Nnwom 73 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 73:1-28

NWOMA A ƐTƆ SO MMIƐNSA

Nnwom 73–89

Dwom 73

Asaf dwom.

1Ampa ara Onyankopɔn yɛ ma Israel,

ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.

2Nanso me deɛ, anka me nan reyɛ awatiri;

anka merehwere me nnyinasoɔ,

3ɛfiri sɛ, mʼani beree ahantanfoɔ

ɛberɛ a mehunuu amumuyɛfoɔ yiedie no.

4Wɔnhunuu ahokyere da;

na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden.

5Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so;

ɔdasani haw biara nna wɔn so.

6Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ,

na wɔde akakabensɛm afira.

7Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie;

na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka.

8Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ;

wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu.

9Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm,

na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.

10Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn

na wonya nsuo bebree nom.

11Wɔbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahunu?

Na Ɔsorosoroni no wɔ nhunumu anaa?”

12Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ,

hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyadeɛ.

13Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu;

me nsa a ɛnni fɔ no ayɛ kwa.

14Ɛda mu nyinaa mehunu amane;

anɔpa biara wɔtwe mʼaso.

15Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a,

anka medii wo mma no hwammɔ.

16Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte yeinom nyinaa ase,

nanso na ɛhyɛ me so

17kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ;

ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase.

18Ampa ara wode wɔn gu baabi a ɛhɔ yɛ toro.

Wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.

19Sɛdeɛ wɔsɛe prɛko pɛ,

na ehu hwim wɔn kɔ no,

20ɛte sɛ daeɛso, ɛberɛ a onipa anyaneɛ,

Ao Awurade, sɛ wokanyane wo ho a,

wobɛbu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a ɛnni hɔ.

21Ɛberɛ a awerɛhoɔ hyɛɛ mʼakoma mu

na me sunsum dii yea no,

22meyɛɛ sɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene;

meyɛɛ sɛ aboa gyimifoɔ wɔ wʼanim.

23Nanso, na mene wowɔ hɔ ɛberɛ biara;

na wode wo nsa nifa asɔ me mu.

24Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan;

na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu.

25Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho?

Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.

26Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ,

nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden

ne me kyɛfa daa nyinaa.

27Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera.

Wosɛe wɔn a wɔnni wo nokorɛ nyinaa.

28Nanso, me deɛ, menim sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn.

Mede Otumfoɔ Awurade ayɛ me hintabea;

mɛka wo nneyɛɛ nyinaa akyerɛ.