2 Ahemfo 25 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 25:1-30

1Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho. 2Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kosii ɔhene Sedekia ahenni no mfe dubaako so.

3Eduu Tammus ɔsram (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛto so dunwɔtwe no, Sedekia ahenni mfe dubaako mu no, na ɔkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yiye, ama wɔn aduan a aka no nyinaa asa. 4Na kuropɔn no fasu fa bi abu agu fam nti, asraafo no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wobeguan afi kuropɔn no mu. Nanso esiane sɛ na Babiloniafo atwa kuropɔn no ho ahyia nti, wɔtwɛn kosii anadwo, na woguan faa ɔpon a ɛda afasu abien a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wuramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bon no.

5Nanso Babiloniafo no tiw wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tataw so, efisɛ na ne mmarima no nyinaa aguan agya no saa bere no. 6Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla ma wobuu no atɛn. 7Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmabarima nyinaa. Afei, wotutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia.

Wɔsɛe Asɔredan No

8Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem. 9Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfi ne afi a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyew ofi biara a edi mu. 10Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no. 11Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no kyekyeree wɔn a wɔkaa wɔ kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne asraafo a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asu. 12Na awɛmfo so panyin no maa mmɔborɔfo no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuw ne mfuw foforo a ɛka ho no so.

13Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia. 14Wɔtasee nkuku, sofi, akanea adabaw, nsanka ne kɔbere mfrafrae nneɛma ahorow a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa. 15Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no san tasee nkankyee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkae a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.

16Kɔbere mfrafrae a wonya fii afadum abien, nsu teaseɛnam ne Po no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wobetumi akari. Ɔhene Salomo bere so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu. 17Na afadum no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Kɔbere mfrafrae no ntaaso a ɛdeda afadum no mu biara so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a wɔde kɔbere mfrafrae no ara bi a ɛyɛ ɔtan sɛso ne atoa aba sɛso, atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no. Na ɔfadum a ɛka ho no siesiebea ne no sesɛ.

18Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum. 19Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no. 20Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. 21Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat.

Enti wotwaa Yuda asu fii nʼasase so.

Gedalia Hwɛ Yuda So

22Ɔhene Nebukadnessar yii Ahikam babarima Gedalia a na ɔyɛ Safan nena sɛ amrado a na ɔhwɛ nnipa a wɔkaa wɔ Yuda no so. 23Bere a asraafodɔm so asahene ne wɔn mmarima tee sɛ Babiloniahene asi Gedalia amrado no, wɔkɔkaa ne ho wɔ Mispa. Nnipa a wɔkɔkaa ne ho no ne Netania babarima Ismael, Karea babarima Yohanan, Tanhumet a ofi Netofa babarima Seraia ne Maakatni babarima Yaasania ne wɔn mmarima nyinaa. 24Gedalia dii nsew, kyerɛɛ wɔn sɛ, Babilonia mpanyimfo no amma hɔ ɔhaw so. Otuu wɔn fo se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye.”

25Tisri ɔsram (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nena a na ofi adehye abusua mu no de mmarima du kɔɔ Mispa, kokum Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafo ne Babiloniafo no nyinaa. 26Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, efi akumaa so, kosi ɔkɛse so ne asraafodɔm asahene bɔɔ huboa, na woguan kɔɔ Misraim, efisɛ na wosuro sɛ Babiloniafo no bɛyɛ wɔn biribi.

Israel Adehye Anidaso

27Ɔhene Yehoiakyin dii mfe aduasa ason wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bedii Babiloniahene. Ohuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti oyii no fii afiase saa afe no ara mu Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so abien. 28Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de. 29Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda. 30Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 25:1-30

1Ɔbosome Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛtɔ so dunum wɔ Sedekia ahennie mfeɛ nkron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakodɔm nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wɔtwaa kuropɔn no ho hyiaeɛ. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasuo ho. 2Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so.

3Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa. 4Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no.

5Nanso, Babiloniafoɔ no tii wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tata so, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no, na ne mmarima no nyinaa adwane agya no. 6Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla, ma wɔbuu no atɛn. 7Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmammarima nyinaa. Afei, wɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia.

Wɔsɛe Asɔredan No

8Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem. 9Ɔhyee Awurade Asɔredan ne ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa. Adan pa a ɛwɔ kuropɔn no mu no, ɔsɛee ne nyinaa. 10Awɛmfoɔ so panin no hwɛ maa Babilonia akodɔm no bubuu Yerusalem afasuo no. 11Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no kyekyeree wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne akodɔm a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asuo. 12Na awɛmfoɔ so panin no maa mmɔborɔfoɔ no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuo ne mfuo foforɔ a ɛka ho no so.

13Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, kɔbere mfrafraeɛ nsuo nteaseɛnam ne Po a na ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, na wɔsoaa ne nyinaa kɔɔ Babilonia. 14Wɔtasee nkukuo, sofi, nkanea akapɛ, nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa. 15Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no sane tasee nkyɛnsee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkaeɛ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.

16Kɔbere mfrafraeɛ a wɔnya firii afadum mmienu, nsuo teaseɛnam ne Ɛpo no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wɔbɛtumi akari. Ɔhene Salomo berɛ so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu. 17Na afadum no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Kɔbere mfrafraeɛ no ntaasoɔ a ɛdeda afadum no mu biara so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ no ara bi a ɛyɛ atena sɛso ne ateaa aba sɛso atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no.

18Awɛmfoɔ so panin no kyekyeree ɔsɔfopanin Seraia, nʼabadiakyire Sefania ne apono ano sohwɛfoɔ mpanimfoɔ baasa sɛ nneduafoɔ. 19Nnipa a na wɔakɔtetɛ no mu nso, ɔkyeree Yuda asraadɔm no mu panin baako, ɔhene no ankasa afotufoɔ baanum, asraadɔm sahene no twerɛfoɔ panin a na ɔfa nnipa wɔ adwuma mu ne ɔmanfoɔ aduosia. 20Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. 21Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn.

Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so.

Gedalia Hwɛ Yuda So

22Ɔhene Nebukadnessar yii Ahikam babarima Gedalia a na ɔyɛ Safan nana no sɛ amrado a na ɔhwɛ nnipa a wɔkaa Yuda no so. 23Ɛberɛ a asraadɔm asahene ne wɔn mmarima tee sɛ Babiloniahene asi Gedalia amrado no, wɔkɔkaa ne ho wɔ Mispa. Nnipa a wɔkɔkaa ne ho no ne Netania babarima Ismael, Karea babarima Yohanan, Tanhumet a ɔfiri Netofa babarima Seraia ne Maakatni babarima Yaasania ne wɔn mmarima nyinaa. 24Gedalia dii nse, kyerɛɛ wɔn sɛ, Babilonia mpanimfoɔ no amma hɔ ɔhaw so. Ɔtuu wɔn fo sɛ, “Monnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie.”

25Tisri bosome (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nana a na ɔfiri adehyeɛ abusua mu no de mmarima edu kɔɔ Mispa, kɔkumm Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafoɔ ne Babiloniafoɔ no nyinaa. 26Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, ɛfiri akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so ne akodɔm asahene, bɔɔ huboa, na wɔdwane kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na wɔsuro sɛ Babiloniafoɔ no bɛyɛ wɔn biribi.

Israel Adehyeɛ Anidasoɔ

27Ɔhene Yehoiakyin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu. 28Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ. 29Enti Yehoiakyin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara, kɔsii ne wu da. 30Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakyin sika ɛberɛ-ano-berɛ-ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kɔsii ne wu da.