Nnwom 128:1-6 ASCB

Nnwom 128:1-6

Dwom 128

Ɔsorokorɔ dwom.

Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,

na wɔnante nʼakwan so.

Wobɛdi wʼadwuma so aba;

nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.

Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba

wɔ wo fie;

na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri

atwa wo ɛpono ho ahyia.

Yei ne onipa a wɔahyira noɔ,

deɛ ɔsuro Awurade no.

Awurade nhyira wo mfiri Sion

wo nkwa nna nyinaa;

na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,

na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma.

Asomdwoeɛ nka Israel.

Read More of Nnwom 128