2 Ahemfo 8 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 8:1-29

Sunemnibea No San Kɔ Ne Kurom

1Na Elisa aka akyerɛ ɔbea a onyan ne ba no se, “Wo ne wo fifo ntu nkɔ baabi foforo, efisɛ Awurade ahyɛ sɛ ɔkɔm mmra Israel mfe ason.” 2Enti ɔbea no yɛɛ sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛe no. Ɔfaa ne fifo kɔtenaa Filistifo asase8.2 Na Filistiman no yɛ asase pa sen Israel mmepɔw mmepɔw so no. Afei na Siria asraafo nhunahuna saa ɔman no. so mfe ason.

3Ɔkɔm no twaa mu no, ɔsan baa Israel asase so, kohuu ɔhene no sɛ ɔregye ne fi ne nʼasase. 4Na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no somfo rekasa. Na ɔhene no rebisa se: Ka nneɛma akɛse a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me. 5Saa bere no ara na na Gehasi reka nyan a Elisa nyan abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Bere koro no ara mu na abarimaa no na kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no se ɔmfa ne fi ne ne dan mma no no.

Gehasi teɛɛ mu se, “Hwɛ, me wura! Ɔbea no ni na, na ne babarima a Elisa nyan no no nso ni!”

6Ɔhene no bisaa ɔbea no se, “Ɛyɛ nokware ana?” Ɔbea no buae se ɛyɛ ampa. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanyimfo no mu baako se ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Ne nnɔbae a wotwae a na onni hɔ nyinaa, wɔde maa no.

Hasael Kum Ben-Hadad

7Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Onyankopɔn nipa no aba hɔ,” 8na ɔka kyerɛɛ Hasael se, “Fa akyɛde kɔma Onyankopɔn nipa no. Na ka kyerɛ no, na ommisa Awurade se, ‘Me ho bɛtɔ me bio ana?’ ”

9Na Hasael hyehyɛɛ yoma aduanan so nnepa a efi Damasko,8.9 Na Damasko yɛ guaman a ɛhyɛ Misraim, Asia Kumaa ne Mesopotamia ntam. sɛ akyɛde a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn se mimmebisa se, ‘Menya ahotɔ ana?’ ”

10Na Elisa ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔka kyerɛ no se, ‘Wubenya ahotɔ.’ Nanso Awurade ada no adi akyerɛ me sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, obewu.” 11Elisa hwɛɛ Hasael anim, kosii sɛ Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn nipa no fii ase sui. 12Hasael bisae se, “Adɛn na me wura resu?” Elisa buae se, “Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo. Wobɛhyew wɔn nkurow a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmerante, de wɔn mma nketewa adwiradwira fam, apaapae apemfo yafunu!”

13Na Hasael buae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, betumi adi dwuma kɛse a ɛte sɛɛ yi?”

Elisa buae se, “Awurade akyerɛ me se, wo na wobɛyɛ Aramhene.”

14Bere a Hasael san kɔe no, ɔhene no bisaa no se, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?”

Hasael buae se, “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den.” 15Nanso ade kyee no, Hasael faa ntama a mu yɛ duru, de nuu nsu mu, de kataa ɔhene no anim, kosii sɛ owui. Na Hasael sii nʼanan mu sɛ Aramhene.

Yehoram Di Yudahene

16Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bedii Yuda so bere a ɔhene Yoram adi ade wɔ Israel mfe anum. Na Yoram yɛ Ahab babarima. 17Bere a Yehoram dii hene no, na wadi mfe aduasa abien. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. 18Nanso Yehoram dii Israel ahemfo anammɔn akyi. Na ɔyɛ omumɔyɛfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Na Yehoram yɛɛ nea na ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 19Nanso na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Yuda, efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam, ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefo na wɔbɛkɔ so adi ɔman no so afebɔɔ.

20Yehoram bere so na Edomfo sɔre tiaa Yuda, na wosii wɔn ankasa wɔn hene. 21Enti Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔtow hyɛɛ Sair kurow so. Edomfo twaa ɔne ne nteaseɛnamkafo ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum no mu guanee. Yehoram asraafo nso guanee. 22Edom atew Yuda so atua de besi nnɛ. Saa bere no ara mu na Libna kurow nso sɔre tiae.

23Nsɛm a esisii wɔ Yehoram ahenni mu ne nea ɔyɛe nyinaa no wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 24Bere a Yehoram wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na odii nʼade sɛ ɔhene.

