1 Korintofo 5 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 5:1-13

Aguamammɔ

1Nnansa yi wɔkeka se aguaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfo mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere. 2Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ how wɔ ho na mompam saa onipa no mfi mo mu? 3Ɛwɔ mu, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. 4Muhyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti, 5ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no du a, wagye ne honhom nkwa.

6Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Munim sɛ mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no tu ana? 7Ɛsɛ sɛ muyi saa bɔne mmɔkaw dedaw yi fi mo mu na moayɛ kronkron. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforo a mmɔkaw nni mu sɛnea minim mo sɛ mote dedaw no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Guamma no abɔ afɔre no, yɛn Twam Afahyɛ no adu so. 8Eyi nti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom yɛmfa brodo a mmɔkaw nni mu na ɛyɛ kronkron no na enni afahyɛ no.

9Krataa a mekyerɛw mo no, mekaa wɔ mu se mommfa mo ho mmmɔ nguamanfo ho koraa, 10anaa wiase yi nguamanfo anaa aniberefo anaa akorɔmfo anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne eyinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wufi wiase koraa. 11Nea mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho se onua nanso ɔbɔ aguaman anaa ɔyɛ oniberefo anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfo. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.

12Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mibu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mubu wɔn atɛn? 13Onyankopɔn na obebu wɔn a wonni asafo no mu atɛn, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mompam onipa bɔne no mfi mo mu.”

King James Version

1 Corinthians 5:1-13

1It is reported commonly that there is fornication among you, and such fornication as is not so much as named among the Gentiles, that one should have his father’s wife. 2And ye are puffed up, and have not rather mourned, that he that hath done this deed might be taken away from among you. 3For I verily, as absent in body, but present in spirit, have judged already, as though I were present, concerning him that hath so done this deed, 4In the name of our Lord Jesus Christ, when ye are gathered together, and my spirit, with the power of our Lord Jesus Christ, 5To deliver such an one unto Satan for the destruction of the flesh, that the spirit may be saved in the day of the Lord Jesus. 6Your glorying is not good. Know ye not that a little leaven leaveneth the whole lump? 7Purge out therefore the old leaven, that ye may be a new lump, as ye are unleavened. For even Christ our passover is sacrificed for us: 8Therefore let us keep the feast, not with old leaven, neither with the leaven of malice and wickedness; but with the unleavened bread of sincerity and truth. 9I wrote unto you in an epistle not to company with fornicators: 10Yet not altogether with the fornicators of this world, or with the covetous, or extortioners, or with idolaters; for then must ye needs go out of the world. 11But now I have written unto you not to keep company, if any man that is called a brother be a fornicator, or covetous, or an idolater, or a railer, or a drunkard, or an extortioner; with such an one no not to eat. 12For what have I to do to judge them also that are without? do not ye judge them that are within? 13But them that are without God judgeth. Therefore put away from among yourselves that wicked person.