkonim no, na ɔkae se, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo nti, sɛ mebɔ afɔre ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso wɔmaa no sɛee, maa Israel nyinaa sɛee.

24Ɔhene no tasee nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa bubuu mu asinasin. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apon mu, sɛnea obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Osisii afɔremuka maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɔtwɔw so baabiara. 25Ɔyɛɛ abosonsom nsɔree so wɔ Yuda nkurow nyinaa so a wɔbɔ afɔre wɔ hɔ ma anyame foforo no. Ɔnam saa ɔkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn, abufuw.

26Ahas ahenni ho nsɛm nkae no fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma mu. 27Ɔhene Ahas wui no, wosiee no Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehye amusiei. Ne babarima Hesekia na odii nʼade sɛ ɔhene.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 28:1-27

猶大王亞哈斯

1亞哈斯二十歲登基,在耶路撒冷執政十六年。他沒有效法他祖先大衛做耶和華視為正的事, 2反而步以色列諸王的後塵,又鑄造巴力神像。 3他不但在欣嫩子谷燒香,還效法耶和華在以色列人面前趕走的外族人的可憎行徑,焚燒自己的兒子作祭物。 4他還在邱壇、山岡和綠樹下獻祭燒香。

與亞蘭和以色列交戰

5因此,他的上帝耶和華把他交在亞蘭王手中,亞蘭王就打敗他,把他的許多人民擄到大馬士革。他也被交在以色列王手中,損失慘重。 6利瑪利的兒子比加一天之內殺了猶大十二萬勇士,因為他們背棄了他們祖先的上帝耶和華。 7以法蓮的勇士細基利殺了王子瑪西雅、宮廷總管押斯利甘和宰相以利加拿8以色列軍隊從他們的猶大同胞中擄走了二十萬婦孺,同時也將大量戰利品帶回撒瑪利亞

俄德先知

9撒瑪利亞有一位耶和華的先知名叫俄德,他出城去迎接班師回來的軍隊,說:「看啊,你們祖先的上帝耶和華向猶大發怒,才將他們交在你們手中。你們竟怒氣衝天,對他們大加殺戮。 10現在你們竟還想讓猶大耶路撒冷的男女做你們的僕俾。你們豈不也得罪你們的上帝耶和華嗎? 11你們還是聽我的忠告,釋放你們擄來的同胞,讓他們回去吧!因為耶和華的烈怒已經臨到你們了。」

12約哈難的兒子亞撒利雅米實利末的兒子比利迦沙龍的兒子耶希西迦哈得萊的兒子亞瑪撒四位以法蓮族長起來阻擋從戰場回來的軍隊, 13說:「你們不可把這些俘虜帶進來,我們的罪已經夠重了,耶和華的烈怒已經臨到以色列人,不要再得罪耶和華,加重我們的罪惡了。」 14於是,士兵們便把俘虜和戰利品交給眾首領和民眾。 15那些以法蓮族長就上前照顧俘虜,從戰利品中拿出衣服和鞋子給那些赤身露體的俘虜穿上,供應他們吃喝,又給他們的傷口抹上油,讓軟弱的騎驢。他們把所有的俘虜送到棕樹城耶利哥他們的親族那裡,隨後返回撒瑪利亞

亞哈斯向亞述王求援

16那時,亞哈斯王派人到亞述王那裡求援。 17原來以東人又來攻打猶大,擄掠民眾。 18非利士人也入侵丘陵和猶大南方的城鎮,攻佔了伯·示麥亞雅崙基低羅,以及梭哥亭拿瑾鎖和三城周圍的村莊,並住在那裡。 19耶和華使猶大衰微,因為以色列28·19 以色列王」這裡可能指統治猶大的王,而非統治北國以色列的王。亞哈斯猶大肆無忌憚,悖逆耶和華。 20亞述提革拉·毗列色來到猶大後,不但不救他,反而壓迫他。 21亞哈斯從耶和華的殿裡、王宮和官員家中取財寶送給亞述王,但無濟於事。

亞哈斯的惡行

22亞哈斯在患難時越發悖逆耶和華, 23竟去祭拜打敗他的大馬士革人的神明,說:「既然亞蘭王的神明幫助了亞蘭人,我要向這些神明獻祭,以便它們幫助我。」但那些神明導致了他和全體以色列人的滅亡。 24亞哈斯將耶和華上帝殿裡的器皿收集起來打碎,封鎖殿門,並在耶路撒冷的每個角落為自己設立祭壇。 25他還在猶大各城建立邱壇,向其他神明燒香,惹他祖先的上帝耶和華發怒。 26亞哈斯其他的事及所作所為自始至終都記在猶大以色列的列王史上。 27亞哈斯與祖先同眠後,葬在耶路撒冷城中,但沒有葬在以色列的王陵。他兒子希西迦繼位。