2 Ahemfo 24 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 24:1-20

1Yehoiakim ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛtow hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na otuaa tow maa no mfe abiɛsa, nanso ɔtew Nebukadnessar so atua. 2Na Awurade somaa akofo fi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛnea Awurade nam nʼadiyifo so hyɛɛ ho nkɔm no. 3Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛnea Awurade hyɛe no, sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi wɔn afi nʼanim, esiane bɔne dodow a Manase yɛe no nti, 4a na mogya a edi bem a ohwie guu no ka ho bi. Efisɛ ɔde mogya a edi bem fɔw Yerusalem dotoo; ɛno nti na Awurade mpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ.

5Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 6Bere a Yehoiakim wui no, ne babarima Yehoiakyin na odii nʼade sɛ ɔhene.

7Misraimhene ansan amma bio, efisɛ na Babiloniahene afa nsase a anka na Misraimfo no agye no nyinaa, efi Misraim asuwa no so, kosi Asubɔnten Eufrate ho.

Yehoiakyin Di Yudahene

8Bere a Yehoiakyin dii ade no, na wadi mfe dunwɔtwe, na odii hene wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Elnatan a ofi Yerusalem no babea Nehusta. 9Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya yɛe no ara pɛ.

10Yehoiakyin ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar asraafo mu mpanyimfo betuaa Yerusalem ano. 11Otua no mu no, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu. 12Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufo, atitiriw, mpanyimfo ne ɔhemmea de wɔn ho maa Babiloniafo. Nebukadnessar dii ade ne mfe awotwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin de no too afiase. 13Sɛnea Awurade aka dedaw no, Nebukadnessar tasee agyapade a ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no ne ahemfi hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ nnwetɛbona a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa. 14Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafo mpem du fii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafo akofo, adwumfo ne atomfo a wodi mu ka ho. Ɛno nti, ahiafo nko ara na ogyaw wɔn wɔ asase no so.

15Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanyimfo, ɔhemmea ne Yerusalem nnipa atitiriw ka ho. 16Ɔfaa akofo a wɔte apɔw no mpem ason, adwumfo ne atomfo apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodi. 17Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii ade sɛ ɔhene foforo. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.

Sedekia Di Yudahene

18Bere a Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 19Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no. 20Awurade abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so.

Yerusalem Asehwe

Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 24:1-20

1Yehoiakim ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛto hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na ɔtuaa toɔ maa no mfeɛ mmiɛnsa, nanso ɔtee Nebukadnessar so atua. 2Na Awurade somaa akofoɔ firi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛdeɛ Awurade nam nʼadiyifoɔ so hyɛɛ ho nkɔm no. 3Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyi no afiri nʼanim, ɛsiane bɔne dodoɔ a Manase yɛeɛ no enti. 4Manase kaa mogya a ɛdi bem guiɛ de hyɛɛ Yerusalem ma, ɛno enti, Awurade amfa yei ankyɛ.

5Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 6Ɛberɛ a Yehoiakim wuiɛ no, ne babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

7Na ɛno akyi, Misraimhene ansane amma bio. Na Babiloniahene na ɔfaa asase a anka na Misraimfoɔ no agyeɛ no nyinaa, ɛfiri Misraim asuwa no so, kɔsi Asubɔnten Eufrate ho.

Yehoiakyin Di Ɔhene Wɔ Yuda

8Ɛberɛ a Yehoiakyin dii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii ɔhene Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no babaa Nehusta. 9Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no ara pɛ.

10Yehoiakyin ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar akodɔm mu mpanimfoɔ bɛtuaa Yerusalem. 11Ɔtua no mu, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu. 12Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufoɔ, atitire, mpanimfoɔ ne ɔhemmaa de wɔn ho maa Babiloniafoɔ. Nebukadnessar dii adeɛ ne mfeɛ nwɔtwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin, de no too afiase. 13Sɛdeɛ Awurade aka dada no, Nebukadnessar tasee agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no ne ahemfie hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ akoradeɛ a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa. 14Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafoɔ ɔpedu firii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafoɔ akodifoɔ, adwumfoɔ ne atomfoɔ a wɔdi mu ka ho. Ɛno enti, ahiafoɔ nko ara na ɔgyaa wɔn wɔ asase no so.

15Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanimfoɔ, ɔhemmaa ne Yerusalem nnipa atitire ka ho. 16Afei, ɔfaa akofoɔ a wɔte apɔ no mpem nson, adwumfoɔ ne atomfoɔ apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodie. 17Afei, Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii adeɛ sɛ ɔhene foforɔ. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.

Sedekia Di Ɔhene Wɔ Yuda

18Ɛberɛ a Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 19Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no. 20Ɛno enti, Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire yi, ɔyii nʼani firii wɔn so.

Yerusalem Asehweɛ

Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.