Ahasia Di Hene Wɔ Yuda

25Yehoram babarima Ahasia fii ase dii hene wɔ Yuda wɔ ɔhene Yoram8.25 Na wɔfrɛ Yoram yere se Atalia. Na ɔyɛ Ahab babea. adedi wɔ Israel ne mfe dumien mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. 26Bere a Ahasia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii ade wɔ Yerusalem afe. Ne na ne Atalia a na ɔyɛ Israelhene Omri nena. 27Ahasia dii amumɔyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fifo yɛe no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumɔyɛsɛm wɔ Awurade ani so, efisɛ wɔbɔɔ ne din bataa aware a ɔkɔwaree Ahabfini no ho.

28Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no. 29Bere a wopiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsan baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuru no. Bere a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀下 8:1-29

書念婦人得回產業

1以利沙曾經救活了一位書念婦人的兒子。他對那婦人說:「你和家人要離開這裡去別處寄居,因為耶和華已決定使這裡遭受七年饑荒。」 2那婦人遵照上帝僕人的話,舉家遷往非利士,在那裡寄居了七年。 3七年後,她從非利士返回,去向王請求收回自己的房屋和田地。 4那時,王正與上帝僕人的侍者基哈西談話,讓基哈西以利沙所做的一切大事講給他聽。 5基哈西正在向王講述以利沙如何使死人復活的時候,那位書念婦人剛好進宮求見王,基哈西便說:「我主我王,這就是那婦人,這是她那個被以利沙救活的兒子。」 6王問那婦人,她便原原本本地將那件事稟告王。王委派一位臣僕處理她的事情,並吩咐說:「凡屬於這婦人的東西,包括從她離開本地直到今天她田地的所有出產,要全部還給她。」

以利沙對哈薛的預言

7一天,以利沙到了大馬士革。當時亞蘭便·哈達正在生病,他得知上帝的僕人來了, 8便對哈薛說:「你帶著禮物去見上帝的僕人,請他求問耶和華,看看我這病能否痊癒。」 9哈薛用四十頭駱駝馱著大馬士革的各種美物前去拜見以利沙。到了那裡,他站在以利沙面前說:「你兒子亞蘭便·哈達派我來問你,他的病能否痊癒?」

10以利沙哈薛說:「你去告訴他,他一定會痊癒。不過,耶和華告訴我他會死。」 11他目不轉睛地盯著哈薛,盯得他很不安。然後,上帝的僕人哭了。 12哈薛問:「我主為什麼哭呢?」以利沙說:「因為我知道你會加害以色列人。你會放火燒他們的堡壘,用刀殺戮他們的壯丁,摔死他們的孩童,剖開他們的孕婦。」 13哈薛說:「你僕人算什麼,不過是一條狗,怎能做這樣的大事呢?」以利沙說:「耶和華告訴我,你要做亞蘭王。」 14哈薛辭別以利沙回去了。王問他:「以利沙對你說什麼?」他答道:「以利沙告訴我,你一定會痊癒。」 15第二天,哈薛拿了一床浸透水的被子,蒙在王的臉上,王窒息而死。於是哈薛篡位。

約蘭做猶大王

16以色列亞哈的兒子約蘭執政第五年,猶大約沙法讓位給兒子約蘭17約蘭三十二歲登基,在耶路撒冷執政八年。 18他與亞哈家一樣步以色列諸王的後塵,因為他娶了亞哈的女兒為妻,做耶和華視為惡的事。 19但耶和華因祂僕人大衛的緣故而不願毀滅猶大,因為祂曾應許讓大衛的子孫永遠做王。 20約蘭執政期間,以東人反叛猶大,自己立王。 21約蘭率領所有戰車前往撒益,他和戰車長們被以東人包圍。他們乘夜出擊,突出重圍,各自逃回家去。 22以東人至今仍脫離猶大的統治。立拿人也在那個時候叛變了。

23約蘭其他的事及其一切所作所為都記在猶大列王史上。 24約蘭與祖先同眠後,葬在大衛城他的祖墳裡。他兒子亞哈謝繼位。

亞哈謝做猶大王

25以色列亞哈的兒子約蘭執政第十二年,猶大約蘭的兒子亞哈謝登基。 26他二十二歲登基,在耶路撒冷執政一年。他母親叫亞她利雅,是以色列暗利的孫女。 27亞哈謝亞哈家的女婿,他步亞哈家的後塵,做耶和華視為惡的事。

28他聯合亞哈的兒子約蘭基列拉末亞蘭哈薛交戰。約蘭受了傷, 29便回到耶斯列療傷。猶大亞哈謝前去探望。