Nnwom 140 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 140:1-13

Dwom 140

Dawid dwom.

1Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam;

bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam,

2wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu

na wɔhwanyane ɔko mu da biara.

3Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ;

ananka borɔ wɔ wɔn ano.

4Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam;

bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a

wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu.

5Ahantanfoɔ asum me afidie;

wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu,

wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so.

6Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.”

Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.

7Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a

wobɔ me tiri ban ɔko da,

8nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade;

mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.

9Wɔatwa me ho ahyia,

nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.

10Ma nnyasrama ngu wɔn so;

ma wɔnto wɔn ngu ogya mu,

ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio.

11Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so;

ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ.

12Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee

na ɔka onnibie asɛm ma no.

13Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din

na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.