Nnwom 140:6-13 ASCB

Nnwom 140:6-13

Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.”

Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.

Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a

wobɔ me tiri ban ɔko da,

nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade;

mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.

Wɔatwa me ho ahyia,

nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.

Ma nnyasrama ngu wɔn so;

ma wɔnto wɔn ngu ogya mu,

ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio.

Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so;

ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ.

Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee

na ɔka onnibie asɛm ma no.

Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din

na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

Read More of Nnwom 140