Nnwom 73:15-28 ASCB

Nnwom 73:15-28

Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a,

anka medii wo mma no hwammɔ.

Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte yeinom nyinaa ase,

nanso na ɛhyɛ me so

kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ;

ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase.

Ampa ara wode wɔn gu baabi a ɛhɔ yɛ toro.

Wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.

Sɛdeɛ wɔsɛe prɛko pɛ,

na ehu hwim wɔn kɔ no,

ɛte sɛ daeɛso, ɛberɛ a onipa anyaneɛ,

Ao Awurade, sɛ wokanyane wo ho a,

wobɛbu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a ɛnni hɔ.

Ɛberɛ a awerɛhoɔ hyɛɛ mʼakoma mu

na me sunsum dii yea no,

meyɛɛ sɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene;

meyɛɛ sɛ aboa gyimifoɔ wɔ wʼanim.

Nanso, na mene wowɔ hɔ ɛberɛ biara;

na wode wo nsa nifa asɔ me mu.

Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan;

na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu.

Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho?

Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.

Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ,

nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden

ne me kyɛfa daa nyinaa.

Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera.

Wosɛe wɔn a wɔnni wo nokorɛ nyinaa.

Nanso, me deɛ, menim sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn.

Mede Otumfoɔ Awurade ayɛ me hintabea;

mɛka wo nneyɛɛ nyinaa akyerɛ.

Read More of Nnwom 73