1Kae wo Bɔfo
wɔ wo mmerantebere mu,
ansa na nnabɔne no aba
na mfe a wobɛka se,
“Minni mu anigye biara” no reba,
2ansa na owia ne hann,
ɔsram ne nsoromma aduru sum,
na omununkum asan aba osutɔ akyi.
3Bere a ofi no awɛmfo ho popo,
na mmarima ahoɔdenfo akom,
bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti
na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;
4bere a wɔatoto abɔnten no apon mu
na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase;
bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan,
nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;
5bere a nnipa suro sorokɔ
ne mmɔnten so amanenyasɛm;
bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwiren
na tɛwtɛw twe ne ho kɔ no
na nkatede ho adwudwo.
Afei onipa kɔ ne daa home mu
na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.
6Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew,
anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ;
ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho,
anaasɛ asubura so nkyimii abubu,
7na dɔte san kɔ asase a efi mu bae,
na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.
8“Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose.
“Biribiara yɛ ahuhude!”
Asɛm No Awiei
9Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree. 10Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.
11Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn. 12Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima.
Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw.
13Afei ne nyinaa atɔ asom;
nsɛm no awiei ni:
Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so,
na onipa asɛde nyinaa ni.
14Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn,
nea wɔayɛ asie nso ka ho,
sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.
آفرينندهٔ خود را در روزهای جوانيت به ياد آور، قبل از اينكه روزهای سخت زندگی فرا رسد روزهايی كه ديگر نتوانی از آنها لذت ببری. 1-2آفرينندهٔ خود را به ياد آور قبل از اينكه ابرهای تيره آسمان زندگی تو را فرا گيرند، و ديگر خورشيد و ماه و ستارگان در آن ندرخشند؛ 3دستهای تو كه از تو محافظت میكنند، بلرزند و پاهای قوی تو ضعيف گردند؛ دندانهايت كم شوند و ديگر نتوانند غذا را بجوند و چشمانت كم سو گردند و نتوانند چيزی را ببينند؛ 4گوشهايت سنگين شوند و نتوانند سر و صدای كوچه و صدای آسياب و نغمهٔ موسيقی و آواز پرندگان را بشنوند؛ 5به سختی راه روی و از هر بلندی بترسی؛ موهايت سفيد شوند، قوت تو از بين برود و اشتهايت كور شود؛ به خانهٔ جاودانی بروی و مردم در كوچهها برای تو سوگواری كنند.
6بلی، آفرينندهٔ خويش را به ياد آور، قبل از آنكه رشتهٔ نقرهای عمرت پاره شود و جام طلا بشكند، كوزه كنار چشمه خرد شود و چرخ بر سر چاه آب متلاشی گردد، 7بدن به خاک زمين كه از آن سرشته شده برگردد و روح به سوی خداوند كه آن را عطا كرده، پرواز كند.
8«حكيم»12:8 نگاه کنيد به 1:1. میگويد: «بيهودگی است! بيهودگی است! همه چيز بيهودگی است!»
خاتمه
9«حكيم» آنچه را كه میدانست به مردم تعليم میداد، زيرا مرد دانايی بود. او پس از تفكر و تحقيق، مثلهای بسياری تأليف كرد. 10«حكيم» كوشش كرد با سخنان دلنشين، حقايق را صادقانه بيان كند.
11سخنان مردان حكيم مانند چوبهای تيزی هستند كه شبانان با آنها گوسفندان را هدايت میكنند و مثل ميخهايی هستند كه محكم به زمين كوبيده شده باشند. اين سخنان جماعت را هدايت میكنند، زيرا همهٔ آنها توسط يک شبان يعنی خداوند داده میشوند. 12ولی پسرم، از همهٔ اينها گذشته، بدان كه نوشتن كتابها تمامی ندارد و مطالعهٔ آنها بدن را خسته میكند.
13در خاتمه، حاصل كلام را بشنويم: انسان بايد از خداوند بترسد و احكام او را نگاه دارد، زيرا تمام وظيفهٔ او همين است. 14خدا هر عمل خوب يا بد ما را، حتی اگر در خفا نيز انجام شود، داوری خواهد كرد.