1 Korintofo 12 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 12:1-31

Honhom Kronkron No Akyɛde

1Me nuanom, mempɛ sɛ morenhu nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron akyɛde no ho no. 2Munim sɛ bere a na moyɛ abosonsomfo no, moyeraa kwan kɔɔ ahoni a awuwu no nkyɛn. 3Nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka se “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu.

4Akyɛde no gu ahorow nanso Honhom koro no ara na ɛkyekyɛ. 5Akwan ahorow bebree wɔ hɔ a wɔfa so som nanso Awurade koro no ara na wɔsom no. 6Tumi ahorow bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn koro no ara na ɔma obiara tumi ma ɔde som.

7Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi wɔ akwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa. 8Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahu. 9Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidi na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa. 10Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwonwade; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforo nso ɔma no tumi ma ɔkyerɛ nsonoe a ɛda akyɛde a efi Honhom Kronkron no ne nea emfi Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforo na ɔma ɔfoforo nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforo no ase. 11Ɛyɛ Honhom Kronkron koro no ara na ɔyɛ eyinom nyinaa; akyɛde ahorow a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.

Nipadua Koro

12Kristo te sɛ onipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwɔ mu sɛ ɛwɔ akwaa bebree de, nanso ɛyɛ nipadua koro no ara. 13Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom. 14Onipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.

15Sɛ nan ka se, “Esiane sɛ menyɛ nsa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi. 16Na sɛ aso ka se, “Esiane sɛ menyɛ aniwa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi. 17Na sɛ nipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua ade? 18Sɛnea Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara sii. 19Sɛ nipadua no nyinaa yɛ akwaa koro a, anka nipadua no bɛyɛ dɛn? 20Sɛnea ɛte no, akwaa gu ahorow, nanso nipadua no yɛ baako pɛ.

21Eyi nti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa se, “Wo ho nhia me!” Saa ara na eti rentumi nka nkyerɛ nan se, “Wo ho nhia me!” 22Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛw no nka ho mma ɛnyɛ yiye. 23Akwaa a yesusuw sɛ enni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yiye, na nea ɛnyɛ fɛ wɔ nipadua ho no nso yɛhwɛ no yiye pa ara. 24Na akwaa a edi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɔkwan bi so akeka nipadua no asisi anim de ahyɛ akwaa a wommu no no anuonyam. 25Enti nkyekyɛmu biara nni nipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bɔ mu. 26Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigye ka akwaa a aka no nyinaa.

27Enti mo nyinaa moyɛ Kristo nipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa. 28Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Nea edi kan, asomafo; nea ɛto so abien, adiyifo; nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo; afei wɔn a wɔyɛ anwonwade na wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yare anaa wɔboa afoforo anaa wɔkyerɛ wɔn kwan anaa wɔka kasa foforo. 29Wɔn nyinaa nyɛ asomafo anaa adiyifo anaa akyerɛkyerɛfo. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwonwade 30anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforo anaa wɔkyerɛ nea wɔka no ase. 31Monhwehwɛ akyɛde a ɛbɛboa mo yiye akyi kwan.

Ɔdɔ

Mɛkyerɛ mo ɔkwan foforo a eye pa ara.

King James Version

1 Corinthians 12:1-31

1Now concerning spiritual gifts, brethren, I would not have you ignorant. 2Ye know that ye were Gentiles, carried away unto these dumb idols, even as ye were led. 3Wherefore I give you to understand, that no man speaking by the Spirit of God calleth Jesus accursed: and that no man can say that Jesus is the Lord, but by the Holy Ghost. 4Now there are diversities of gifts, but the same Spirit. 5And there are differences of administrations, but the same Lord. 6And there are diversities of operations, but it is the same God which worketh all in all. 7But the manifestation of the Spirit is given to every man to profit withal. 8For to one is given by the Spirit the word of wisdom; to another the word of knowledge by the same Spirit; 9To another faith by the same Spirit; to another the gifts of healing by the same Spirit; 10To another the working of miracles; to another prophecy; to another discerning of spirits; to another divers kinds of tongues; to another the interpretation of tongues: 11But all these worketh that one and the selfsame Spirit, dividing to every man severally as he will. 12For as the body is one, and hath many members, and all the members of that one body, being many, are one body: so also is Christ. 13For by one Spirit are we all baptized into one body, whether we be Jews or Gentiles, whether we be bond or free; and have been all made to drink into one Spirit. 14For the body is not one member, but many. 15If the foot shall say, Because I am not the hand, I am not of the body; is it therefore not of the body? 16And if the ear shall say, Because I am not the eye, I am not of the body; is it therefore not of the body? 17If the whole body were an eye, where were the hearing? If the whole were hearing, where were the smelling? 18But now hath God set the members every one of them in the body, as it hath pleased him. 19And if they were all one member, where were the body? 20But now are they many members, yet but one body. 21And the eye cannot say unto the hand, I have no need of thee: nor again the head to the feet, I have no need of you. 22Nay, much more those members of the body, which seem to be more feeble, are necessary: 23And those members of the body, which we think to be less honourable, upon these we bestow more abundant honour; and our uncomely parts have more abundant comeliness. 24For our comely parts have no need: but God hath tempered the body together, having given more abundant honour to that part which lacked: 25That there should be no schism in the body; but that the members should have the same care one for another. 26And whether one member suffer, all the members suffer with it; or one member be honoured, all the members rejoice with it. 27Now ye are the body of Christ, and members in particular. 28And God hath set some in the church, first apostles, secondarily prophets, thirdly teachers, after that miracles, then gifts of healings, helps, governments, diversities of tongues. 29Are all apostles? are all prophets? are all teachers? are all workers of miracles? 30Have all the gifts of healing? do all speak with tongues? do all interpret? 31But covet earnestly the best gifts: and yet shew I unto you a more excellent way.