1 Korintofo 3 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 3:1-23

Onyankopɔn Asomfo

1Nokware, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ wiasefo a wɔte sɛ mmofra a wɔwɔ Kristo mu gyidi. 2Memaa mo nufusu. Mamma mo aduan a ɛyɛ den, efisɛ na enye mma mo. Na mprempren ara mpo enye mma mo, 3efisɛ moda so te hɔ sɛ wiasefo. Sɛ anibere wɔ mo mu na mutwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, so ɛnna no adi sɛ moyɛ wiasefo a mote hɔ ma wiase? 4Sɛ obi ka se, “Me de, midi Paulo akyi” na ɔfoforo nso ka se, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ wiasefo ana?

5Mibisa se Apolo yɛ hena? Na Paulo nso yɛ hena? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfo kwa a ɛnam yɛn so na munya gyidi. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ. 6Miduaa aba no na Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifide no nyinii. 7Obi a oduae ne obi a oguguu so nsu no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, efisɛ ɔno na ɔmaa afifide no nyinii. 8Nsonoe biara nni onipa a odua ne nea ogugu so nsu no ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara dii so na wama wɔn so ade. 9Yɛn de, yɛyɛ aboafo a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuw. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.

10Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so yɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem na onipa foforo nso resi atoa so. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɔkwan pa so si. 11Efisɛ Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɔdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforo biara bio. 12Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden abo na ebesi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforo nso de nnua anaa sare anaa baamu. 13Obiara dwuma a odii no bɛda adi da no; da no gya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahu dwuma ko no ye a eye. 14Sɛ nea onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ebenya akatua. 15Na sɛ obi adwuma hyew wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno de, obenya nkwa sɛ obi a waguan afi gyaframa mu.

16Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu ana? 17Enti obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Efisɛ Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.

18Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ wiase yi mu onyansafo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafo. 19Efisɛ nea wiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anitew mu.” 20Bio, Kyerɛwsɛm no ka se, “Awurade nim onipa nsusuwii. Onim sɛ enkosi hwee.” 21Enti ɛnsɛ sɛ obiara de nea onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea. 22Paulo, Apolo ne Petro, saa wiase yi, nkwa ne owu, nnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea, 23na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.

King James Version

1 Corinthians 3:1-23

1And I, brethren, could not speak unto you as unto spiritual, but as unto carnal, even as unto babes in Christ. 2I have fed you with milk, and not with meat: for hitherto ye were not able to bear it, neither yet now are ye able.

3For ye are yet carnal: for whereas there is among you envying, and strife, and divisions, are ye not carnal, and walk as men? 4For while one saith, I am of Paul; and another, I am of Apollos; are ye not carnal? 5Who then is Paul, and who is Apollos, but ministers by whom ye believed, even as the Lord gave to every man? 6I have planted, Apollos watered; but God gave the increase. 7So then neither is he that planteth any thing, neither he that watereth; but God that giveth the increase. 8Now he that planteth and he that watereth are one: and every man shall receive his own reward according to his own labour. 9For we are labourers together with God: ye are God’s husbandry, ye are God’s building. 10According to the grace of God which is given unto me, as a wise masterbuilder, I have laid the foundation, and another buildeth thereon. But let every man take heed how he buildeth thereupon. 11For other foundation can no man lay than that is laid, which is Jesus Christ. 12Now if any man build upon this foundation gold, silver, precious stones, wood, hay, stubble; 13Every man’s work shall be made manifest: for the day shall declare it, because it shall be revealed by fire; and the fire shall try every man’s work of what sort it is. 14If any man’s work abide which he hath built thereupon, he shall receive a reward. 15If any man’s work shall be burned, he shall suffer loss: but he himself shall be saved; yet so as by fire. 16Know ye not that ye are the temple of God, and that the Spirit of God dwelleth in you? 17If any man defile the temple of God, him shall God destroy; for the temple of God is holy, which temple ye are.

18Let no man deceive himself. If any man among you seemeth to be wise in this world, let him become a fool, that he may be wise. 19For the wisdom of this world is foolishness with God. For it is written, He taketh the wise in their own craftiness. 20And again, The Lord knoweth the thoughts of the wise, that they are vain. 21Therefore let no man glory in men. For all things are yours; 22Whether Paul, or Apollos, or Cephas, or the world, or life, or death, or things present, or things to come; all are yours; 23And ye are Christ’s; and Christ is God’s.